Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw no Hɔ

Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw no Hɔ

Yɛn Yɔnko Ahenni Dawurubɔfo:

FA NO sɛ na woyɛ Brooklyn Betel abusua no muni wɔ Fida anɔpa, October 2, 1914. Ná wote baabi a anɔpa biara wotena wɔ adidipon ho retwɛn sɛ Onua C. T. Russell bɛba. Mpofirim ara na wobuee ɔdan a wodidi mu no pon no, na Onua Russell baa mu. Sɛnea ɔtaa yɛ no, ɔtwɛnee kakra, na ɔde anigye kyiaa Betel abusua no sɛ “Mema mo nyinaa akye.” Afei, sɛ́ anka ɔbɛkɔ akɔtena ɔpon ti ntɛm ara no, ɔbɔɔ ne nsam, na ɔde asɛm bi a ɛyɛ anigye too gua sɛ: “Amanaman Mmere no aba awiei; wɔn ahemfo adi wɔn mmere awie!” W’ani gye boroo so, efisɛ wohwɛɛ saa bere yi kwan akyɛ! Wo ne Betel abusua no nyinaa de anigye bɔɔ mo nsam kyɛe.

Mfe pii ni a Onua Russell kaa saa anigyesɛm yi. Efi saa bere no, dɛn na Ahenni no ayɛ? Ahenni no ayɛ nneɛma pii! Nkakrankakra, Yehowa nam Ahenni no so atew ne nkurɔfo ho atete wɔn, na wayɛ saa fi bere a na wɔn dodow yɛ mpem kakraa bi wɔ afe 1914 mu de abesi nnɛ a wɔn dodow boro ɔpepem ason ne fã no. Akwan bɛn so na w’ankasa woanya ntetee a ɛte saa so mfaso?

Ɛnnɛ, yɛtaa te sɛ yɛn nuanom reka sɛ, “Yehowa soro teaseɛnam no rekɔ n’anim!” na ɛyɛ nokware nso. Nanso nokwasɛm ne sɛ, obiara a ɔbɛtɔ ne bo ase akenkan saa nhoma yi behu sɛ, efi afe 1914 no, ɔsoro teaseɛnam no a egyina hɔ ma Yehowa ahyehyɛde no fã a aniwa nhu no amia mmirika a ɛretu no mu. Nea ɛbɛyɛ na Ahenni no ho adawurubɔfo atumi aka asɛmpa no ma adu wiase nyinaa no, wɔafa akwan bi te sɛ atesɛm nkrataa, nsɛm a wɔkyerɛkyerɛw gu nkrataa so de fa mmɔnten so, mfonini a wɔde kyerɛkyerɛ, adansedi nkratasin, gramafon, radio, ne Intanɛt mpo so adi adanse.

Esiane sɛ Yehowa rehyira yɛn adwuma no so nti, seesei yetintim yɛn Bible ho nhoma a ɛyɛ fɛ wɔ kasa bɛboro 670 mu, na yɛde ma obiara a yentwa bo nto so. Atuhoamafo a wɔwɔ ahofama boa ma yesisi Ahenni Asa, Nhyiam Asa, ne baa dwumadibea ahorow wɔ aman a wodi yiye ne aman a wonni sika pii mu. Na sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ ɔdɔ yɛ ntɛm kɔboa wɔn a wɔn ho akyere wɔn no, na wɔda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ anuanom a ‘wɔwoo wɔn maa ahohia da’ ampa.​—Mmeb. 17:17.

Ɛtɔ mmere bi a asɔfo ne afoforo a wɔsɔre tia yɛn no nam “mmara so de ɔhaw ba” yɛn so, nanso ɛhyɛ yɛn gyidi den sɛ yebehu sɛ mpɛn pii no saa a wɔyɛ no ‘ma asɛmpa no kɔ so mmom.’​—Dw. 94:​20; Filip. 1:12.

Ɛyɛ hokwan kɛse na yɛanya sɛ yɛne mo a moyɛ yɛn mfɛfo ‘asomfo’ no benya fekubɔ. Anuanom, yɛpɛ sɛ muhu sɛ yɛdɔ mo paa. Yɛn mpaebɔ ne sɛ nhoma yi mu nsɛm no bɛboa mo ma moanya mo honhom fam agyapade no ho anisɔ kɛse seesei asen bere biara a atwam.​—Mat. 24:45.

Ensi mo yiye,

Mo nuanom,

Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw