Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 6

“W’awiei Adu”

“W’awiei Adu”

HESEKIEL 7:3

NEA ƐWOM: Nkɔm a Yehowa hyɛ tiaa Yerusalem no—sɛnea ɛbaa mu

1, 2. (a) Nneɛma bɛn na Hesekiel yɛe a na obiara nte ase? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.) (b) Nneɛma a ɔyɛe no, dɛn na na ɛka fa nea na ɛrebesi no ho?

 NÁ ODIYIFO Hesekiel reyɛ nneɛma bi a obiara nte ase. Nea na ɔreyɛ no ho asɛm trɛwee ntɛmntɛm maa Yudafo a na ɔne wɔn wɔ Babilon no tee. Ɛne sɛ, Hesekiel tenaa faako bɔmm nnanson wɔ ne mfɛfo a na ɔne wɔn wɔ Babilon no nkyɛn a na ɔnkasa. Afei ɔsɔree prɛko pɛ kɔhyɛɛ ne fi too ne ho pon mu. Bere a odiyifo no nkurɔfo a wɔayɛ basaa no rehwɛ nea ɛrekɔ so no, Hesekiel pue fii ne fi, na ɔfaa birikisi too n’anim, na ɔyɛɛ Yerusalem kurow no mfoni guu so. Afei, ofii ase gyee birikisi no ho ban. Ɔreyɛ wei nyinaa no, na wamua n’ano a ɔnkasa obiara ho.—Hes. 3:10, 11, 15, 24-26; 4:1, 2.

2 Nnipa a na wɔatwa Hesekiel ho ahyia no, dɔ ara na na wɔredɔɔso. Ebia wobisaa wɔn ho sɛ: ‘Na wei nyinaa kyerɛ sɛn?’ Nea na odiyifo Hesekiel reyɛ no, akyiri yi koraa na Yudafo a na wɔwɔ Babilon no tee ase yiye. Wobehui sɛ na Hesekiel rehyɛ nkɔm sɛ, Yehowa Nyankopɔn rebɛda n’abufuw adi, na ɛbɛma biribi a ɛyɛ hu asi. Dɛn na na ɛrebesi? Ɛkaa tete Israelfo no sɛn? Na ɛfa Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho sɛn?

“Fa Birikisi . . . Fa Hwiit . . . Fa Sekan Nnamnam”

3, 4. (a) Atemmu a na Yehowa de reba no, n’afã mmiɛnsa bɛn na Hesekiel yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ? (b) Yerusalem a na wobetwa ho ahyia no, sɛn na Hesekiel yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ?

3 Atemmu a na Yehowa de reba Yerusalem so no, ɔka kyerɛɛ Hesekiel sɛ ɔnyɛ n’afã mmiɛnsa ho ɔyɛkyerɛ mma Yerusalemfo no nhu. Yehowa kaa saa asɛm yi kyerɛɛ no bɛyɛ afe 613 A.Y.B. mu. Ná atemmu no afã mmiɛnsa no ne sɛ: wobetwa kurow no ho ahyia, kurow no mufo behu amane, na wɔbɛsɛe kurow no ne emufo. a Ma yensusuw afã mmiɛnsa yi ho nkɔ akyiri.

4 Wobetwa Yerusalem ho ahyia. Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Fa birikisi to w’anim. . . . Ka kurow no hyem.” (Kenkan Hesekiel 4:1-3.) Ná birikisi no gyina hɔ ma Yerusalem kurow no, na Hesekiel nso, na ogyina hɔ ma Babilon asraafo a na Yehowa de wɔn bedi dwuma no. Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ onnye birikisi no ho ban, ɔnyɛ akoban, na ɔnyɛ mfiri a wɔde dwiriw afasu. Afei, ɔmfa weinom nyinaa ntwa birikisi no ho nhyia. Ná saa nneɛma yi gyina hɔ ma akode a Yerusalem atamfo de bedi dwuma bere a wɔatwa kurow no ho ahyia na wɔretow ahyɛ so no. Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ ɔmfa “dade apampaa” nsi ɔne kurow no ntam, na akyerɛ sɛ, asraafo a wɔbɛba abɛsɛe Yerusalem no ho yɛ den te sɛ dade. Afei, ‘ogyen n’ani hwɛɛ’ kurow no. Nneɛma a Hesekiel yɛe yi, na ɛyɛ “sɛnkyerɛnne ma Israel fi” sɛ nea wɔnhwɛ kwan koraa rebesi. Ɛne sɛ, Yerusalem kurow a na ɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo kurow titiriw a ɛhɔ na na Onyankopɔn asɔrefi no si no, na Yehowa bɛma atamfo abetwa kurow no ho ahyia!

5. Hesekiel yɛɛ nea na ɛrebɛto Yerusalemfo no ho ɔyɛkyerɛ. Kyerɛkyerɛ ɔyɛkyerɛ a ɔyɛe no mu.

5 Yerusalem kurow no mufo behu amane. Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Fa hwiit, baali, apatram, asɛdua, awi, ne kɔkɔte [ɛte sɛ hwiit] . . . na fa yɛ paanoo,” na “wobɛkari aduan a wubedi, na da biara wubedi nnwetɛbona 20.” Afei Yehowa kyerɛɛ mu sɛ: “Merebɛma aduan ho ayɛ den.” (Hes. 4:9-16) Saa ɔyɛkyerɛ yi mu de, na Hesekiel nnyina hɔ mma Babilon asraafodɔm no. Mmom, na ogyina hɔ ma Yerusalemfo no. Nea Hesekiel yɛe no kyerɛe sɛ, sɛ atamfo betwa kurow no ho hyia a, na ɛbɛma aduan ho ayɛ den. Sɛ edu saa bere no a, nneɛma a ɛyɛ a wɔde to paanoo no, ɛnyɛ saa nneɛma no koraa na wɔde bɛto. Wei kyerɛ sɛ biribiara a nkurɔfo no nsa bɛka no, na wobedi no saa ara. Ná ɔkɔm a ɛbɛba no mu bɛyɛ den akodu he? Bere a Hesekiel reka sɛnea ɔkɔm no mu bɛyɛ den ho asɛm no, ɔkaa n’asɛm te sɛ nea ɔne Yerusalemfo na ɛrekasa tẽẽ. Ɔkaa sɛ: “Agyanom bɛwe wɔn mma wɔ wo mu, na mma awe wɔn agyanom.” Awiei koraa no, “ɔkɔm bɛba wɔn so te sɛ agyan a ɛyɛ hu,” na ɛbɛma nnipa pii ahu amane, na nkurɔfo no ‘bɛtetew pasaa.’—Hes. 4:17; 5:10, 16.

6. (a) Nneɛma mmienu bɛn na Hesekiel yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ boom? (b) Asɛm a Yehowa kae sɛ “kari nwi no na kyekyɛ mu” no, ɛkyerɛ sɛn?

6 Wɔbɛsɛe Yerusalem ne emufo. Hesekiel san yɛɛ ɔyɛkyerɛ foforo, na saa bere yi de, ɔyɛɛ nneɛma mmienu ho ɔyɛkyerɛ boom. Nea edi kan no, Hesekiel yɛɛ nea na Yehowa rebɛyɛ ho ɔyɛkyerɛ. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa sekan nnamnam yɛ oyiwan.” (Kenkan Hesekiel 5:1, 2.) Hesekiel nsa a ɔde soo sekan no mu no gyina hɔ ma Yehowa nsa. Ná ɛno kyerɛ atemmu a Yehowa nam Babilon asraafo so de bɛba no. Nea ɛto so mmienu, Hesekiel yɛɛ tebea a na Yudafo no bɛkɔ mu no ho ɔyɛkyerɛ. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Yi wo ti nwi ne w’abogyesɛ.” Hesekiel ti nwi a oyii no, na ɛkyerɛ ɔkwan a na wɔbɛfa so atow ahyɛ Yudafo no so na wɔakunkum wɔn. Afei nso, Yehowa de ahyɛde maa Hesekiel sɛ “fa nsenia kari nwi no na kyekyɛ mu.” Saa asɛm no kyerɛ sɛ, atemmu a na Yehowa de reba no, na obi biara benya ne de.

7. Adɛn nti na Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ ɔnkyekyɛ ne ti nwi a wayi no mu mmiɛnsa na ɔmfa emu biara nni dwuma soronko?

 7 Adɛn nti na Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ ɔnkyekyɛ ne ti nwi a wayi no mu mmiɛnsa na ɔmfa emu biara nni dwuma soronko? (Kenkan Hesekiel 5:7-12.) Hesekiel hyew nwi no fã baako “wɔ kurow no mu.” Ɔyɛɛ wei de kyerɛɛ wɔn a na wogyina hɔ rehwɛ nea ɔreyɛ no sɛ, Yerusalemfo no bi bewuwu wɔ kurow no mu. Hesekiel de sekan twitwaa nwi no fã foforo nso mu “wɔ kurow no afã nyinaa” de kyerɛe sɛ wobekum ɔmanfo no bi wɔ kurow no akyi. Afei Hesekiel too nwi no fã a etwa to no guu mframa mu de kyerɛe sɛ, sɛnea ɛte biara ɔmanfo no mu bi bɛbɔ ahwete amanaman no mu, nanso ‘sekan bedi wɔn akyi.’ Ɛno kyerɛ sɛ, baabiara a wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu no bɛkɔ no, wɔn asom rennwo wɔn da.

8. (a) Dɛn na na ɛwɔ ɔyɛkyerɛ a Hesekiel yɛe no mu a ɛma anidaso? (b) Nkɔm a Hesekiel hyɛ faa nwi “kakra” ho no, ɛbaa mu sɛn?

8 Nanso, ɔyɛkyerɛ a Hesekiel yɛe no, na biribi wom a ɛma anidaso. Hesekiel ti nwi a oyii no, Yehowa kaa ho asɛm kyerɛɛ no sɛ: “Fa kakra na kyekyere wɔ w’ataade ano.” (Hes. 5:3) Saa ahyɛde no kyerɛ sɛ Yudafo a na wɔbɛbɔ ahwete amanaman no mu no, na wɔbɛkora wɔn mu kakra so. Saa nkurɔfo no na wɔde nwi “kakra” no gyina hɔ ma wɔn no. Enti sɛ mfe 70 a na Yudafo no bedi wɔ Babilon no du na wɔresan aba Yerusalem a, na saa nkurɔfo no mu bi bɛka wɔn ho aba. (Hes. 6:8, 9; 11:17) Saa nkɔmhyɛ no baa mu anaa? Yiw, ɛbaa mu. Bere a mfe dodow a Yudafo no kodii wɔ Babilon no baa awiei no, akyiri yi, odiyifo Hagai bɔɔ amanneɛ sɛ Yudafo a na wɔabɔ ahwete no mu bi san baa Yerusalem ampa. Ná saa nkurɔfo no yɛ wɔn a “wɔanyinyin a wohuu kan fi no,” kyerɛ sɛ, Solomon asɔrefi no. (Esra 3:12; Hag. 2:1-3) Yehowa hwɛ ma wɔkoraa nokware som so sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no. Sɛnea wɔmaa nokware som so bio saa bere no, yebesusuw ho akɔ akyiri wɔ nhoma yi Ti 9.—Hes. 11:17-20.

Dɛn Na Nkɔmhyɛ Yi Ma Yehu Fa Nsɛm a Ebesisi Daakye Ho?

9, 10. Nsɛm a Hesekiel yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ no, ɛma yɛkae nsɛm akɛse a Onyankopɔn Asɛm aka sɛ ebesisi daakye no. Ebi ne sɛn?

9 Nsɛm a Hesekiel yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ no, ɛma yɛkae nsɛm akɛse a Onyankopɔn Asɛm aka sɛ ebesisi daakye no. Ebi ne sɛn? Sɛnea ɛtoo tete Yerusalem kurow no, Yehowa bɛma wiase atumfo no ayɛ biribi a nkurɔfo nhwɛ kwan koraa. Ɔbɛma wɔasɛe atoro som ahyehyɛde a ɛwɔ asaase so nyinaa. (Adi. 17:16-18) Sɛnea na Yerusalem sɛe no yɛ “mmusu soronko bi” no, saa ara na “ahohiahia kɛse” a ɛbɛkɔ akowie Armagedon ko mu no nso bɛyɛ biribi a “ebi mmae da.”—Hes. 5:9; 7:5; Mat. 24:21.

10 Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ, sɛ wɔsɛe atoro som a, emufo dodow no ara benya wɔn ti adidi mu. Nanso ehu nti, wɔde wɔn ho bɛkɔ akɔbɔ nnipa foforo pii a wɔn nso repɛ baabi de wɔn ti afa ho. (Sak. 13:4-6; Adi. 6:15-17) Wei ma yɛkae nnipa a na wɔwɔ tete Yerusalem kurow no mu no. Wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu bere a kurow no sɛee no, wɔpetee wɔn ‘guu mframa mu.’ Sɛnea yehui wɔ  nkyekyɛm 7 no, ɛwom sɛ wonyaa wɔn ti didii mu saa bere no de, nanso Yehowa ‘twee sekan dii wɔn akyi.’ (Hes. 5:2) Saa ara nso na wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu bere a wɔasɛe atoro som no, baabi a wɔde wɔn ti bɛfa biara, wɔrentumi nguan mfi Yehowa sekan ano. Armagedon ko no mu no, wɔne nnipa a wɔte sɛ mpɔnkye no nyinaa, wobekunkum wɔn.—Hes. 7:4; Mat. 25:33, 41, 46; Adi. 19:15, 18.

Ɛdefa asɛmpa a yɛka ho no, yɛbɛtɔ “mum”

11, 12. (a) Hesekiel nkɔmhyɛ a ɛfa Yerusalem a wobetwa ho ahyia no ho ntease a yɛanya no, sɛn na ɛsɛ sɛ ɛka asɛnka adwuma a yɛreyɛ no? (b) Asɛnka adwuma a yɛreyɛ ne asɛm a yɛka no, nsakrae bɛn na ebia ɛbɛba mu?

11 Nkɔmhyɛ yi mu ntease a yɛanya no, sɛn na ɛsɛ sɛ ɛka asɛnka adwuma a yɛreyɛ ne sɛnea egye ntɛmpɛ no? Ɛma yehu sɛ ehia sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de boa nkurɔfo ma wɔbɛsom Yehowa. Adɛn ntia? Efisɛ bere a aka a yɛde bɛyɛ ‘aman nyinaa asuafo’ no sua. (Mat. 28:19, 20; Hes. 33:14-16) Sɛ “abaa no” (egyina hɔ ma wiase atumfo) fi ase tow hyɛ atoro som so a, yɛrenka nkwagye ho asɛm bio. (Hes. 7:10) Ɛdefa asɛmpa a yɛka ho no, yɛbɛtɔ “mum,” sɛnea eduu baabi no, Hesekiel tɔɔ mum anaasɛ ogyaee n’asɛm no ka no. (Hes. 3:26, 27; 33:21, 22) Ɛwom, sɛ wɔsɛe atoro som a, ɔkwan bi so no, nnipa de ahometew “bɛhwehwɛ anisoadehu afi odiyifo hɔ,” nanso wɔrennya akwankyerɛ biara a ɛbɛma wɔanya nkwa. (Hes. 7:26) Ɛnyɛ saa bere no na obi benya akwankyerɛ abɛyɛ Kristo suani. Ebedu hɔ no, na saa hokwan no atwam.

12 Nanso ɛno nkyerɛ sɛ yebegyae asɛnka adwuma no koraa. Adɛn ntia? Ahohiahia kɛse no mu no, ebia yebefi ase aka atemmusɛm a ɛbɛyɛ te sɛ asukɔtweaa a ɛretɔ fi soro. Saa asɛm a yɛbɛka no bɛma ada adi pefee sɛ wiase bɔne yi awiei adu.—Adi. 16:21.

“Hwɛ, Ɛreba”

13. Adɛn nti na Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ ɔnna ne benkum so, na ɔnsan nna ne nifa so?

13 Yɛadi kan ahu sɛ Hesekiel hyɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so asɛe Yerusalem ho nkɔm. Nanso, ɔsan yɛɛ bere a ɔsɛe no bɛba ho ɔyɛkyerɛ. Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ ɔnna ne benkum so nnafua 390, na ɔnsan nna ne nifa so nnafua 40. Ná da koro biara gyina hɔ ma afe baako. (Kenkan Hesekiel 4:4-6; Num. 14:34) Saa ɔyɛkyerɛ yi, yebetumi aka sɛ da biara, na Hesekiel de nnɔnhwerew kakraa bi na ɛyɛ. Ɛkyerɛɛ afe pɔtee a Yerusalem sɛe no bɛba. Ɛda adi sɛ mfe 390 a Israel de yɛɛ bɔne no fii ase afe 997 A.Y.B. mu. Saa afe no na Israel mmusuakuw 12 ahemman no mu kyɛɛ mmienu no. (1 Ahe. 12:12-20) Mfe 40 a Yuda de yɛɛ bɔne no nso, ɛbɛyɛ sɛ efii ase afe 647 A.Y.B. mu. Saa afe no na Yehowa paw Yeremia sɛ odiyifo na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ Yuda ahemman no kɔkɔ pefee sɛ ɔsɛe reba wɔn so. (Yer. 1:1, 2, 17-19; 19:3, 4) Saa mmere mmienu no nyinaa, na ɛbɛba awiei wɔ afe 607 A.Y.B. mu. Saa afe no ara na wɔsɛee Yerusalem sɛnea Yehowa hyɛɛ ho nkɔm no. b

Dɛn na Hesekiel yɛ de kyerɛɛ afe pɔtee a Yerusalem sɛe no bɛba (Hwɛ nkyekyɛm 13)

14. (a) Dɛn na Hesekiel yɛ de kyerɛe sɛ onim paa sɛ Yehowa bedi ne bere so pɛpɛɛpɛ? (b) Nsɛm bɛn na na ebesisi ansa na Yerusalem asɛe?

14 Bere a Yehowa kaa nkɔmhyɛ a ɛfa nnafua 390 ne nnafua 40 no ho asɛm kyerɛɛ Hesekiel no, ebetumi aba sɛ Hesekiel antumi anhu afe pɔtee a na wɔbɛsɛe Yerusalem. Nanso, bere a na ɔsɛe no rebɛn no, ɔkɔɔ so ara bɔɔ Yudafo no kɔkɔ sɛ Yehowa atemmu reba wɔn so. Ɔkaa sɛ: “Afei w’awiei adu.” (Kenkan Hesekiel 7:3, 5-10.) Wei ma yehu sɛ, na Hesekiel nim paa sɛ Yehowa bedi ne bere so pɛpɛɛpɛ. (Yes. 46:10) Afei nso, odiyifo no kaa nneɛma a na ebesisi ansa na wɔasɛe Yerusalem no ho asɛm too hɔ. Ɔkaa sɛ: “Mmusu bedi mmusu akyi.” Enti na nneɛma bɛyɛ basaa wɔ ɔman no mu. Nyamesom oo, amammu oo, na biribiara bɛdan abutuw.—Hes. 7:11-13, 25-27.

Bere a atamfo twaa Yerusalem ho hyiae no, na kurow no ayɛ sɛ “dadesɛn” a wɔde asi “gya so” (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. Efi afe 609 A.Y.B. reba no, Hesekiel nkɔmhyɛ no fã bɛn na efii ase baa mu?

15 Bere a Hesekiel kaa Yerusalem sɛe ho asɛm no, mfe kakraa bi akyi na saa nkɔmhyɛ no fii ase baa mu. Afe 609 A.Y.B. mu no, Hesekiel tee sɛ atamfo aba Yerusalem so. Nea ɛte ne sɛ, tete no, sɛ kurow bi mufo te sɛ obi rehyɛn torobɛnto a, na ɛkyerɛ sɛ wɔmmra mmɛko nnye wɔn kurow no. Nanso, sɛnea na Hesekiel aka ato hɔ no, sɛ atamfo no ba Yerusalem so a, na ‘obiara renkɔko.’ (Hes. 7:14) Yerusalemfo no ankɔko annye wɔn kurow no bere a Babilon asraafo no baa wɔn so no. Ebia Yudafo no mu binom nyaa adwene sɛ Yehowa betwitwa agye wɔn. Ná Yehowa ayɛ bi pɛn. Bere bi a Asiriafo yɛe sɛ wɔrebɛtow ahyɛ Yerusalem kurow no so no, Yehowa bɔfo kunkum wɔn asraafo no mu dodow no ara. (2 Ahe. 19:32) Nanso saa bere yi de, ɔbɔfo biara ammɛboa wɔn. Bere tiawa bi mu no, na kurow no a wɔatwa ho ahyia no ayɛ sɛ “dadesɛn” a wɔde asi “gya so.” Kurow no mufo nso, na wɔaka kurow no mu a wɔrentumi mpue, enti yɛbɛka a, na wɔayɛ sɛ “nam a wɔatwitwa” agu dadesɛn no mu. (Hes. 24:1-10) Wotwaa kurow no ho hyiae abosome 18 maa kurow no mufo dii amia paa, na ɛno akyi no, wɔsɛee Yerusalem.

“Mommoaboa Mo Agyapade Ano Wɔ Soro”

16. Dɛn na yɛbɛyɛ nnɛ de akyerɛ sɛ yegye di paa sɛ Yehowa bedi ne bere so pɛpɛɛpɛ?

16 Dɛn na yebetumi asua afi Hesekiel nkɔmhyɛ no fã yi mu? Asɛm a yɛka wɔ asɛnka mu, ne nea nkurɔfo yɛ wɔ asɛm no ho no, sɛ yɛde toto Hesekiel nkɔmhyɛ no ho a, edi nsɛ anaa? Yehowa ayi bere bi asi hɔ a ɔde bɛsɛe atoro som, na saa bere yi nso, obedi ne bere so pɛpɛɛpɛ. (2 Pet. 3:9, 10; Adi. 7:1-3) Yennim da pɔtee a saa asɛm no besi. Nanso sɛnea Hesekiel yɛe no, yɛbɛkɔ so adi akwankyerɛ a Yehowa de ama yɛn sɛ yɛnkɔ so mmɔ nkurɔfo kɔkɔ no so, na yɛaka sɛ: ‘Mo awiei adu.’ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara ka saa asɛm no? Nea na ɛrekɔ so wɔ Hesekiel bere so no, ɛno ara bi na ɛrekɔ so nnɛ. c Bere a ɔkaa Onyankopɔn nkɔmhyɛ a ɛfa Yerusalem sɛe ho asɛm no, nnipa dodow no ara annye anni. (Hes. 12:27, 28) Nanso akyiri yi, Yudafo a na wɔwɔ Babilon no mu bi nyaa koma pa, na wɔsan baa wɔn kurom. (Yes. 49:8) Saa ara na nnɛ nso, nnipa bebree nnye nni sɛ saa wiase yi bɛba awiei. (2 Pet. 3:3, 4) Nanso, sɛ bere a Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ sɛ nnipa mfa ntie n’asɛm nyɛ nsakrae no mmaa awiei a, yɛbɛkɔ so aboa nnipa a wɔwɔ koma pa ama wɔahu ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no.—Mat. 7:13, 14; 2 Kor. 6:2.

Ɛwom sɛ nnipa pii ntie asɛm a yɛka no de, nanso yɛkɔ so hwehwɛ nnipa a wɔwɔ koma pa (Hwɛ nkyekyɛm 16)

Adɛn nti na tete Yerusalemfo no ‘tow wɔn dwetɛ guu mmɔnten so’? (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Ahohiahia kɛse no mu no, nneɛma bɛn na ebesisi?

17 Hesekiel nkɔmhyɛ no san ma yehu sɛ, sɛ wɔresɛe ɔsom ahorow no a, asɔrefo no mu ‘biara nni hɔ a ɔbɛkɔ akɔko’ ama ne som. Afei sɛ wɔteɛteɛm sɛ “Awurade, Awurade,” na wohu sɛ obiara ntie a, ‘wɔn nsa bedwudwo,’ na wɔn ho “apopo.” (Hes. 7:3, 14, 17, 18; Mat. 7:21-23) Dɛn bio na wɔbɛyɛ? (Kenkan Hesekiel 7:19-21.) Yehowa ka sɛ: “Wɔbɛtow wɔn dwetɛ agu mmɔnten so.” Asɛm a Yehowa ka faa tete Yerusalemfo ho yi, ɛma yehu nea ebesi pefee wɔ ahohiahia kɛse no mu. Saa bere no, nnipa behu sɛ sika rentumi nnye wɔn mfi ɔsɛe a ɛreba no mu.

18. Botae ahorow a ɛsɛ sɛ yɛde sisi yɛn ani so no, ɛho asuade bɛn na yenya fi Hesekiel nkɔmhyɛ no mu?

18 Hesekiel nkɔmhyɛ no fã yi, wuhu asuade bi wom anaa? Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde botae pa sisi yɛn ani so. Susuw wei ho hwɛ: Bere a Yerusalemfo no hui sɛ wɔn kurow no awiei adu na wɔrebewuwu na wɔn honam fam nneɛma rentumi nnye wɔn no, ɛno ansa na wɔde ahopere resesa wɔn adwene. Wɔtoo wɔn ahode gui, na wofii ase sɛ ‘wɔbɛhwehwɛ anisoadehu afi odiyifo hɔ,’ nanso na aka akyi dodo. (Hes. 7:26) Yɛn de, yenim paa sɛ wiase bɔne yi awiei adu. Ɛno nti, Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a yegye di no aka yɛn ama yɛde botae pa asisi yɛn ani so. Ne saa nti, yɛde yɛn bere nyinaa hwehwɛ honhom fam agyapade, efisɛ ɛno de, ɛso wɔ mfaso daa, na wɔrentow ngu “mmɔnten so” da.—Kenkan Mateo 6:19-21, 24.

19. Hesekiel nkɔmhyɛ ahorow no, ɛfa yɛn ho sɛn nnɛ?

19 Ɛnde yemmisa sɛ, Hesekiel nkɔmhyɛ a ɛfa Yerusalem sɛe ho no fa yɛn ho sɛn nnɛ? Ɛkae yɛn sɛ, bere a aka a ɛsɛ sɛ yɛde boa afoforo ma wɔbɛsom Onyankopɔn no sua. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ yɛde ahokeka yɛ asuafoyɛ adwuma no. Sɛ yehu sɛ nnipa a wɔwɔ koma pa afi ase resom yɛn Agya Yehowa a, yɛn ani gye paa. Nanso, wɔn a wɔnyɛ saa no mpo, yɛkɔ so ara de kɔkɔbɔ a Hesekiel de maa ne bere sofo no ma wɔn, enti yɛka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Mo awiei adu.’ (Hes. 3:19, 21; 7:3) Bere koro no ara, yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ara de yɛn ho ato Yehowa so, na yɛama nokware som ho ahia yɛn asen biribiara wɔ yɛn asetena mu.—Dw. 52:7, 8; Mmeb. 11:28; Mat. 6:33.

a Ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ Hesekiel yɛɛ saa ɔyɛkyerɛ yi nyinaa wɔ nkurɔfo anim. Adɛn ntia? Efisɛ ɔyɛkyerɛ no bi wɔ hɔ a, Yehowa hyɛɛ da ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ ɔnyɛ “wɔ wɔn anim.” Ebi ne paanoo a ɔtoe wɔ wɔn anim ne nneɛma a ɔde too ne kɔn ho ma wohui no.—Hes. 4:12; 12:7.

b Yehowa maa kwan ma wɔsɛee Yerusalem de kyerɛe sɛ, ɛnyɛ Yuda mmusuakuw mmienu ahemman no nkutoo na obuu wɔn atɛn, mmom Israel mmusuakuw du ahemman no nso ka ho bi.—Yer. 11:17; Hes. 9:9, 10.

c Hyɛ no nsow sɛ, asɛm tiawa a ɛwɔ Hesekiel 7:5-7 mu no, Yehowa de nsɛmfua bi te sɛ “bɛba,” “reba,” “aba,” “ɛreba,” ne “nam kwan so” yɛɛ adwuma de sii asɛm a na ɔreka no so dua.