Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So w’ani agyina sɛ wubehu Ahenni no bɔhyɛ ahorow no mmamu?

ƆFÃ 7

Ahenni no Ho Bɔhyɛ Ahorow​—Wɔreyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo

Ahenni no Ho Bɔhyɛ Ahorow​—Wɔreyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo

WOTEW aprɛ kɛse bi a abere fi ne dua so. Afei, wuhua hwɛ, na wode to kɛntɛn a pii gu mu dedaw no mu. Woatew aprɛ yi nnɔnhwerew pii, nanso wommrɛe, na wubetumi atew kakra aka ho. Wo maame nso de anigye retew bi wɔ wo nkyɛn, na ɔne abusua no mufo ne nnamfo a wɔreboa mo ma moatew aprɛ no rebɔ nkɔmmɔ. Sɛ wohwɛ wo maame a, wuhu sɛ ɔyɛ ababaa paa, ɔte sɛ nea na ɔte wɔ mfe pii a atwam bere a na woyɛ abofra no. Wunnye nni sɛ ɔno na na wabɔ aberewa wɔ wiase dedaw a atwam no mu no. Wuhui sɛ na yare ama ne were asa, wusoo ne nsa bere a na ɔrewu no, na wusui bere a wɔresie no no. Nanso, ɔno na ɔne afoforo pii asan aba nkwa mu na ɔte apɔw yi!

Yenim paa sɛ saa da yi bɛba. Yegye di efisɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bam bere nyinaa. Wɔ saa ɔfã yi mu no, yebesusuw sɛnea Ahenni no bɔhyɛ ahorow bi bɛbam nnansa yi ara ma akowie Harmagedon ko no mu ho. Yɛbɛsan nso asusuw Ahenni no bɔhyɛ ahorow bi a ɛyɛ anigye a ebenya mmamu wɔ Harmagedon akyi ho. Hwɛ sɛnea yɛn ani begye sɛ yebehu sɛ Onyankopɔn Ahenni redi tumi wɔ asase nyinaa so, na wɔreyɛ nneɛma nyinaa foforo!

IN THIS SECTION

TI 21

Onyankopɔn Ahenni Beyi N’atamfo Afi Hɔ

Wubetumi asiesie wo ho nnɛ ama Harmagedon ko no.

TI 22

Ahenni no Bɛyɛ Onyankopɔn Apɛde Wɔ Asase So

Dɛn na ɛma wugye di sɛ Yehowa bɔhyɛ ahorow bɛbam?