Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 6

Wɔn a Wɔka Asɛmpa No​—Asɛmpakafo a Wɔatu Wɔn Ho Ama Koraa

Wɔn a Wɔka Asɛmpa No​—Asɛmpakafo a Wɔatu Wɔn Ho Ama Koraa

NEA TI YI KA HO ASƐM

Ɔhene no aboaboa asɛmpakafo pii ano

1, 2. Adwuma kɛse bɛn na Yesu hyɛɛ ho nkɔm, na asɛmmisa a ɛho hia bɛn na ɛsɔre?

 AMANYƆFO taa hyɛ bɔ ahorow a wonni so. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa wɔn manfo paa no mpo ntumi nni wɔn bɔhyɛ so. Anigyesɛm ne sɛ, Yesu Kristo a ɔne Mesia Ahenni no so Hene no yɛ soronko koraa. Ɔno de, odi ne bɔhyɛ so bere nyinaa.

2 Bere a Yesu bɛyɛɛ Ɔhene wɔ afe 1914 mu no, na wayɛ krado sɛ ɔbɛma nkɔm bi a ɔhyɛe bɛyɛ mfe 1,900 a atwam no abam. Aka bere tiaa bi ma Yesu awu no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa.” (Mat. 24:​14) Ná saa asɛm no mmamu bɛka sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ waba n’Ahenni tumi mu no ho. Nanso, asɛmmisa bi a ɛho hia sɔre sɛ: Ɔkwan bɛn so na Ɔhene no betumi aboaboa asɛmpakafo a wɔatu wɔn ho ama koraa no ano wɔ nna a edi akyiri no mu​—bere a nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkominya, wonni dɔ, na wɔn ani nnye Onyankopɔn som ho no? (Mat. 24:​12; 2 Tim. 3:​1-5) Ɛsɛ sɛ yenya saa asɛmmisa yi ho mmuae, efisɛ ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ nokware Kristofo nyinaa ka asɛmpa no.

3. Ahotoso bɛn na Yesu nyae, na ɛyɛɛ dɛn na onyaa ahotoso a ɛte saa?

3 Momma yɛnsan nhwɛ nkɔm a Yesu hyɛe no bio. So asɛm “wɔbɛka” no ma yehu sɛ na ɔwɔ ahotoso? Yiw, ɛma yehu! Ná Yesu wɔ ahotoso sɛ obenya akyitaafo a wobetu wɔn ho ama wɔ nna a edi akyiri no mu. Ɛyɛɛ dɛn na onyaa ahotoso a ɛte saa? Osua fii n’Agya hɔ. ( Yoh. 12:​45; 14:9) Ansa na Yesu reba asase so no, na n’ankasa ahu sɛ Yehowa wɔ N’asomfo a wɔatu wɔn ho ama mu ahotoso. Momma yɛnhwɛ sɛnea Yehowa daa ahotoso a ɛte saa no adi.

“Wo Man Betu Wɔn Ho Ama Koraa”

4. Adwuma bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔmmoa ma wɔnyɛ, na dɛn na wɔyɛe wɔ ho?

4 Momma yɛnkae nea esii bere a Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ onsi ntamadan a ɛhɔ na ɛbɛyɛ beae a Israelfo no bɛsom no. Yehowa maa Mose ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa sɛ wɔmmoa mma wɔnyɛ adwuma no. Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Obiara a ne koma ka no no mfa nneɛma yi mmrɛ Yehowa.” Dɛn na esii? Israelfo no ‘kɔɔ so ara de ayɛyɛde bae anɔpa biara.’ Nkurɔfo no de nneɛma pii bae araa ma na ɛsɛ sɛ wɔma ‘wogyae nneɛma a wɔde ba no’! (Ex. 35:5; 36:​3, 6) Israelfo no amma ahotoso a Yehowa nyae wɔ wɔn mu no anyɛ kwa.

5, 6. Sɛnea Dwom 110:​1-3 kyerɛ no, su bɛn na na Yehowa ne Yesu hwɛ kwan sɛ wobehu wɔ nokware asomfo ho wɔ nna a edi akyiri yi mu?

5 So na Yehowa hwɛ kwan sɛ n’asomfo a wɔwɔ nna a edi akyiri yi mu no betu wɔn ho ama? Yiw! Aka bɛboro mfe 1,000 ma wɔawo Yesu wɔ asase so no, Yehowa maa Dawid kyerɛw bere a Mesia no befi ase adi ade no ho asɛm too hɔ. (Monkenkan Dwom 110:​1-3.) Ná Yesu, Ɔhene a wɔde no asi agua so foforo no benya atamfo a wɔbɛsɔre atia no, nanso na obenya akyitaafo pii. Ná wobefi wɔn pɛ mu asom Ɔhene no. Ná mmabun a wɔwɔ wɔn mu no mpo betu wɔn ho ama, na na wɔbɛdɔɔso araa ma wobetumi de wɔn atoto obosu a ne dodow nni ano a ɛkata asase ani bere a owia refi anɔpa no ho. a

Ahenni no akyitaafo a wɔatu wɔn ho ama no dɔɔso te sɛ obosu (Hwɛ nkyekyɛm 5)

6 Ná Yesu nim sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 110 no fa ne ho. (Mat. 22:​42-45) Enti, na obetumi anya ahotoso paa sɛ obenya akyitaafo a wodi nokware a wobetu wɔn ho ama koraa aka asɛmpa no wɔ asase nyinaa so. Dɛn na abakɔsɛm ma yehu? Nokwarem no, so Ɔhene no aboaboa asɛmpakafo pii a wɔatu wɔn ho ama ano wɔ nna a edi akyiri yi mu?

“Manya Hokwan ne Asɛyɛde sɛ Mɛka Saa Asɛm No”

7. Bere a wɔde Yesu sii agua so sɛ Ɔhene no, dɛn na ɔyɛe de siesiee n’akyitaafo no maa adwuma a na wɔbɛyɛ no?

7 Bere a wɔde Yesu sii agua so sɛ Ɔhene no akyi bere tiaa bi no, ofii ase siesiee n’akyidifo no maa adwuma kɛse bi a wɔbɛyɛ. Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 2 no, efi afe 1914 besi afe 1919 mfiase no, ɔbɛhwɛɛ n’akyidifo no tew wɔn ho. (Mal. 3:​1-4) Afei, wɔ afe 1919 mu no, ɔpaw akoa nokwafo no sɛ onni n’akyidifo no anim. (Mat. 24:​45) Efi saa bere no titiriw no, saa akoa no fii ase faa ɔkasa ahorow a wɔma wɔ nhyiam ase ne nhoma ahorow a wotintim so maa honhom fam aduan. Wɔnam saa akwan yi so sii so dua mpɛn pii sɛ ɛyɛ Kristoni biara asɛyɛde sɛ ɔka asɛmpa no.

8-10. Ɔkwan bɛn so na nhyiam ahorow a wɔyɛe no maa asɛnka adwuma no kɔɔ so ntɛmntɛm? Ma ho nhwɛso. (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Nhyiam Ahorow a Wɔyɛe a Ɛmaa Asɛnka Adwuma no Kɔɔ So Ntɛmntɛm” no nso.)

8 Ɔkasa ahorow a wɔma wɔ nhyiam ase. Bible Asuafo a na wɔrehwehwɛ akwankyerɛ denneennen no hyiaam wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A., efi September 1 kosi 8, 1919, yɛɛ wɔn nhyiam kɛse a edi kan wɔ Wiase Ko I no akyi. Wɔ nhyiam no da a ɛto so abien no, Onua Rutherford maa ɔkasa bi, na ɔka kyerɛɛ nhyiamfo no pefee sɛ: “Adwuma a ɛsɛ sɛ Kristoni yɛ wɔ asase so . . . ne sɛ ɔbɛka Awurade ahenni no ho asɛm akyerɛ afoforo.”

9 Nhyiam no da a ɛto so anum no, Onua Rutherford maa ɔkasa titiriw bi a n’asɛmti ne “Asɛm a Wɔka Kyerɛ Mfɛfo Adwumayɛfo.” Wotintim saa asɛm no wɔ Ɔwɛn-Aban mu wɔ asɛmti a ɛne “Ahenni no Ho Asɛm a Wɔbɛka Akyerɛ” no ase. Ɔkae sɛ: “Sɛ Kristoni tena ase komm dwinnwen nneɛma ho a, ɛsɛ sɛ obisa ne ho sɛ, Dɛn nti na mewɔ wiase? Mmuae a ɛsɛ sɛ ɔma ara ne sɛ, Awurade adom me sɛ minsi n’ananmu nka Onyankopɔn asɛm a ɔde repata ɔne wiase ntam no nkyerɛ nkurɔfo, na manya hokwan ne asɛyɛde sɛ mɛka saa asɛm no.”

10 Bere a Onua Rutherford rema saa ɔkasa titiriw no, ɔbɔɔ amanneɛ sɛ wobetintim nsɛmma nhoma foforo, The Golden Age (seesei wɔfrɛ no Nyan!) a wɔde bɛtwe nkurɔfo adwene aba Ahenni no so sɛ ɛno ne adesamma anidaso koro pɛ. Afei obisaa atiefo no sɛ, henanom na wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛkyekyɛ saa nsɛmma nhoma no bi? Kyerɛwtohɔ a wɔyɛe wɔ saa nhyiam no ho kyerɛ sɛ: “Anuanom gyee so ma ɛyɛɛ fɛ kɛkɛ. Atiefo mpem asia no nyinaa sɔre gyinaa hɔ prɛko pɛ.” b Ɛda adi pefee sɛ na Ɔhene no wɔ akyitaafo a wɔatu wɔn ho ama a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛm akyerɛ afoforo!

11, 12. Asɛm bɛn na Ɔwɛn-Aban bi ka faa bere a wɔbɛyɛ adwuma a Yesu hyɛɛ ho nkɔm no ho wɔ afe 1920 mu?

11 Nhoma ahorow a wɔatintim. Wɔnam Ɔwɛn-Aban no so ma wohuu Ahenni no ho asɛmpaka adwuma a Yesu hyɛɛ ho nkɔm sɛ wɔbɛyɛ no ani so nkakrankakra. Momma yensusuw afe 1920 mfe no mfiase mu nhwɛso bi ho nhwɛ.

12 Asɛm bɛn na na wɔbɛka ma Mateo 24:​14 anya mmamu? Bere bɛn na na wɔbɛyɛ saa adwuma no? Asɛm bi a na ɛwɔ July 1, 1920, Ɔwɛn-Aban no mu a n’asɛmti ne “Ahenni no Ho Asɛmpa” no kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu. Ɛkae sɛ: “Asɛmpa a yɛreka ho asɛm yi fa nhyehyɛe dedaw no a ɛbɛba awiei ne Mesia ahenni no a wɔde besi hɔ no ho.” Ɔwɛn-Aban no kyerɛɛ bere pɔtee a wɔbɛka saa asɛmpa no. Ɛkae sɛ: “Wɔbɛka saa asɛmpa no fi wiase ko kɛse [Wiase Ko I] no so akosi ‘ahohiahia kɛse’ no mu.” Enti, asɛm no sii so dua sɛ: “Ɛnnɛ ne bere a . . . ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no wɔ Kristoman mu nyinaa.”

13. Asɛm bɛn na Ɔwɛn-Aban bi kae wɔ afe 1921 mu de kanyan ahofama a na Kristofo a wɔasra wɔn no wɔ no?

13 So na wɔbɛhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo ansa na wɔayɛ adwuma a Yesu hyɛɛ ho nkɔm no? Dabi. Wɔde asɛm bi a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbae March 15, 1921 mu a n’asɛmti ne “Munnya Akokoduru” no hyɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no nkuran sɛ wɔnna ahofama adi. Wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔn mu biara mmisa ne ho sɛ: “So ɛnyɛ asɛyɛde ne hokwan kɛse na manya sɛ mɛyɛ saa adwuma yi bi?” Asɛm no kɔɔ so kae sɛ: “Yɛwɔ awerɛhyem sɛ sɛ wofa no sɛ ɛyɛ [hokwan na woanya sɛ woyɛ saa adwuma yi bi] a, wobɛyɛ te sɛ Yeremia a na Awurade asɛm ayɛ te sɛ ‘ogya a ɛredɛw a wɔato mu wɔ [ne] nnompe mu’ no. Asɛm no ma ɔkɔɔ so yɛɛ saa adwuma no.” ( Yer. 20:9) Saa asɛm a ɛhyɛ nkuran no daa no adi sɛ Yehowa ne Yesu wɔ ahotoso wɔ Ahenni no akyitaafo anokwafo no mu.

14, 15. Wɔ afe 1922 no, ɔkwan bɛn na Ɔwɛn-Aban no hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wɔmfa so nka asɛm no nkyerɛ afoforo?

14 Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo fa so ka Ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo? Asɛm tiawa bi a epuei wɔ August 15, 1922, Ɔwɛn-Aban no mu a n’asɛmti ne “Asɛnka Adwuma no Ho Hia” no hyɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no nkuran sɛ “wɔmfa nhoma nkɔma nkurɔfo wɔ wɔn afie mu, na wɔnka nkyerɛ wɔn sɛ ɔsoro ahenni no abɛn.”

15 Ɛda adi pefee sɛ efi afe 1919 reba no, Kristo ama akoa nokwafo ne ɔbadwemma no asi so dua mpɛn pii sɛ ɛyɛ hokwan ne asɛyɛde a Kristoni biara anya wɔ asase so sɛ ɔbɛka Ahenni no ho asɛm no. Nanso, Bible Asuafo a wodi kan no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ nkuran a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka Ahenni no ho asɛm no ho?

“Anokwafo no Betu Wɔn Ho Ama”

16. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo a na wɔatow aba ayi wɔn no mu binom yɛɛ wɔn ade wɔ akwankyerɛ a wɔde mae sɛ obiara nyɛ asɛnka adwuma no bi no ho?

16 Wɔ afe 1920 ne afe 1930 mfe no mu no, ebinom annye antom sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa yɛ asɛnka adwuma no bi. Ɔwɛn-Aban a ɛbae November 1, 1927 no kaa nea na ɛrekɔ so no ho asɛm sɛ: “Ebinom wɔ asɔre [asafo] no mu nnɛ a wɔwɔ dibea sɛ mpanyimfo . . . a wɔnkɔ asɛnka, na saa ara nso na wɔnhyɛ wɔn nuanom nkuran sɛ wɔnkɔ asɛnka. . . . Wodi akwankyerɛ a wɔde ama sɛ yɛnkɔka Onyankopɔn, ne Hene no, ne n’ahenni no ho asɛm nkyerɛ nkurɔfo wɔ afie afie mu no ho fɛw.” Asɛm no kaa no pefee sɛ: “Bere adu sɛ anokwafo no hyɛ saa nkurɔfo no nsow na wɔtwe wɔn ho fi wɔn ho, na wɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔrempaw mmarima a wɔte saa no sɛ asafo mu mpanyimfo bio.” c

17, 18. Asafo ahorow no mufo dodow no ara yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ akwankyerɛ a efi adwumayɛbea ti bae no ho, na ɔkwan bɛn so na nnipa ɔpepem pii ayɛ wɔn ade wɔ mfe 100 a atwam no mu?

17 Anigyesɛm ne sɛ asafo no mufo dodow no ara de anigye gyee akwankyerɛ a efi adwumayɛbea ti bae no toom. Wobuu no sɛ ɛyɛ hokwan a wɔanya sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛm no. Ɔwɛn-Aban a ɛbae March 15, 1926 no kaa ho asɛm sɛ: “Anokwafo no betu wɔn ho ama . . . akɔka asɛm yi akyerɛ nkurɔfo.” Anokwafo a wɔte saa no maa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 110:3 no baa mu, na wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Ɔhene Mesia no akyitaafo a wɔatu wɔn ho ama.

18 Bɛboro mfe 100 a atwam ni no, nnipa ɔpepem pii na wɔatu wɔn ho ama reyɛ Ahenni no ho asɛmpaka adwuma no. Wɔ nhoma yi ti ahorow kakra a edi hɔ mu no, yebesusuw sɛnea wɔaka asɛm no​—akwan a wɔafa so ne nnwinnade a wɔde adi dwuma​—ne nea afi mu aba no ho. Nanso, momma yenni kan nka nea enti a ɛmfa ho sɛ yɛte wiase a emu nnipa yɛ pɛsɛmenkominya mu no, nnipa ɔpepem pii afi wɔn pɛ mu ayɛ Ahenni no ho asɛmpaka adwuma no bi no ho asɛm. Bere a yɛresusuw nea enti a nnipa ɔpepem pii reka asɛm no ho no, ɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Dɛn nti na meka asɛmpa no kyerɛ afoforo?’

“Monkɔ so Nhwehwɛ Ahenni no . . . Kan”

19. Dɛn nti na yetie afotu a Yesu de mae sɛ ‘yɛnkɔ so nhwehwɛ Ahenni no kan’ no?

19 Yesu de afotu maa n’akyidifo sɛ ‘wɔnkɔ so nhwehwɛ Ahenni no kan.’ (Mat. 6:​33) Dɛn nti na yetie saa afotu no? Efisɛ yegye tom sɛ Ahenni no ne ade a ɛho hia paa wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu. Sɛnea yehui wɔ eti a edi eyi anim mu no, honhom kronkron ayi Ahenni no ho nokwasɛm a ɛyɛ anigye no adi nkakrankakra. Sɛ Ahenni no ho nokwasɛm a ɛsom bo no ka yɛn koma a, ɛkanyan yɛn ma yɛhwehwɛ Ahenni no kan.

Sɛnea ɔbarima bi a ohuu ademude a wɔde asie ani gyei no, saa ara na Kristofo ani gye sɛ wɔahu Ahenni no ho nokwasɛm no (Hwɛ nkyekyɛm 20)

20. Ɔkwan bɛn so na ademude a wɔde ahintaw ho mfatoho a Yesu mae no ma yehu sɛnea n’akyidifo betie afotu a ɔde maa wɔn sɛ wɔnkɔ so nhwehwɛ Ahenni no kan no?

20 Ná Yesu nim nea n’akyidifo no bɛyɛ wɔ afotu a ɔde maa wɔn sɛ wɔnhwehwɛ Ahenni no kan no ho. Momma yensusuw ademude a wɔde ahintaw no ho mfatoho a ɔmae no ho nhwɛ. (Monkenkan Mateo 13:​44.) Wɔ mfatoho no mu no, bere a ɔpaani no gu so reyɛ adwuma a n’ani bɔɔ ademude a wɔde ahintaw no so ara pɛ na ohui sɛ ɛsom bo. Dɛn na ɔyɛe? “Anigye a onyae nti ɔkɔtɔn nea ɔwɔ [nyinaa] kɔtɔɔ saa asase no.” Dɛn na yesua fi saa asɛm yi mu? Sɛ yehu Ahenni no ho nokwasɛm ne sɛnea ɛsom bo no a, yɛde anigye bɛyɛ nea ehia sɛ yɛyɛ biara sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so de Ahenni no ho nneɛma adi kan wɔ yɛn asetena mu. d

21, 22. Dɛn na Ahenni no akyitaafo anokwafo yɛ de kyerɛ sɛ wɔrehwehwɛ Ahenni no kan? Ma ɛho nhwɛso.

21 Ahenni no akyitaafo anokwafo mfa wɔn ano nka kɛkɛ sɛ wɔrehwehwɛ Ahenni no kan, na mmom wɔde wɔn nnwuma na ɛkyerɛ saa. Wɔde wɔn nkwa, wɔn ahoɔden, ne wɔn ahode nyinaa yɛ Ahenni no ho asɛmpaka adwuma no. Nnipa pii de nneɛma akɛse abɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bere nyinaa bɛyɛ ɔsom adwuma no. Asɛmpakafo a wɔte saa a wɔatu wɔn ho ama reyɛ asɛnka adwuma no nyinaa ahu sɛ Yehowa hyira wɔn a wɔde Ahenni no di kan no. Momma yensusuw osuahu bi a esii bere bi a atwam no ho nhwɛ.

22 Avery ne Lovenia Bristow fii ase yɛɛ colporteur (akwampae) adwuma wɔ afe 1920 mfe no awiei mu hɔ wɔ United States anafo fam. Mfe pii akyi no, Lovenia kae sɛ: “Efi saa bere no, me ne Avery abom de anigye ayɛ akwampae adwuma no mfe pii. Ɛtɔ mmere bi a na yennim nea ɛbɛyɛ a yebenya sika atɔ pɛtro anaa nnuan. Nanso, Yehowa faa akwan bi so maa yɛn nsa kaa nea yehia bere nyinaa. Yɛkɔɔ so yɛɛ akwampae adwuma no. Yɛn nsa kaa nea na yehia ankasa bere nyinaa.” Lovenia werɛ remfi bere bi a na wɔresom wɔ Pensacola, Florida, a na wɔn sika ne wɔn nnuan reyɛ asa no da. Bere a wɔbaa fie no, wobehuu nkotoku akɛse abien a nnuan wom ne krataa bi. Ná asɛm a ɛwɔ krataa no mu ne sɛ, “Pensacola Asafo no na wofi ɔdɔ mu de abrɛ mo.” Bere a Lovenia dwinnwen mfe pii a ɔde ayɛ bere nyinaa som adwuma no ho no, ɔkae sɛ: “Yehowa annyaw yɛn da. Yɛde yɛn ho too no so, na wanni yɛn huammɔ da.”

23. Wote nka dɛn wɔ Ahenni no ho nokwasɛm a woahu no ho, na dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

23 Yɛn nyinaa rentumi nyɛ asɛnka adwuma no pɛ. Ɛsono yɛn mu biara asetena mu nsɛm. Nanso, yɛn nyinaa betumi afa no sɛ ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ yebefi yɛn kra nyinaa mu aka asɛmpa no. (Kol. 3:​23) Esiane sɛ Ahenni no ho nokwasɛm a yɛahu no som bo ma yɛn nti, ɛyɛ yɛn anigye sɛ yebefi yɛn pɛ mu abɔ afɔre biara a ɛfata sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu. So saa na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

24. Nneɛma akɛse a Ahenni no atumi ayɛ wɔ nna a edi akyiri yi mu no mu biako ne dɛn?

24 Mfe ɔha a atwam ni no, Ɔhene no ama nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 24:​14 no renya mmamu ankasa, na wayɛ saa a ɔnhyɛ obiara. Sɛ n’akyidifo no twe wɔn ho fi wiase a pɛsɛmenkominya wom no mu a, ɛma wotumi de wɔn bere nyinaa ka asɛmpa no. Asɛmpa no a wɔreka wɔ wiase nyinaa no ka sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ Yesu aba n’Ahenni tumi mu no ho. Ahenni no ho asɛmpaka adwuma no yɛ nneɛma akɛse a Ahenni no atumi ayɛ wɔ nna a edi akyiri yi mu no mu biako.

a Wɔ Bible mu no, wɔde obosu ka nneɛma a ɛdɔɔso ho asɛm.​—Gen. 27:​28; Mika 5:7.

b Kratawa a n’asɛmti ne To Whom the Work Is Entrusted no kae sɛ: “Yɛde The Golden Age nsɛmma nhoma no bɛka ahenni no ho asɛm no wɔ afie afie. . . . Afei nso, sɛ yɛka asɛm no wie a, yebegyaw The Golden Age nsɛmma nhoma no biako wɔ ofie biara mu, sɛ́ ebia wɔbɛkra bi anaasɛ wɔrenkra bi no.” Eyi akyi mfe pii no, wɔhyɛɛ anuanom nkuran sɛ wɔmma nkurɔfo nkra The Golden Age ne Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no nyinaa bi. Efi February 1, 1940 no, wɔhyɛɛ Yehowa nkurɔfo nkuran sɛ wɔmfa nsɛmma nhoma no mmiako mmiako mma nkurɔfo na wɔnyɛ dodow a wɔde ma no ho kyerɛwtohɔ.

c Saa bere no, na asafo biara tow aba paw asafo mu mpanyimfo. Enti, na asafo bi mufo betumi asi gyinae sɛ wɔrentow aba mma mmarima a wɔsɔre tia asɛnka adwuma no. Yebesusuw sɛnea wɔyɛɛ nsakrae paw asafo mu mpanyimfo wɔ teokrase kwan so no ho wɔ nhoma yi Ti 12.

d Yesu kaa asɛm bi a ɛte saa ara wɔ mfatoho a ɛfa oguadini a otuu kwan kɔhwehwɛɛ ahene a ne bo yɛ den ho no mu. Bere a oguadini no nyaa ahene no bi no, ɔtɔn biribiara a ɔwɔ de kɔtɔe. (Mat. 13:​45, 46) Saa mfatoho abien yi nso ma yehu sɛ yebetumi ahu Ahenni no ho nokware no wɔ akwan ahorow abien so. Sɛ yɛbɛka a, ebinom kopue so; afoforo nso hwehwɛ. Nanso, ɛmfa ho ɔkwan biara a yɛbɛfa so ahu nokware no, yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ nea ehia sɛ yɛyɛ biara na ama yɛde Ahenni no adi kan wɔ yɛn asetena mu.