Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 16

Da Ɔdɔ a Wowɔ Ma Onyankopɔn No Adi

Da Ɔdɔ a Wowɔ Ma Onyankopɔn No Adi

Sɛ obi bɛkɔ so ayɛ w’adamfo a, ɛho hia sɛ wo ne no bɔ nkɔmmɔ. Wutie no, na ɔno nso tie wo. Woka w’adamfo no ho asɛmpa nso kyerɛ afoforo. Saa ara na Onyankopɔn adamfo a wobɛyɛ no te. Susuw nea Bible ka fa eyi ho no ho:

Wo ne Yehowa nkasa daa wɔ mpaebɔ mu. “Munkura mpaebɔ mu denneennen.”—Romafo 12:12.

Kenkan Onyankopɔn Asɛm, Bible no. “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ.”—2 Timoteo 3:16.

Kyerɛkyerɛ afoforo Onyankopɔn ho ade. “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo . . . Monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—Mateo 28:19, 20.

Bɛn Onyankopɔn nnamfo. “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.”—Mmebusɛm 13:20.

Kɔ asafo nhyiam wɔ Ahenni Asa so. “Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu . . . yɛnhyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran.”—Hebrifo 10:24, 25.

Boa Ahenni adwuma no. “Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so, efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma”.—2 Korintofo 9:7.