Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 5

“Kɔhwɛ Akyiwade Paa a Wɔreyɛ”

“Kɔhwɛ Akyiwade Paa a Wɔreyɛ”

HESEKIEL 8:9

NEA ƐWOM: Yudafo awaefo guu wɔn som ho fĩ, na wɔn bra nso sɛee

1-3. Dɛn na na Yehowa pɛ sɛ Hesekiel hu wɔ Yerusalem asɔrefi hɔ, na adɛn ntia? (Hwɛ nnianim nsɛm ne mfoni a ɛwɔ Ɔfã 2 no.)

 NÁ ODIYIFO Hesekiel yɛ ɔsɔfo ba, enti na onim Mose Mmara no yiye. Wei nti, na onim Yerusalem asɔrefi hɔ paa, na na onim ɔkwan a na ɛsɛ sɛ wɔfa so som Yehowa nokwarem wɔ hɔ nso. (Hes. 1:3; Mal. 2:7) Nanso saa bere yi, kyerɛ sɛ, afe 612 A.Y.B. mu no, nea na ɛrekɔ so wɔ Yehowa asɔrefi hɔ no, sɛ na Yudani biara a odi nokware hu a, na ne ho bedwiriw no paa. Enti sɛ Hesekiel nso hu a, na ne ho bedwiriw no.

2 Ná Yehowa pɛ sɛ Hesekiel hu nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so wɔ asɔrefi hɔ na ɔkɔka ho asɛm kyerɛ “Yuda mpanyimfo” no. Ná wɔne Hesekiel nyinaa akodi Babilon, na na wɔahyiam wɔ Hesekiel fi saa bere no. (Kenkan Hesekiel 8:1-4; Hes. 11:24, 25; 20:1-3) Ná Hesekiel fi wɔ Tel-Abib a ɛbɛn Asubɔnten Kebar no wɔ Babilon. Yehowa nam honhom kronkron so maa Hesekiel so (wɔ anisoadehu mu) fii hɔ de no twaa akwansin ɔhaha pii kɔɔ Yerusalem wɔ atɔe fam. Yehowa de odiyifo yi kopuee asɔrefi hɔ, na ɔde no kosii ɔponkɛse a ɛhwɛ atifi fam, nea ɛkɔ adiwo a ɛwɔ mfinimfini no ano no. Ɛhɔ na Yehowa fii ase de Hesekiel kyinkyin asɔrefi hɔ wɔ anisoadehu mu ma ɔhwɛɛ nea na ɛrekɔ so.

3 Afei Hesekiel huu nneɛma nnan bi a na ɛyɛ ahodwiriw paa a ɛkyerɛ sɛ, na wɔagu nokware som ho fĩ koraa wɔ ɔman no mu. Ɛyɛɛ dɛn na nokware som a wɔde ma Yehowa no ho guu fĩ saa? Dɛn na yebetumi asua afi saa anisoadehu yi mu nnɛ? Momma yɛnka Hesekiel ho ne no nkyinkyin asɔrefi hɔ. Nanso nea edi kan no, momma yɛnhwɛ nea Yehowa hwehwɛ fi n’asomfo hɔ.

“Meyɛ Onyankopɔn a Mempɛ Sɛ Wɔsom Obiara Ka Me Ho”

4. Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi n’asomfo hɔ?

4 Bɛyɛ mfe 900 ansa na wɔrewo Hesekiel no, Yehowa kaa nea ɔhwehwɛ fi n’asomfo hɔ ho asɛm pefee. Mmara Nsɛm Du no mu nea ɛto so mmienu no mu no, ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: a “Me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ wɔsom obiara ka me ho.” (Ex. 20:5) Yehowa de asɛm “mempɛ sɛ wɔsom obiara ka me ho” dii dwuma de kyerɛe sɛ ɔmpene so sɛ obi bɛsom anyame foforo aka ne ho. Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 2 no, ahwehwɛde a edi kan wɔ nokware som ho ne sɛ, Yehowa na ɔfata sɛ yɛde ɔsom kronn ma no. Ɛsɛ sɛ n’asomfo nyinaa de no di kan wɔ wɔn asetena mu. (Ex. 20:3) Asɛm no ara ne sɛ, Yehowa mpɛ sɛ n’asomfo de atoro som frafra nokware som de gu wɔn ho fĩ. Afe 1513 A.Y.B. mu no, Israelfo no fi wɔn pɛ mu de wɔn ho hyɛɛ Mmara apam no ase. Nea wɔyɛe no, na ɛkyerɛ sɛ wɔapene so sɛ wɔbɛsom Yehowa nkutoo. (Ex. 24:3-8) Yehowa di apam biara a ɔyɛ so, na saa ara na na ɔhwɛ kwan sɛ Israelfo no bedi apam a wɔne no yɛe no so.—Deut. 7:9, 10; 2 Sam. 22:26.

5, 6. Adɛn nti na na ɛfata sɛ Israelfo no som Yehowa nkutoo?

5 Yemmisa sɛ, na ntease wom sɛ Yehowa hwehwɛ sɛ Israelfo no bɛsom ɔno nkutoo? Yiw, na ntease wom! Efisɛ ɔno ne ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn, Amansan Hene, Nkwamafo ne Nea Ɔkora nkwa so. (Dw. 36:9; Aso. 17:28) Afei nso, na Yehowa yɛ Israelfo no Gyefo. Bere a Yehowa de Mmara Nsɛm Du no rema ne nkurɔfo no, ɔkaee wɔn sɛ: “Mene Yehowa wo Nyankopɔn a oyii wo fii nkoafi wɔ Egypt asaase so.” (Ex. 20:2) Ɛda adi pefee sɛ, na ɛfata paa sɛ Israelfo no yi wɔn yam som Yehowa nkutoo.

6 Yehowa de, ɔnsakra. (Mal. 3:6) Sɛnea tete no, na ɔhwɛ kwan sɛ n’asomfo bɛsom ɔno nkutoo no, saa ara na ɔhwɛ kwan sɛ yɛyɛ nnɛ. Enti wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yehowa tee nka wɔ nneɛma nnan a ɛyɛ ahodwiriw a ɔde kyerɛɛ Hesekiel wɔ anisoadehu mu no ho.

Nea Edi Kan: Ninkuntwe Bosom No

7. (a) Dɛn na na Yudafo awaefo no reyɛ wɔ asɔrefi no atifi fam pon no ano, na dɛn na ɛmaa Yehowa yɛe? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.) (b) Sɛnea Yehowa twee ninkunu no, dɛn na yebetumi de atoto ho? (Hwɛ ase hɔ asɛm 2.)

7 Kenkan Hesekiel 8:5, 6. Ɛbɛyɛ sɛ nea Hesekiel hui no maa ne ho dwiriw no paa! Ná Yudafo awaefo no resom bosom anaa ohoni bi wɔ asɔrefi no atifi fam pon no ano. Ebetumi aba sɛ na ɛyɛ ɔbosom dua a egyina hɔ ma Kanaanfo nyamebea Aser. Ná Kanaanfo bu Aser sɛ Baal yere. Sɛnea na ɛte biara no, saa Israelfo abosonsomfo no anni apam a na wɔne Yehowa ayɛ no so. Ɔsom a ɛfata Yehowa nkutoo a wɔde maa ohoni no nti, wɔmaa Onyankopɔn twee ninkunu; enti sɛ ne bo fuwii a, na edi sa. b (Deut. 32:16; Hes. 5:13) Wo de susuw ho hwɛ: Bɛboro mfe 400 a na atwam no, na wobu asɔrefi no kronkronbea no sɛ Yehowa tenabea. (1 Ahe. 8:10-13) Nanso, abosonsom a na wɔde aba asɔrefi hɔ nti, na wɔama Yehowa ‘atwe ne ho afi ne kronkronbea ho kɔ akyirikyiri.’

8. Hesekiel anisoadehu a ɛfa ninkuntwe bosom no ho no, dɛn na yebetumi asua afi mu nnɛ?

8 Hesekiel anisoadehu a ɛfa ninkuntwe bosom no ho no, dɛn na yebetumi asua afi mu nnɛ? Nea Yudafo awaefo no yɛe no de yɛn adwene kɔ Kristoman so. Kristoman asɔre ahorow no kyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso Onyankopɔn nnye wɔn som ntom efisɛ wɔsom ahoni. Esiane sɛ Yehowa nsakra nti, yebetumi aka paa sɛ, sɛnea Yudafo awaefo no hyɛɛ no abufuw no, saa ara na Kristoman nso ahyɛ no abufuw. (Yak. 1:17) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa ne Kristoman nni hwee yɛ!

9, 10. Nea na abosonsomfo no reyɛ wɔ asɔrefi hɔ no, kɔkɔbɔ bɛn na ɛwom ma yɛn?

9 Nea na saa abosonsomfo no reyɛ wɔ asɔrefi hɔ no, kɔkɔbɔ bɛn na ɛwom ma yɛn? Ɛne sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛde ɔsom a edi mũ ma Yehowa a, ɛsɛ sɛ ‘yeguan fi abosonsom ho.’ (1 Kor. 10:14) Ebia yɛbɛka sɛ, ‘Me de, meremfa abosom anaa ahoni biara so nsom Yehowa da!’ Nanso abosonsom gu ahorow; nneɛma bi wɔ hɔ a ɛyɛ den sɛ yebehu sɛ ɛyɛ abosonsom. Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka sɛ: “Sɛ yɛma biribi a ɛsom bo ma yɛn, biribi a yebu no sɛ mfaso wɔ so, anaa tumi bi a yɛwɔ ho hia yɛn sen Onyankopɔn som a, ɛnde na yɛresom abosom ara ne sa.” Enti ahonyade oo, sika oo, ɔbarima ne ɔbea nna oo, anigyede oo, biribiara a yɛbɛma ɛho ahia yɛn wɔ asetenam asen Yehowa som no, ɛyɛ abosonsom. (Mat. 6:19-21, 24; Efe. 5:5; Kol. 3:5) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ abosonsom biara ho, efisɛ Yehowa nkutoo na ɔfata sɛ yɛde yɛn koma ma no na yɛsom no!—1 Yoh. 5:21.

10 Ade a edi kan a Yehowa de kyerɛɛ Hesekiel wɔ anisoadehu mu no, nneɛma a na ɛrekɔ so wom no yɛ “akyiwade akɛse.” Nanso Yehowa ka kyerɛɛ ne diyifo no sɛ: “Wubehu akyiwade a ɛkyɛn eyi koraa.” Ɛnde, akyiwade bɛn na na ɛkyɛn ninkuntwe bosom a na wɔresom no wɔ asɔrefi hɔ no?

Nea Ɛto So Mmienu: Ná Mpanyimfo 70 Rehyew Aduhuam Ama Abosom

11. Bere a Hesekiel wuraa adiwo a ɛwɔ mfinimfini a ɛwɔ baabi a afɔremuka no si no, nneɛma a ɛhaw adwene bɛn na ohui?

11 Kenkan Hesekiel 8:7-12. Hesekiel tuu tokuru wɔ ɔfasu bi mu, na owuraa adiwo a ɛwɔ mfinimfini no mu, baabi a afɔremuka no si no. Owuraa hɔ no, ohuu “mmoa a wɔwea ne mmoa a wɔn ho yɛ nwini nyinaa bi ne Israel fi abosom fĩ nyinaa mfoni” a ɛyɛ abofono wɔ ɔfasu ho. c Saa mfoni ahorow a Hesekiel hui wɔ ɔfasu no ho no, na egyina hɔ ma abosom ahorow. Afei, Hesekiel huu biribi a na ɛhaw adwene koraa sen ɛno. Ohuu “Israel fi mpanyimfo 70” sɛ wogyinagyina “sum mu” rehyew aduhuam ama abosom no. Mose Mmara no mu no, na aduhuam a wɔhyew gyina hɔ ma Onyankopɔn asomfo anokwafo mpaebɔ a Yehowa gye tom. (Dw. 141:2) Nanso, aduhuam a saa mpanyimfo 70 no hyew maa abosom no, na ɛbɔn Yehowa koraa. Ná wɔn mpaebɔ yɛ akyiwade ma no. (Mmeb. 15:8) Saa mpanyimfo no daadaa wɔn ho kaa no wɔn tirim sɛ: “Yehowa nhu yɛn.” Nanso na Yehowa ahu wɔn, na ɔmaa Hesekiel huu nea na wɔreyɛ wɔ N’asɔrefi hɔ nyinaa!

Akyiwade biara a obi yɛ wɔ “sum mu” no, Yehowa hu (Hwɛ nkyekyɛm 11)

12. Adɛn nti na sɛ yɛwɔ “sum mu” mpo a, ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn nokware, na henanom paa na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wei ho nhwɛso pa?

12 Asɛm a Hesekiel ka faa Israel mpanyimfo 70 a na wɔrehyew aduhuam ama abosom ho no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Sɛ Onyankopɔn betie yɛn mpaebɔ, na yɛn som ho atew wɔ n’ani so a, ɛsɛ sɛ yedi no nokware bere a yɛwɔ “sum mu” mpo. (Mmeb. 15:29) Bere nyinaa ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, Yehowa ani tua biribiara a yɛyɛ. Sɛ yebu Yehowa sɛ ɔyɛ obi a ɔwɔ hɔ paa a, ɛnde sɛ ɛka yɛn nko ara wɔ baabi mpo a, yɛrenyɛ biribi a yenim sɛ n’ani nnye ho. (Heb. 4:13) Sɛ yɛreka Bible nnyinasosɛm a ɛsɛ sɛ yɛde bɔ yɛn bra a, asafo mu mpanyimfo paa na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho nhwɛso pa. (1 Pet. 5:2, 3) Asafo no mufo hwɛ kwan sɛ asafo mu panyin a odi wɔn anim wɔ Kristofo nhyiam ase no de Bible nnyinasosɛm bɛyɛ adwuma bere mpo a ɔwɔ “sum mu,” kyerɛ sɛ, bere a afoforo nhu no.—Dw. 101:2, 3.

Nea Ɛto So Mmiɛnsa: “Mmea Bi . . . Resu Onyame Tamus”

13. Dɛn na Hesekiel hui sɛ mmea awaefo bi reyɛ wɔ asɔrefi no pon baako ano?

13 Kenkan Hesekiel 8:13, 14. Bere a Yehowa de akyiwade mmienu a edi kan no kyerɛɛ Hesekiel wiei no, Yehowa san ka kyerɛɛ no sɛ: “Wubehu akyiwade akɛse a ɛkyɛn eyi koraa a wɔreyɛ.” Dɛn bio na odiyifo no hui? “Yehowa fi pon a ɛhwɛ atifi fam no ano” no, ohui sɛ “mmea bi tete hɔ resu onyame Tamus.” Tamus yɛ onyame bi a na wɔsom no wɔ Mesopotamia, na na wɔsan frɛ no Dumuzi wɔ Sumeriafo kasa mu. Wɔka sɛ na Tamus yɛ abawo nyamebea Ishtar kunu. d Sɛnea na Israelfo mmea no resu Tamus no ma yehu sɛ na wɔreyɛ amanne bi a nkurɔfo yɛ bere a Tamus awu. Sɛnea mmea no suu Tamus wɔ Yehowa asɔrefi hɔ no kyerɛ sɛ, na wɔreyɛ abosonsomfo amanne wɔ baabi titiriw a na wɔsom Yehowa. Nanso sɛ obi yɛ abosonsom amanne wɔ Onyankopɔn asɔrefi a, ɛnyɛ ɛno na ɛbɛma asɔ Yehowa ani. Asɛm no ne sɛ, Yehowa ani so no, “akyiwade akɛse” na na saa mmea awaefo no reyɛ!

14. Sɛnea Yehowa bu nea na mmea awaefo no reyɛ no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

14 Sɛnea Yehowa bu nea na saa mmea no reyɛ no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Sɛ yɛn som ho bɛtew a, ɛnsɛ sɛ yɛde abosonsom amanne biara frafra mu. Enti afahyɛ ahorow a efi abosonsom mu no, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ mu wɔ ɔkwan biara so. Baabi a saa afahyɛ ahorow no fi no, ɛho hia sɛ yesusuw ho anaa? Yiw! Ɛnnɛ sɛ edu afahyɛ te sɛ Buronya ne Easter a, nneɛma a nkurɔfo yɛ no, wohwɛ a wobɛka sɛ asɛm biara nni ho. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi sɛ, abosonsom amanne a na ɛwɔ hɔ tete a ɛnnɛ abɛyɛ afahyɛ atitiriw a nnipa dodow no ara gye tom no, Yehowa nim sɛnea ne nyinaa fii ase. Yehowa ani so de, sɛ abosonsom amanne bi tena hɔ kyɛ a, ɛno nkyerɛ sɛ afei de ɛho tew. Saa ara na sɛ nkurɔfo de abosonsom amanne fra nokware som a, ɛno nso remma ɛho ntew.—2 Kor. 6:17; Adi. 18:2, 4.

Nea Ɛto So Nnan: Mmarima 25 a “Wɔrekotow Owia”

15, 16. Dɛn na na mmarima 25 reyɛ wɔ asɔrefi no adiwo a ɛwɔ mfinimfini no, na adɛn nti na nea wɔyɛe no kyerɛ sɛ na wɔrebu Yehowa animtiaa paa?

15 Kenkan Hesekiel 8:15-18. Asɛm a Yehowa dii kan kae bere a ɔrebɛka ahodwiriwde a ɛto so mmienu ne nea ɛto so mmiɛnsa ho asɛm no, ɛno ara na ɔkae ansa na ɔreka ahodwiriwde a ɛto so nnan a etwa to no ho asɛm. Ɔkaa sɛ: “Wubehu akyiwade akɛse a ɛkyɛn eyi koraa.” Ebetumi aba sɛ odiyifo no bisaa ne ho sɛ: ‘Akyiwade bɛn koraa na ɛkyɛn nea madi kan ahu yi?’ Saa bere yi, na Hesekiel wɔ asɔrefi no adiwo a ɛwɔ mfinimfini hɔ no. Asɔrefi no kwan ano hɔ no, ohuu mmarima 25 a wɔakotow resom “owia wɔ apuei fam.” Nea na saa mmarima no reyɛ no, na wɔde rebu Yehowa animtiaa paa. Adɛn nti na yɛreka saa?

16 Wo de, twa nea na ɛrekɔ so no ho mfoni hwɛ: Sɛnea wosii Onyankopɔn asɔrefi no, na ɔkwan a wɔfa so kɔ mu no kyerɛ apuei fam. Enti sɛ obi rewura asɔrefi hɔ akɔsom a, na n’anim bɛkyerɛ atɔe fam, na n’akyi nso ahwɛ baabi a owia pue wɔ apuei fam. Nanso mmarima 25 a na wɔwɔ anisoadehu no mu no, wɔde ‘wɔn akyi kyerɛɛ’ asɔrefi no, na wɔde wɔn anim kyerɛɛ apuei fam sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsom owia. Nea wɔyɛe no kyerɛ sɛ, na wɔadan wɔn akyi akyerɛ Yehowa, efisɛ na asɔrefi no yɛ “Yehowa fi.” (1 Ahe. 8:10-13) Ná mmarima 25 no yɛ awaefo. Wɔpoo Yehowa, na wobuu ahyɛde a ɛwɔ Deuteronomium 4:15-19 no so. Onyankopɔn a ɔfata sɛ yɛsom ɔno nkutoo no, hwɛ sɛnea wobuu no animtiaa!

Ɛfata sɛ Yehowa asomfo som ɔno nkutoo

17, 18. (a) Mmarima a na wɔresom owia wɔ asɔrefi hɔ no, dɛn na yebetumi asua afi wɔn asɛm no mu? (b) Henanom na Israelfo awaefo no ne wɔn ntam sɛee, na ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa?

17 Mmarima a na wɔresom owia no, dɛn na yebetumi asua afi wɔn asɛm no mu? Sɛ yɛn som ho bɛkɔ so atew a, Yehowa na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ ntease ne nyansa fi ne hɔ. Kae sɛ, “Yehowa Nyankopɔn yɛ owia,” na n’Asɛm yɛ yɛn “kwan so hann.” (Dw. 84:11; 119:105) Yehowa nam n’Asɛm ne nhoma ahorow a n’ahyehyɛde no ayɛ so ma yehu nyansa. Wei ma yesisi gyinae pa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ani begye wɔ asetenam nnɛ, na daakye nso yɛanya daa nkwa. Enti sɛ yɛma wiase yi mmom kyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛadan yɛn akyi akyerɛ Yehowa. Yɛyɛ saa a, na yɛrebu Yehowa animtiaa, na ɛbɛyɛ no yaw paa. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛte saa atia yɛn Nyankopɔn da! Hesekiel anisoadehu no san bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, wɔn a wɔdan wɔn akyi kyerɛ nokware som, kyerɛ sɛ, awaefo de, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi wɔn ho.—Mmeb. 11:9.

18 Ɛde besi ha yi, yɛahu nneɛma nnan a ɛyɛ ahodwiriw a Hesekiel hui no. Saa nneɛma yi fa abosonsom ne atoro som ho, na ɛma yehu sɛ na Yudafo awaefo no agu wɔn som ho fĩ paa. Esiane sɛ Israelfo no guu wɔn som ho fĩ nti, abusuabɔ a na ɛda ɔman no ne Onyankopɔn ntam no sɛee. Sɛ obi som ho gu fĩ a, n’abrabɔ nso sɛe. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Israelfo awaefo no de wɔn ho hyɛɛ nneɛma bɔne ahorow nyinaa bi mu. Wei maa abusuabɔ a ɛda wɔne Yehowa ntam no sɛee, na saa ara nso na wɔne wɔn mfɛfo nnipa nso ntam sɛee. Onyankopɔn honhom kaa Hesekiel ma ɔkaa sɛnea Yudafo awaefo no abrabɔ sɛee ho asɛm. Ma yɛnhwɛ sɛnea ɔkaa no.

Wɔn Bra Asɛe—“Wɔbɔ Ahohwibra Wɔ Wo Mu”

19. Yehowa nkurɔfo a na ɔne wɔn ayɛ apam no, nneɛma bɔne bɛn na na wɔreyɛ a Hesekiel kaa ho asɛm?

19 Kenkan Hesekiel 22:3-12. Efi mpanyimfo a na wodi Israel man no so besi ɔmanfo no so no, na wɔn nyinaa bra asɛe. “Mpanyimfo” no de wɔn tumi hwiee mogya a edi bem gui. Ɔmanfo no nso, ɛda adi sɛ wodii wɔn mpanyimfo no akyi buu Onyankopɔn Mmara so. Mmusua mu no, na mmofra bu wɔn awofo “animtiaa,” na na mogyafra abu so. Ná Israelfo atuatewfo no sisi ahɔho a wɔte ɔman no mu, na na wɔteetee nnyanka ne akunafo. Ná Israelfo mmarima ne wɔn mfɛfo yerenom da. Afei nso, na Israelfo no gye braeb, wɔbɔ nkurɔfo apoo, na na wɔma bosea gye ho nsiho akɛse. Ɛyɛɛ Yehowa yaw paa sɛ Israelfo no hyɛɛ da buu Mose Mmara no so! Wɔanhu sɛ ɔdɔ a Yehowa dɔ wɔn nti na ɔde Mose Mmara no maa wɔn. Ɔbrabɔne a wɔde wɔn ho hyɛɛ mu no maa Yehowa dii awerɛhow kɛse. Ɔka kyerɛɛ Hesekiel sɛ ɔnka nkyerɛ nnipa a wɔn bra asɛe no sɛ: “Wo werɛ afi me koraa.”

Kristoman ayɛ ama awudisɛm ne ɔbrabɔne kɔ ara na ɛrekɔ anim wɔ wiase yi mu (Hwɛ nkyekyɛm 20)

20. Nsɛm a Hesekiel ka faa ɔbrasɛe a na ɛrekɔ so wɔ Yuda ho no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ biribi a ɛte saa rekɔ so nnɛ?

20 Nsɛm a Hesekiel ka faa ɔbrasɛe a na ɛrekɔ so wɔ Yuda ho no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ biribi a ɛte saa rekɔ so nnɛ? Ɔbrabɔne a ɛkɔɔ so wɔ Yudafo awaefo no mu no twe yɛn adwene si ɔbrasɛe a ɛrekɔ so wɔ wiase yi mu nnɛ no so. Yɛhwɛ wiase atumfo sɛɛ a, wɔde wɔn tumi di dwuma ɔkwammɔne so, na wosisi wɔn manfo. Nyamesom akannifo, titiriw Kristoman mu asɔfo nso, ɔko a ɛkɔ so wɔ amanaman ntam a ama nnipa ɔpepem pii ahwere wɔn nkwa no, ɛyɛ a wohyira so. Ɛno da nkyɛn a, Bible akwankyerɛ a ɛkorɔn na emu da hɔ a ɛkasa tia aguamammɔ no, asɔfo no abrɛ no ase koraa. Wei nti, sɛe ara na nnipa bra resɛe wɔ wiase yi mu. Akyinnye biara nni ho sɛ, asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Yudafo a wɔawae no, ebi ara na ɔbɛka akyerɛ Kristoman: “Wo werɛ afi me koraa.”

21. Nneɛma bɔne a ɛkɔɔ so wɔ tete Yuda no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

21 Nneɛma bɔne a ɛkɔɔ so wɔ tete Yuda no, dɛn na yɛn a yɛyɛ Yehowa nkurɔfo no betumi asua afi mu? Sɛ yɛn som bɛsɔ Yehowa ani a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn abrabɔ ho tew wɔ biribiara mu. Ɛnna fam sɛ yɛbɛyɛ wei wɔ wiase a emu nnipa bra asɛe yi mu. (2 Tim. 3:1-5) Nanso, yenim sɛnea Yehowa te nka wɔ nneɛma bɔne a ɛrekɔ so no nyinaa ho. (1 Kor. 6:9, 10) Esiane sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛdɔ ne mmara nti, yɛma yɛn abrabɔ ho tew. (Dw. 119:97; 1 Yoh. 5:3) Sɛ yɛamma yɛn abrabɔ ho antew a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛnnɔ yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron na ne ho tew no. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛbɛma Yehowa aka akyerɛ yɛn sɛ: “Wo werɛ afi me koraa.”

22. (a) Seesei a yɛabehu nneɛma bɔne a tete Yudafo no yɛe ne nea Yehowa ka faa ho no, dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu?

22 Nea Yehowa ka faa tete Yudafo a wɔsɛee wɔn som ne wɔn abrabɔ ho no, yɛasua nneɛma pii afi mu. Akyinnye biara nni ho sɛ, nea yɛasua no ama yɛasi yɛn bo paa sɛ, yɛbɛsom Yehowa nkutoo. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi abosonsom biara ho na yɛma yɛn abrabɔ ho tew. Ɛnde yemmisa sɛ, Yehowa nkurɔfo a wɔanni no nokware no, dɛn na ɔyɛɛ wɔn? Bere a Yehowa de Hesekiel kyinkyin asɔrefi hɔ wiei no, Yehowa ka kyerɛɛ ne diyifo no pen sɛ: “Me ne wɔn bedi no abufuw so.” (Hes. 8:17, 18) Yɛbɛhwɛ nea Yehowa de yɛɛ Yudafo a wɔanni no nokware no, efisɛ nea ɔde yɛɛ wɔn no ara bi na ɔde bɛyɛ wiase bɔne yi. Ti a edi hɔ mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea atemmusɛm a Yehowa ka tiaa Yuda no baa mu.

a Hesekiel nhoma no mu no, wɔtaa de asɛmfua “Israel” gyina hɔ ma wɔn a na wɔte Yuda ne Yerusalem nyinaa.—Hes. 12:19, 22; 18:2; 21:2, 3.

b Asɛm “ninkuntwe” a wɔde dii dwuma no kyerɛ sɛ, nokware a yebedi ama Yehowa no yɛ aniberesɛm. Ɛma yɛn adwene kɔ sɛnea sɛ ɔbarima warefo bi yere anni nokware a, ɔtwe ninkunu denneennen no so. (Mmeb. 6:34) Sɛnea okunu a ne yere anni no nokware bo fuw no, saa ara na Yehowa bo fuwii bere a ne nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam anni no nokware na wɔkɔsom abosom no. Nhoma bi ka sɛ: ‘Nea enti a Onyankopɔn twe ninkunu ne sɛ Ɔyɛ kronkron. Esiane sɛ Ɔno nkutoo ne Ɔkronkronni nti, Ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.’——Ex. 34:14.

c Ebetumi aba sɛ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “abosom fĩ” no, ɛne Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.

d Ebinom ka sɛ Tamus yɛ din foforo a wɔde frɛ Nimrod, nanso adanse papa biara nni hɔ a ɛfoa so saa.