Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFÃ A ƐTO SO MMIENU

‘Me Kronkronbea Na Woagu Ho Fĩ’—Woguu Nokware Som Ho Fĩ

‘Me Kronkronbea Na Woagu Ho Fĩ’—Woguu Nokware Som Ho Fĩ

HESEKIEL 5:11

NEA ƐWOM: Yudafo ne Yerusalemfo guu wɔn som ho fĩ, na wɔn abrabɔ nso sɛee

Ná Yehowa dɔ Israelfo no, na ɔhwɛɛ wɔn so te sɛ ’agyapade a ɛda ne koma so.’ (Ex. 19:5, ase hɔ asɛm) Nanso nea Israelfo yɛ de tuaa Yehowa ka ne sɛ, wɔsom abosom wɔ Yehowa ankasa asɔrefi! Wɔmaa Yehowa dii awerɛhow na woguu ne din ho fĩ. Ɛyɛɛ dɛn na Israelfo no sɛee wɔn ho saa? Dɛn na yebetumi asua afi Hesekiel nkɔmhyɛ a ɛfa Yerusalem sɛe ho no mu? Na sɛnea Israelfo ne aman a atwa wɔn ho ahyia no dii no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

IN THIS SECTION

TI 5

“Kɔhwɛ Akyiwade Paa a Wɔreyɛ”

Hesekiel huu nneɛma nnan a ɛyɛ ahodwiriw a ɛkyerɛ sɛnea na nokware som asɛe koraa wɔ ɔman no mu.

TI 6

“W’awiei Adu”

Hesekiel nkɔmhyɛ ho ɔyɛkyerɛ no kaa sɛnea Yehowa bɛda n’abufuw adi atia Yerusalem no ho asɛm.

TI 7

Amanaman No ‘Behu Sɛ Mene Yehowa’

Aman a wɔsɛee Yehowa din na wɔtaa Israelfo no anaa wɔmaa Israelfo no guu wɔn ho fĩ no, na wɔremfa wɔn ho nni. Nea ɛkɔɔ so wɔ saa aman yi ne Israelfo ntam no, dɛn na yebetumi asua afi mu?