Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 9

Henanom Ne Onyankopɔn Nnamfo?

Henanom Ne Onyankopɔn Nnamfo?

Yesu Kristo yɛ Yehowa Ba ne n’adamfo a ɔbɛn no na ɔdɔ no sen obiara. Ansa na Yesu rebɛtra asase so sɛ onipa no, na watra soro sɛ honhom abɔde a ɔwɔ tumi. (Yohane 17:5) Afei ɔbaa asase so bɛkyerɛkyerɛɛ nnipa nokware a ɛfa Onyankopɔn ho. (Yohane 18:37) Ɔde ne desani nkwa nso mae de gyee adesamma asoɔmmerɛfo fii bɔne ne owu mu. (Romafo 6:23) Mprempren Yesu ne Onyankopɔn Ahenni, ɔsoro nniso bi a ɛde Paradise bɛba asase so no Hene.—Adiyisɛm 19:16.

Abɔfo nso yɛ Onyankopɔn nnamfo. Wɔanwo abɔfo sɛ nnipa wɔ asase so. Wɔbɔɔ wɔn wɔ soro ansa na Onyankopɔn reyɛ asase. (Hiob 38:4-7) Abɔfo ɔpepem pii na wɔwɔ hɔ. (Daniel 7:10) Onyankopɔn nnamfo a wɔwɔ soro yi pɛ sɛ nkurɔfo sua nokware a ɛfa Onyankopɔn ho no.—Adiyisɛm 14:6, 7.

Onyankopɔn wɔ nnamfo wɔ asase so nso; ɔfrɛ wɔn n’adansefo. Ɔdansefo a ogyina asɛnnibea ka nea onim wɔ obi anaa biribi ho. Yehowa Adansefo ka nea wonim wɔ Yehowa ne n’atirimpɔw ho kyerɛ afoforo. (Yesaia 43:10) Adansefo no pɛ sɛ wɔboa wo ma wusua nokware a ɛfa Yehowa ho no te sɛ abɔfo no. Wɔpɛ sɛ wo nso woyɛ Onyankopɔn adamfo.