Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 2

Onyankopɔn Ne Adamfo a Ɔsen Biara a Wubetumi Anya

Onyankopɔn Ne Adamfo a Ɔsen Biara a Wubetumi Anya

Onyankopɔn adamfo a wobɛyɛ no ne ade a eye sen biara a wubetumi anya. Onyankopɔn bɛkyerɛkyerɛ wo sɛnea wubenya anigye ne ahobammɔ; ɔbɛma woade wo ho afi gyidi horow a ɛnteɛ ne nneyɛe pii a edi awu ho. Obetie wo mpaebɔ. Ɔbɛboa wo ma woanya akomatɔyam ne ahotoso. (Dwom 71:5; 73:28) Onyankopɔn begyina w’akyi wɔ ɔhaw bere mu. (Dwom 18:18) Na Onyankopɔn de n’akyɛde a ɛne daa nkwa ama wo.—Romafo 6:23.

Sɛ wobɛn Onyankopɔn a, wobɛbɛn Onyankopɔn nnamfo. Wɔn nso bɛba abɛyɛ wo nnamfo. Nokwarem no, wɔbɛyɛ sɛ anuanom mmarima ne mmea ama wo. Wɔn ani begye sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wo Onyankopɔn ho ade, na wɔbɛboa wo ahyɛ wo nkuran.

Yɛne Onyankopɔn nyɛ pɛ. Sɛ wopɛ sɛ wofa Onyankopɔn adamfo a, ɛsɛ sɛ wote nokwasɛm titiriw bi ase. Wo ne Onyankopɔn adamfofa no nyɛ atipɛnfo adamfofa. Wanyin sen yɛn na ɔwɔ nyansa ne tumi kɛse sen yɛn. Ɔne yɛn Sodifo a ɔfata. Enti sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ ne nnamfo a, ɛsɛ sɛ yetie no na yɛyɛ nea ɔka sɛ yɛnyɛ no. Eyi bɛma asi yɛn yiye bere nyinaa.—Yesaia 48:18.