Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 7

Amanaman No ‘Behu Sɛ Mene Yehowa’

Amanaman No ‘Behu Sɛ Mene Yehowa’

HESEKIEL 25:17

NEA ƐWOM: Nea ɛkɔɔ so wɔ aman a woguu Yehowa din ho fĩ ne Israelfo ntam no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

1, 2. (a) Adɛn nti na na Israelfo ayɛ sɛ oguan bi a mpataku pii atwa ne ho ahyia? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.) (b) Dɛn na Israelfo no ne wɔn ahemfo maa kwan ma ɛtoo wɔn?

 MFE pii mu no, na Israelfo ayɛ sɛ oguan bi a mpataku pii atwa ne ho ahyia. Wohwɛ Israel man no apuei fam a, na Ammonfo, Moabfo, ne Edomfo rehunahuna wɔn. Atɔe fam nso, na Filistifo no reteetee wɔn. Wɔhaw wɔn mfe bebree. Ná Tirofo wɔ atifi fam. Ná wɔanya wɔn ho, na na aguadifo pii ba hɔ bedi gua. Anaafo fam nso, na Israelfo ne Egyptfo na ɛbɔ hye. Ná Egyptfo no bu wɔn hene Farao sɛ ɔyɛ onyame.

2 Bere a Israelfo no de wɔn ho too Yehowa so no, ɔbɔɔ wɔn ho ban fii wɔn atamfo nsam. Nanso mpɛn pii na Israelfo no ne wɔn ahemfo maa aman a atwa wɔn ho ahyia no sɛee wɔn som ne wɔn abrabɔ. Sɛ yɛde Ɔhene Ahab bɛyɛ nhwɛso a, ɔmaa afoforo piapiaa no ma ɔdan n’akyi kyerɛɛ Yehowa. Bere a na Ɔhene Ahab di Israel mmusuakuw du ahemman no so no, na Ɔhene Yehosafat nso di Yuda man no so. Ɔhene Ahab kɔwaree Sidonfo hene babea. Ná Sidonfo hene yi na odi Tiro kurow a na edi yiye no so. Ne babea a Ɔhene Ahab waree no no din de Yesebel. Yesebel yeree ne ho maa Baal som gyee ntini wɔ Israel, na opiapiaa ne kunu ma oguu nokware som ho fĩ paa. Sɛnea Ahab guu nokware som ho fĩ no, na ebi nsii saa da wɔ Israel.—1 Ahe. 16:30-33; 18:4, 19.

3, 4. (a) Aman bɛn na afei Hesekiel de n’ani sii wɔn so? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

3 Sɛ Israelfo no anni nokware a, nea ɛbɛba wɔn so no, na Yehowa adi kan ama wɔahu dedaw. Afei de, na Yehowa abrɛ wɔn. (Yer. 21:7, 10; Hes. 5:7-9) Afe 609 A.Y.B. mu no, Babilon asraafo san baa Bɔhyɛ Asaase no so ne mprɛnsa so. Efi bere a etwa to a Babilonfo kɔtow hyɛɛ wɔn so no, na bɛyɛ mfe du atwam. Saa bere yi de, na Babilonfo bedwiriw Yerusalem afasu agu, na wɔakunkum wɔn a wɔtew Nebukadnesar so atua nyinaa. Bere a wotwaa kurow no ho hyiae no, nneɛma a ɛyɛ hu a Hesekiel kaa sɛ ɛbɛba wɔn so no baa mu pɛpɛɛpɛ. Afei, Hesekiel de n’ani sii aman a atwa Bɔhyɛ Asaase no ho ahyia no so.

Aman a wɔsɛee Yehowa din no, na wɔremfa wɔn ho nni

4 Yehowa maa Hesekiel hui sɛ Yudafo atamfo bedi ahurusi bere a wɔasɛe Yerusalem no, na wɔbɛteetee kurow no mufo a wobenya wɔn ti adidi mu no. Nanso aman a wɔkasa tiaa Yehowa din na wɔtaa Israelfo no anaa wɔmaa Israelfo no guu wɔn ho fĩ no, na wɔremfa wɔn ho nni. Nea ɛkɔɔ so wɔ aman yi ne Israelfo no ntam no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Na nkɔm a Hesekiel hyɛ faa saa aman no ho no, anidaso bɛn na ɛma yenya nnɛ?

Abusuafo a Wodii Israelfo Ho “Fɛw Yayaayaw”

5, 6. Abusuabɔ bɛn na na ɛda Ammonfo ne Israelfo no ntam?

5 Ɔkwan bi so no, na Ammonfo, Moabfo, ne Edomfo nyinaa yɛ Israelfo no abusuafo. Nanso ɛmfa ho sɛ na saa aman yi ne Israelfo bɔ abusua na wonim wɔn ho yiye no, wɔtan Israelfo no ani mfe pii, na wodii Onyankopɔn nkurɔfo no ho “fɛw yayaayaw.”—Hes. 25:6.

6 Wo de, susuw Ammonfo no ho hwɛ. Ná Ammonfo ase fi Abraham wɔfase Lot mu. Wofi Lot ba a ɔne ne babea kumaa no woo no no mu. (Gen. 19:38) Ná Ammonfo kasa sɛ Hebri kasa no paa, enti yebetumi aka sɛ, sɛ Ammonfo kasa a, na Onyankopɔn nkurɔfo no tumi te ase. Esiane sɛ na Ammonfo ne Israelfo bɔ abusua nti, Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkɔ Ammonfo so ne wɔn kɔko. (Deut. 2:19) Nanso, Atemmufo no bere so no, Ammonfo kɔkaa Moabfo hene Eglon ho ma wodii Israelfo ani. (Atem. 3:12-15, 27-30) Akyiri yi, bere a Saul bedii ade no, Ammonfo bɛtow hyɛɛ Israelfo so. (1 Sam. 11:1-4) Afei nso, Ɔhene Yehosafat bere so no, Ammonfo san ne Moabfo kaa wɔn ho boom sɛ wɔrebɛtow ahyɛ Bɔhyɛ Asaase no so.—2 Be. 20:1, 2.

7. Sɛn na Moabfo ne wɔn abusuafo Israelfo no dii?

7 Moabfo nso, na wɔn ase fi Lot ba a ɔne ne babea panyin woo no no mu. (Gen. 19:36, 37) Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔne Moabfo di ako. (Deut. 2:9) Nanso Moabfo de bɔne na etuaa wɔn papayɛ so ka. Sɛ́ anka Moabfo bɛboa wɔn abusuafo Israelfo bere a na wɔreguan afi Egypt nkoasom mu no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobesiw Israelfo no kwan sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentumi nkɔ Bɔhyɛ Asaase no so. Moabfo hene Balak kɔbɔɔ Baalam paa sɛ ɔnnome Israelfo no, na Baalam kyerɛɛ Balak sɛnea ɔbɛdaadaa Israelfo mmarima ama wɔde wɔn ho ahyɛ aguamammɔ ne abosonsom mu. (Num. 22:1-8; 25:1-9; Adi. 2:14) Moabfo no dii Israelfo no ani mfe pii. Wɔyɛɛ saa kosii Hesekiel bere so mpo.—2 Ahe. 24:1, 2.

8. Adɛn nti na Yehowa kaa sɛ Edomfo ne Israelfo yɛ anuanom, nanso dɛn na Edomfo no yɛe?

8 Yɛnhwɛ Edomfo nso. Ná wɔyɛ Esau asefo. Ná Esau ne Yakob yɛ ntaafo. Ɛno nti, wohwɛ Edomfo ne Israelfo a, na wɔyɛ abusuafo a wɔbɛn paa ma enti Yehowa kaa sɛ wɔyɛ anuanom. (Deut. 2:1-5; 23:7, 8) Nanso, Edomfo no amfa ɛno anyɛ asɛm. Wɔko tiaa Israelfo no fi bere a wotu fii Egypt no kosii sɛ Yerusalem sɛee wɔ afe 607 A.Y.B. mu. (Num. 20:14, 18; Hes. 25:12) Saa bere no, Edomfo no dii ahurusi bere a na Israelfo no rehu amane no, na wɔhyɛɛ Babilonfo no nkuran sɛ wɔnsɛe Yerusalem. Nanso wɔamfa anso hɔ ara. Israelfo a wɔyɛe sɛ wɔreguan no nso, Edomfo no siw wɔn kwan, na wɔde wɔn kɔmaa atamfo no.—Dw. 137:7; Oba. 11, 14.

9, 10. (a) Dɛn na ɛtoo Ammon, Moab, ne Edom? (b) Henanom nhwɛso na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ saa aman no mufo nyinaa na na wɔtan Onyankopɔn nkurɔfo ani?

9 Esiane sɛ aman a na wɔyɛ Israelfo abusuafo no ne Israelfo anni no yiye nti, Yehowa buu wɔn atɛn. Ɔkaa sɛ: ‘Mede Ammonfo bɛma Apuei Famfo adi wɔn so, na wɔrenkae Ammonfo bio wɔ amanaman no mu.’ Yehowa de kaa ho sɛ: “Mebu atɛn wɔ Moab, na wobehu sɛ mene Yehowa.” (Hes. 25:10, 11) Bere a wɔsɛee Yerusalem no, bɛyɛ mfe nnum akyi na saa nkɔmhyɛ no fii ase baa mu. Saa bere no, Babilonfo dii Ammonfo ne Moabfo so nkonim. Edom nso, Yehowa kaa sɛ ‘obetwa nnipa ne nyɛmmoa afi asaase no so,’ na ‘ɔbɛma ada mpan.’ (Hes. 25:13) Ewiee ase no, wɔsɛee Ammon, Moab, ne Edom nyinaa maa wɔn ase hyewee sɛnea Yehowa hyɛɛ ho nkɔm no.—Yer. 9:25, 26; 48:42; 49:17, 18.

10 Nanso, ɛnyɛ saa aman no mufo nyinaa na na wɔtan Onyankopɔn nkurɔfo ani. Sɛ yɛde Ammonni Selek ne Moabni Yitma bɛyɛ nhwɛso a, na wɔka Ɔhene Dawid akatakyi no ho. (1 Be. 11:26, 39, 46; 12:1) Rut a na ɔno nso yɛ Moabni no bɛyɛɛ Yehowa somfo nokwafo.—Rut 1:4, 16, 17.

Mfa wo ho nhyɛ atoro som amanne mu ketekete mpo

11. Nea ɛkɔɔ so wɔ Israelfo ne Ammonfo, Moabfo, ne Edomfo ntam no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

11 Nea ɛkɔɔ so wɔ Israelfo ne saa aman no ntam no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Nea edi kan, bere a Israelfo amma wɔn ani anna hɔ no, wosuasuaa atoro som amanne ahorow a na wɔn abusuafo de wɔn ho ahyɛ mu no. Ebi ne sɛ, wɔsom Moabfo nyame Baal-Peor, ne Ammonfo nyame Molek. (Num. 25:1-3; 1 Ahe. 11:7) Biribi a ɛte saa betumi ato yɛn nso. Yɛn abusuafo a wɔnsom Yehowa betumi adaadaa yɛn ama yɛde yɛn ho ahyɛ amanne ahorow a ɛmfata mu. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ebia wɔrente ase sɛ yenni Easter, anaasɛ edu Buronya a, yɛnkyɛ nkurɔfo ade, anaa yɛmfa yɛn ho nhyɛ atoro som amanne ahorow mu. Enti ebia wɔbɛyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma yɛagyaa yɛn ho mu, na yɛde yɛn ho ahyɛ nneɛma a ɛtete saa mu kakra. Yɛreka yi, ebia wɔde adwempa na ɛbɛyɛ saa. Nanso ɛho hia paa sɛ yegyina pintinn! Sɛnea Israelfo abakɔsɛm ma yehu no, sɛ yɛde yɛn ho hyɛ amanne a ɛtete saa mu kakraa bi mpo a, ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam.

12, 13. Ɔsɔretia bɛn na yebetumi ahyia, na sɛ yɛkɔ so di nokware a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

12 Nea ɛkɔɔ so wɔ Israelfo ne Ammonfo, Moabfo, ne Edomfo ntam no, biribi foforo wɔ hɔ a yebetumi asua afi mu. Yɛn abusuafo a wɔnsom Yehowa betumi de ɔtaa a emu yɛ den aba yɛn so. Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ, ɛtɔ da a asɛmpa no a yɛka no de ‘mpaapaemu bɛba, na ɔbarima asɔre atia ne papa, na ɔbabea asɔre atia ne maame.’ (Mat. 10:35, 36) Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkɔka wɔn abusuafo no ntɔkwaw. Yɛn nso, ɛnsɛ sɛ yɛne yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no ko. Nanso sɛ wɔsɔre tia yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn nwonwa.—2 Tim. 3:12.

13 Sɛ mpo yɛn abusuafo anhyɛ da ansiw ɔsom a yɛde ma Yehowa no kwan a, ɛnsɛ sɛ yɛma wonya yɛn so tumi sen Yehowa. Adɛn ntia? Efisɛ, Yehowa na ɛsɛ sɛ yefi yɛn komam dɔ no sen obi foforo biara. (Kenkan Mateo 10:37.) Nea ɛka ho bio ne sɛ, sɛ yɛkɔ so di Yehowa nokware a, yɛn abusuafo no mu bi betumi abɛyɛ sɛ Selek, Yitma, ne Rut, na wɔabɛka yɛn ho ama yɛasom Yehowa. (1 Tim. 4:16) Ɛba saa a, wɔn nso ani begye sɛ wɔresom nokware Nyankopɔn koro pɛ no. Afei, ɔdɔ a Onyankopɔn da no adi kyerɛ n’asomfo ne ahobammɔ a ɔde ma wɔn no, wɔn nso benya bi.

Yehowa De ‘Abufuw Kɛse Twee N’atamfo Aso’

14, 15. Dɛn na Filistifo no de yɛɛ Israelfo no?

14 Yɛhwɛ Filistifo no a, kan no na wɔte Kreta supɔw so. Wotu fii hɔ kɔɔ asaase a akyiri yi Yehowa hyɛɛ Abraham ne n’asefo bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn no so. Abraham ne Isak nyinaa ne saa nkurɔfo yi dii nkitaho. (Gen. 21:29-32; 26:1) Eduu bere a Israelfo no kɔɔ Bɔhyɛ Asaase no so no, na Filistifo no abɛyɛ ɔman kɛse a wɔn asraafodɔm ho yɛ den na wɔn ho yɛ hu. Ná Filistifo no som abosom te sɛ Baal-Sebub ne Dagon. (1 Sam. 5:1-4; 2 Ahe. 1:2, 3) Ɛtɔ da a, na Israelfo no nso som abosom yi bi.—Atem. 10:6.

15 Esiane sɛ Israelfo anni Yehowa nokware nti, Yehowa maa Filistifo no hyɛɛ wɔn so mfe pii. (Atem. 10:7, 8; Hes. 25:15) Wɔtan Israelfo no ani, a na wokunkum wɔn mu pii. (1 Sam. 4:10) Nanso bere a Israelfo no nuu wɔn ho na wɔsan baa Yehowa nkyɛn no, Yehowa gyee wɔn. Ɔmaa mmarima te sɛ Samson, Saul, ne Dawid gyee Ne nkurɔfo. (Atem. 13:5, 24; 1 Sam. 9:15-17; 18:6, 7) Na sɛnea Hesekiel hyɛɛ nkɔm no, Yehowa de ‘abufuw kɛse twee Filistifo no aso.’ Ɔmaa Babilonfo kɔtow hyɛɛ wɔn so, na akyiri yi Greecefo nso bɛtow hyɛɛ wɔn so.—Hes. 25:15-17.

16, 17. Nea ɛkɔɔ so wɔ Israelfo ne Filistifo ntam no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

16 Nea ɛkɔɔ so wɔ Israelfo ne Filistifo ntam no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Aman a wɔwɔ tumi paa wɔ wiase no, emu bi asɔre atia Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no. Nanso, yɛn de, yɛnyɛ yɛn ade te sɛ Israelfo no. Yɛakɔ so agyina pintinn adi Yehowa nokware. Nanso, ɛtɔ da a na akɔyɛ sɛ wɔn a wɔsɔre tia nokware som no reyɛ adi yɛn so nkonim. Ɛho nhwɛso ne sɛ, efi bɛyɛ afe 1900 reba no, United States aban no yɛe sɛ ɛbɛma Yehowa nkurɔfo agyae ɔsom adwuma a wɔreyɛ no. Enti aban no de nnipa a na wodi ahyehyɛde no anim saa bere no guu afiase mfe pii. Afei nso, bere a na wiase ko a ɛto so mmienu no gyina mu no, Nasi amanyɔkuw a na ɛwɔ Germany no yɛe sɛ ɛbɛtɔre Onyankopɔn nkurɔfo ase. Amanyɔkuw yi de wɔn mu mpempem pii guu afiase, na wokunkum ɔhaha pii. Saa ɔko no baa awiei no, ɔman bi a na wɔfrɛ no Soviet Union nso tuu n’ani sii Yehowa Adansefo so mfe bebree. Wɔde yɛn nuanom bi kɔɔ nneduaban mu, na wotwaa ebinom asu kɔɔ mmeae a ɛwɔ akyirikyiri.

17 Ebia aban ahorow bɛkɔ so abara asɛnka adwuma no, wɔde Onyankopɔn nkurɔfo begu afiase, na mpo wɔakunkum yɛn mu binom. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ hu anaa yɛma ɛsɛe yɛn gyidi anaa? Daabi! Yehowa bɛkora n’asomfo anokwafo so. (Kenkan Mateo 10:28-31.) Yemmisa sɛ, aban ahorow a wɔwɔ tumi paa a na wɔhyɛ Yehowa nkurɔfo so no, wɔwɔ he? Wɔn mu pii nni hɔ bio; nanso dɔ ara na Yehowa nkurɔfo redɔɔso. Ɛrenkyɛ koraa, nea ɛtoo Filistifo no, ɛno ara bi na ɛbɛto aban ahorow nyinaa. Ɛne sɛ, nea ɛbɛfa wɔn ani so no bɛma wɔahu sɛnea Yehowa te ankasa. Na sɛnea ɛtoo Filistifo no, yɛrenhu wɔn bio!

‘Ahonyade Pii’ No Antumi Annye Wɔn

18. Dɛn paa na na wɔde nim Tiro kurow no?

18 Tete no, sɛ yɛreka nkurow a na aguadi kɔ so paa wɔ hɔ a, yɛrentumi nka nnyaw tete kurow Tiro. b Ná kurow no wɔ po so ahyɛn bebree a wɔde di gua, na na ahyɛn no di akɔneaba wɔ Mediterranea Po no so wɔ kurow no atɔe fam. Tiro apuei fam nso, na wɔne nkurow akɛse a ɛwɔ akyirikyiri di gua. Ná wɔde nneɛma fa asaase so kɔ saa nkurow no so, na wɔasan de bi afi hɔ aba. Wɔne aman a ɛwɔ akyirikyiri no dii gua mfe pii, na wei ma wonyaa wɔn ho tam. N’aguadifo no nyaa wɔn ho ara ma wobuu wɔn ho sɛ wɔyɛ adehye.—Yes. 23:8.

19, 20. Sɛ wode Tirofo toto Gibeonfo ho a, nsonsonoe bɛn na na ɛda wɔn ntam?

19 Ɔhene Dawid ne Ɔhene Solomon bere so no, na Israelfo ne Tirofo di gua. Bere a na wɔresi Dawid ahemfi no, Tirofo de nneɛma ne adwumfo kɔboae, na akyiri yi, bere a na wɔresi Solomon asɔrefi no nso, Tirofo no yɛɛ saa ara. (2 Be. 2:1, 3, 7-16) Bere a na nneɛma kɔ yiye paa ma Israelfo no, Tirofo no hui. (1 Ahe. 3:10-12; 10:4-9) Wo de, hwɛ hokwan kɛse a Tirofo mpempem pii nyae sɛ wobesua nokware som ho ade, wobehu Yehowa yiye, na wɔde wɔn ani ahu mfaso a ɛwɔ so sɛ obi bɛsom nokware Nyankopɔn no!

20 Hokwan yi nyinaa akyi no, Tirofo no de, nea na ehia wɔn ara ne sɛ wobenya wɔn ho. Wɔansuasua Gibeonfo a na wɔte Kaanan no. Ná Gibeon yɛ kurow kɛse. Bere a emufo no tee Yehowa nnwuma akɛse ho asɛm kɛkɛ no, ɛkaa wɔn ma wɔbɛyɛɛ Yehowa asomfo. (Yos. 9:2, 3, 22–10:2) Tirofo no de, wɔanyɛ saa, na ewiee ase no, wotuu wɔn ani sii Onyankopɔn nkurɔfo so, na wɔtɔn wɔn mu binom mpo kɔɔ nkoasom mu.—Dw. 83:2, 7; Yoel 3:4, 6; Amos 1:9.

Ɛnsɛ sɛ yɛma ɛba da sɛ yebebu ahonyade sɛ ɛyɛ ɔfasu a ɛbɔ yɛn ho ban

21, 22. Dɛn na ɛtoo Tiro kurow no, na adɛn nti na ewiee wɔn saa?

21 Yehowa nam Hesekiel so ka kyerɛɛ saa asɔretiafo no sɛ: “Tiro, me ne wo wɔ asɛm, na mede aman pii bɛba wo so sɛnea ɛpo bɔ n’asorɔkye ba no. Wɔbɛsɛe Tiro afasu na wɔadwiriw n’aban agu, na mɛwerɛwerɛw ne ho dɔte ma wayɛ ɔbotan kwaboo.” (Hes. 26:1-5) Tiro kurow no mufo de wɔn ho too wɔn ahonyade so sɛ ɛbɛbɔ wɔn ho ban. Nanso ɛnyɛ wɔn ahonyade nkutoo na wɔde wɔn ho too so. Kurow no fã a na ɛda supɔw so no, na ɔfasu a ne tenten yɛ mita 46 (anammɔn 150) atwa ho ahyia. Ɛno nso, na kurow no mufo susuw sɛ ɛbɛbɔ wɔn ho ban. Sɛ wotiee Solomon kɔkɔbɔ yi a, anka ɛbɛboa wɔn paa. Solomon kaa sɛ: “Osikani ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den; n’ani so no, ɛte sɛ ɔfasu a ɛbɔ ne ho ban.”—Mmeb. 18:11.

22 Babilonfo ne afei Greecefo maa Hesekiel nkɔmhyɛ no baa mu. Ɛmaa Tirofo no hui sɛ, wɔn kurow no ahonyade ne afasu a na wɔde wɔn ani ato so no nka hwee. Bere a Babilonfo sɛee Yerusalem wiei no, wɔbaa Tirofo so, na wotwaa kurow no ho hyiae mfe 13. Ɛno akyi na wɔsɛee kurow no. (Hes. 29:17, 18) Afei, afe 332 A.Y.B. mu no, Alexander Ɔkɛse no maa nkɔm a Hesekiel hyɛe no fã titiriw bi baa mu. c Bere a n’asraafo sɛee Tiro kurow no fã a na enni supɔw so no, wɔsesaw amamfõ no so abo, nnua, ne dɔte. Wɔde saa nneɛma yi guu nsu no mu de yii kwan kɔɔ kurow no fã a ɛda supɔw so no so. (Hes. 26:4, 12) Alexander bubuu kurow no afasu, ɔfaa kurow no mu nneɛma nyinaa, okunkum wɔn asraafo ne kurow no mu nnipa mpempem pii, na ɔtɔn mpempem bebree nso kɔɔ nkoasom mu. Bere a Tirofo hui sɛ ‘ahonyade pii’ no antumi ammɔ wɔn ho ban no, afei wobehuu sɛnea Yehowa te ankasa, nanso na aka akyi dodo.—Hes. 27:33, 34.

Ɛmfa ho sɛ na Tiro ayɛ sɛ kurow a biribiara ntumi no no, wɔsɛee kurow no, sɛnea Hesekiel hyɛɛ nkɔm no (Hwɛ nkyekyɛm 22)

23. Dɛn na yebetumi asua afi Tirofo asɛm no mu?

23 Dɛn na yebetumi asua afi Tirofo asɛm yi mu? Ɛnsɛ sɛ yɛma “ahonyade nnaadaa” nya yɛn ma yɛde yɛn ho to honam fam nneɛma so da. Ɛnsɛ sɛ yebu honam fam nneɛma sɛ ɔfasu a ɛbɔ yɛn ho ban. (Mat. 13:22) Yɛrentumi “nsom Onyankopɔn nsan nsom Ahonyade.” (Kenkan Mateo 6:24.) Wɔn a wofi wɔn koma nyinaa mu som Yehowa no nkutoo na wɔwɔ ahobammɔ ankasa. (Mat. 6:31-33; Yoh. 10:27-29) Wiase yi awiei ho nkɔmhyɛ no nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ, sɛnea nkɔm a wɔhyɛ tiaa Tiro no baa mu no. Saa bere no, sɛ Yehowa sɛe wiase aguadifo a wonnwen obiara ho na wɔyɛ adifudepɛfo no a, wɔn a wɔde wɔn ho ato ahonyade so no behu sɛnea Yehowa te ankasa.

Ná Egypt Te Sɛ “Demmire”

24-26. (a) Adɛn nti na Yehowa kaa sɛ Egypt yɛ “demmire”? (b) Dɛn na Ɔhene Sedekia yɛ de buu Yehowa akwankyerɛ so, na nea ɔyɛe no, dɛn na efii mu bae?

24Egypt wɔ tumi kɛse wɔ Bɔhyɛ Asaase no ne nsaase a atwa ho ahyia no so ansa na wɔrewo Yosef mpo. Efi saa bere no ara besi bere a Babilonfo kɔtow hyɛɛ Yerusalem so nyinaa, na Egypt wɔ saa mmeae no so tumi paa. Esiane sɛ na Egypt man no akyɛ nti, na ɛte sɛ dua kɛse bi a agye ntini na asi hɔ akyɛ. Nanso Yehowa ani so de, na ɔman no nni ahoɔden biara. Ná ɛte sɛ “demmire.”—Hes. 29:6.

25 Ɔhene Sedekia a na watwe ne ho afi Yehowa ho no de, wanhu sɛ na Egypt te sɛ demmire. Ná Yehowa nam odiyifo Yeremia so aka akyerɛ Sedekia sɛ ɔmfa ne ho nkɔhyɛ Babilon hene Nebukadnesar ase. (Yer. 27:12) Sedekia kaa ntam mpo wɔ Yehowa din mu sɛ ɔrensɔre ntia Nebukadnesar. Nanso obuu n’ani guu Yehowa akwankyerɛ so. Ntam a ɔkaa Nebukadnesar no nso, wanni so. Mmom ɔkɔsrɛɛ Egyptfo sɛ wɔmmɛboa no na ɔnko ntia Babilonfo no. (2 Be. 36:13; Hes. 17:12-20) Nanso, Israelfo a wɔde wɔn ho too Egypt so no, wodii wɔn ho awu. (Hes. 29:7) Nnipa ani so de, na Egypt ho yɛ den te sɛ “asuboa kɛse.” (Hes. 29:3, 4) Nanso Yehowa kaa sɛ, sɛnea abɔmmɔfo kyere asubɔnten Nil mu adɛnkyɛm no, saa ara na ɔbɛyɛ Egypt. Ɔde akɔtɔkoro bɛhyehyɛ n’afono mu, na watwe no akɔsɛe no. Yehowa yɛɛ saa bere a ɔsomaa Babilonfo ma wɔkɔsɛee Egypt no.—Hes. 29:9-12, 19.

26 Sedekia a wanni Yehowa nokware no, ewiee no sɛn? Esiane sɛ ɔsɔre tiaa Yehowa nti, Hesekiel hyɛɛ nkɔm sɛ wobeyi saa “obirɛmpɔn omumɔyɛfo” yi ahenkyɛw, na ne tumidi no befi ne nsa. Nanso Hesekiel kaa anidaso asɛm bi. (Hes. 21:25-27) Yehowa maa Hesekiel hyɛɛ nkɔm sɛ, ɔhene bi a ofi Dawid abusua mu a ahenni no ‘yɛ ne dea’ bɛba abedi ade. Nhoma yi ti a edi hɔ mu no, yɛbɛhwɛ onii a yɛreka ne ho asɛm yi.

27. Nea ɛkɔɔ so wɔ Israelfo ne Egyptfo ntam no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

27 Nea ɛkɔɔ so wɔ Israelfo ne Egyptfo ntam no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Ɛnsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no de wɔn ho to aban ahorow so. Ɛnsɛ sɛ wonya adwene sɛ atumfo no betumi ama wɔn ahobammɔ a ɛtena hɔ daa. Yɛn adwene mu mpo, ɛnsɛ sɛ nneɛma a yedwinnwen ho no ma ɛyɛ te sɛ nea ‘yɛka wiase no ho.’ (Yoh. 15:19; Yak. 4:4) Ebia nnipa ani so no, ɛte sɛ nea aban ahorow a ɛwɔ hɔ no yɛ den, nanso wɔte sɛ tete Egypt. Wɔyɛ mmerɛw te sɛ demmire. Sɛ yɛamfa yɛn werɛ anhyɛ ade nyinaa so Tumfo no mu, na yɛde hyɛ nnipa mu a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛnhwɛ ade nkɔ akyiri koraa!—Kenkan Dwom 146:3-6.

Sɛ yɛwɔ kokoam mpo a, ɛnsɛ sɛ yegyina ɔfã biara akyi wɔ wiase yi amanyɔsɛm mu (Hwɛ nkyekyɛm 27)

Amanaman No ‘Behu’

28-30. Dɛn na ɛbɛma amanaman no ‘ahu’ onii a ɔno ne Yehowa, nanso yɛn de, dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yenim Yehowa?

28 Hesekiel nhoma no mu no, Yehowa ka no mpɛn pii sɛ amanaman no ‘behu sɛ mene Yehowa.’ (Hes. 25:17) Tete no, bere a Yehowa buu aman a wɔtan ne nkurɔfo no atɛn no, saa asɛm no baa mu. Nanso ebenya mmamu kɛse wɔ yɛn bere yi so. Ɔkwan bɛn so?

29 Yɛn nso, yɛte sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no. Aman a atwa yɛn ho ahyia no ani so no, yɛte sɛ oguan bi a onni ahobammɔ biara. (Hes. 38:10-13) Sɛnea yebehu wɔ nhoma yi Ti 17 ne Ti 18 no, ɛrenkyɛ koraa, amanaman no bɛka wɔn ho abom de abufuw atow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Nanso wɔyɛ saa a, Yehowa bɛkyerɛ ne tumi. Sɛ ɔresɛe wɔn wɔ Armagedon ko no mu a, wobehu sɛ ɔno ne Yehowa, na wɔagye atom sɛ ɔno ne amansan hene.—Adi. 16:16; 19:17-21.

30 Nanso yɛn de, Yehowa bɛbɔ yɛn ho ban, na obehyira yɛn. Adɛn ntia? Efisɛ yɛde hokwan a yɛanya seesei no akyerɛ sɛ yenim Yehowa. Nea yɛyɛ de kyerɛ saa ne sɛ, yɛde yɛn ho to no so, yetie no, na yɛresom no nokware mu efisɛ ɔno nkutoo na ɔfata sɛ yɛsom no.—Kenkan Hesekiel 28:26.

a Ɛho nhwɛso ne sɛ, Filistifo no amma kwan amma obiara anyɛ nnade ho adwuma wɔ Israel. Enti sɛ Israelni bi pɛ sɛ ɔsew ne dade ano a, na ɛsɛ sɛ ɔkɔ Filistifo no hɔ ma wogye no sika ansa na wɔayɛ ama no. Sika a na Filistifo no gye no, na ɛsɛ sɛ obi yɛ adwuma nnafua dodow bi ansa na wanya.—1 Sam. 13:19-22.

b Ɛbɛyɛ sɛ wodii kan kyekyee Tiro kurow no wɔ supɔw bi a ɛso yɛ aboabo a ɛbɛn mpoano so. Ná ɛwɔ Karmel Bepɔw atifi fam, na efi kurow no mu rekɔ bepɔw no so bɛyɛ kilomita 50 (akwansin 30). Akyiri yi, wɔkyekyee kurow no fã foforo wɔ mpoano hɔ. Hebri kasa mu no, kurow no din de Sur a ɛkyerɛ “Ɔbotan.”

c Yesaia, Yeremia, Yoel, Amos, ne Sakaria nso hyɛɛ nkɔm tiaa Tiro. Nkɔm a wɔhyɛe no nyinaa baa mu pɛpɛɛpɛ.—Yes. 23:1-8; Yer. 25:15, 22, 27; Yoel 3:4; Amos 1:10; Sak. 9:3, 4.