Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 18

Sɛnea Yenya Sika De Yɛ Ahenni Adwuma No

Sɛnea Yenya Sika De Yɛ Ahenni Adwuma No

NEA TI YI KA HO ASƐM

Nea enti a Yehowa nkurɔfo yi sika de boa Ahenni adwuma no ne ɔkwan a wɔfa so yɛ saa

1, 2. (a) Mmuae bɛn na Onua Russell de maa ɔsɔfo bi a na ɔpɛ sɛ ohu sɛnea Bible Asuafo no nya sika de yɛ wɔn adwuma no? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ saa ti yi mu?

 ƐDA bi, Reformed Asɔre mu sɔfo bi a na ɔpɛ sɛ ohu ɔkwan a Bible Asuafo no fa so nya sika no baa Onua Charles T. Russell nkyɛn bebisaa no ɛho asɛm.

 Onua Russell kae sɛ, “Yennyigye sika.”

 Ɔsɔfo no bisae sɛ, “Na moyɛ dɛn nya sika?”

 Russell buaa no sɛ, “Sɛ meka nokware a ɛwom paa kyerɛ wo a, worennye nni da. Sɛ nkurɔfo ba yɛn nhyiam a, yɛmmfa mprɛte mmfa wɔn anim. Nanso, wohu sɛ yehia sika. Ɛyɛ a wɔka sɛ, ‘Sɛ́ wotua asa yi ho ka . . . Ɛnde, ahe na yebetumi ayi de aboa?’ ”

 Asɛm no yɛɛ ɔsɔfo no nwonwa, na ɔhwɛɛ Onua Russell anim dinn.

 Russell toaa so sɛ, “Nokware turodoo na mereka akyerɛ wo no. Ɛyɛ a wobisa me sɛ, ‘Ahe na yebetumi ayi de aboa?’ Sɛ obi wɔ ahode ne sika a, ɔpɛ sɛ ɔde boa Awurade adwuma no. Na sɛ onni bi nso a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no?” a

2 Nokwasɛm ne sɛ, “nokware turodoo” na na Onua Russell reka no. Efi bere tenten na Onyankopɔn nkurɔfo afi wɔn pɛ mu ayi ntoboa de aboa nokware som. Wɔ saa ti yi mu no, yebesusuw nhwɛso bi a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu ne yɛn bere yi so de ho. Bere a yɛresusuw sɛnea nnɛ yenya sika de yɛ Ahenni adwuma no ho no, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘Dɛn na metumi ayɛ de aboa Ahenni no?’

‘Obiara a Ne Koma Ka no Mfa Nneɛma Mmra’

3, 4. (a) Ahotoso bɛn na Yehowa wɔ wɔ n’asomfo mu? (b) Dɛn na Israelfo no yɛe de boae ma wosii ntamadan no?

3 Yehowa wɔ n’asomfo anokwafo mu ahotoso. Onim sɛ sɛ wonya hokwan no a, wobeyi wɔn yam de nea wɔwɔ ama de akyerɛ sɛ wɔahyira wɔn ho so ama no. Momma yɛnhwɛ nneɛma abien a ɛkɔɔ so wɔ Israelfo abakɔsɛm mu.

4 Bere a Yehowa yii Israelfo fii Egypt no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonsi ntamadan a wɔbɛsom wom. Ná ntamadan no a wobesi na wɔasiesie mu no begye sika pii. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmma nkurɔfo no mfa nea wɔwɔ mmɛboa adwuma no. Asɛm a Yehowa kae ne sɛ: “Obiara a ne koma ka no no mfa nneɛma . . . mmrɛ Yehowa.” (Ex. 35:5) Dɛn na nkurɔfo a ‘wɔhyɛɛ wɔn atirimɔden so ma wɔyɛɛ nkoadwuma biara’ bi wɔ bere tiaa bi a na atwam no yɛe wɔ asɛm yi ho? (Ex. 1:​14) Woyii wɔn yam de sika kɔkɔɔ, dwetɛ, ne nneɛma foforo a ɛsom bo a ɛbɛyɛ sɛ wonyaa emu dodow no ara fii Egyptfo a na wɔyɛ wɔn wuranom hɔ no bɛboaa adwuma no. (Ex. 12:​35, 36) Israelfo no de nneɛma a na wohia no bae araa ma ɛboroo so ma enti wɔma ‘wogyaee nneɛma a wɔde ba no.’​—Ex. 36:​4-7.

5. Bere a Dawid de hokwan maa Israelfo no sɛ wonyi ntoboa no, dɛn na wɔyɛe?

5 Eyi akyi bɛyɛ mfe 475 no, Dawid yii sika fii ‘n’agyapade a ɛsom bo’ mu sɛ wɔmfa nsi asɔrefie a ɛno ne ɔdan a wodii kan sii a na wɔsom nokware Nyankopɔn no wom wɔ asase so no. Afei, ɔde hokwan maa ne nuanom Israelfo no, na obisaa wɔn sɛ: “Hena na wayi ne yam sɛ ɔde biribi bɛhyɛ ne nsam ama Yehowa?” Enti, nkurɔfo no nso fi wɔn “koma nyinaa mu . . . yii ntoboa maa Yehowa.” (1 Be. 29:​3-9) Esiane sɛ na Dawid nim sɛ Yehowa ankasa na ɔmaa wɔn nsa kaa saa nneɛma no nti, ɔka kyerɛɛ no wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Wo na ade nyinaa wɔ wo, na wo ara wo nsam na efi na yɛasan de ama wo.”​—1 Be. 29:14.

6. Dɛn nti na yehia sika na ama yɛatumi ayɛ Ahenni adwuma no nnɛ, na nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

6 Mose ne Dawid mu biara anhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo sɛ wonyi ntoboa. Mmom no, nkurɔfo no ankasa fi wɔn komam de nea wɔwɔ mae. Na ɛnnɛ nso ɛ? Yɛn nyinaa nim sɛ adwuma a Onyankopɔn Ahenni no reyɛ no gye sika. Sɛ yebetumi atintim Bible ne Bible ho nhoma na yɛasan akyekyɛ a, egye sika pii, na saa ara nso na yehia sika na ama yɛatumi asisi mmeae a yehyiam ne baa dwumadibea ahorow. Afei nso, sɛ atoyerɛnkyɛm to yɛn nuanom a, egye sika na ama yɛatumi akɔboa wɔn ntɛm. Eyi ma nsɛmmisa bi a ɛho hia sɔre sɛ: Yɛyɛ dɛn nya sika de yɛ eyinom nyinaa? So ɛsɛ sɛ wɔhyɛ Ɔhene no akyidifo ansa na wɔayi ntoboa?

“Yɛremmisa na Yɛrensrɛ Nnipa sɛ Wɔmmoa Yɛn Da”

7, 8. Dɛn nti na Yehowa nkurɔfo nsrɛsrɛ sika mfi afoforo hɔ?

7 Onua Russell ne ne mfɛfo no ansuasua ɔkwan a Kristoman mu asɔre ahorow no fa so gyigye sika no. Wɔ Ɔwɛn-Aban a ɛto so abien a wotintimii no mu no, Russell kae wɔ asɛm bi a n’asɛmti ne “Wopɛ ‘Ɔwɛn-Aban’ Anaa?” no mu sɛ: “Yegye di sɛ YEHOWA na ɔtaa ‘Ɔwɛn-Aban’ no akyi, na bere a eyi te saa no, yɛremmisa na yɛrensrɛ nnipa sɛ wɔmmoa yɛn da. Sɛ Ɔno a ɔka sɛ: ‘Mmepɔw so sika ne dwetɛ nyinaa wɔ me’ no antumi amfa sika a ehia no amma a, yɛbɛte ase sɛ bere adu sɛ yegyae nsɛmma nhoma no tintim.” (Hag. 2:​7-9) Bɛboro mfe 130 ni a ɔkaa saa asɛm no, Ɔwɛn-Aban no ne ahyehyɛde a etintim saa nsɛmma nhoma no renya nkɔso paa!

8 Yehowa nkurɔfo nsrɛsrɛ sika. Wɔmfa mprɛte mfa nkurɔfo anim anaa wɔnkyerɛkyerɛw nkrataa nkɔma nkurɔfo mfa nsrɛsrɛ sika. Saa ara nso na wɔntow kyakya, anaa wɔmmɔ afɔre mfa mpɛ sika. Wodi asɛm bi a Ɔwɛn-Aban no kae bere bi a atwam no akyi. Ɛkae sɛ: “Yenim paa sɛ ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛsrɛsrɛ sika de ayɛ Awurade adwuma sɛnea asɔre afoforo yɛ no . . . Yɛn de, yesusuw sɛ Awurade ani nnye akwan horow a wɔfa so pɛ sika wɔ ne din mu no ho, ɔmpene so, na saa ara nso na onhyira wɔn a wɔma wɔn sika no anaa adwuma a wɔde yɛ no so.” b

“Obiara Nyɛ no Sɛnea Wasusuw Wɔ Ne Komam”

9, 10. Ade biako bɛn nti na yefi yɛn pɛ mu yi ntoboa?

9 Enhia sɛ wɔhyɛ yɛn a yɛyɛ Ahenni no manfo a yɛwɔ hɔ nnɛ no ansa na yɛayi ntoboa. Mmom no, yɛde anigye yi sika ne nneɛma foforo de boa Ahenni adwuma no. Dɛn nti na yefi yɛn koma nyinaa mu yi ntoboa? Momma yensusuw nneɛma abiɛsa bi a enti yɛyɛ saa no ho nhwɛ.

10 Nea edi kan, yefi yɛn pɛ mu yi ntoboa efisɛ yɛdɔ Yehowa, na yɛpɛ sɛ yɛyɛ “nea ɛsɔ n’ani.” (1 Yoh. 3:​22) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Yehowa hu sɛ ne somfo bi fi ne komam reyi biribi de aboa ne som a, n’ani sɔ paa. Momma yɛnhwɛ asɛm a ɔsomafo Paulo ka faa ntoboa a Kristofo yi no ho. (Monkenkan 2 Korintofo 9:7.) Nokware Kristoni de, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so na oyi ntoboa. Mmom no, nea “wasusuw wɔ ne komam” no na oyi. c Eyi kyerɛ sɛ, ansa na obeyi ntoboa no, na wasusuw ho ahu sɛ biribi wɔ hɔ a ehia sɛ ɔyɛ, na ɔhwɛ ɔkwan a obetumi afa so ayɛ saa. Obi a ɔte saa no da Yehowa koma so paa efisɛ “Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.” Bible nkyerɛase foforo bi ka sɛ: “Onyankopɔn dɔ onipa a ɔpɛ adekyɛ.”

Yɛn nuanom nkumaa a wɔwɔ Mozambique no nso ani gye ho sɛ wobeyi ntoboa

11. Dɛn na ɛka yɛn ma yɛde akyɛde a eye paa ma Yehowa?

11 Nea ɛto so abien, yebu nneɛma a yɛde yi ntoboa no sɛ ɔkwan a yɛnam so da Yehowa ase wɔ sɛnea wahyira yɛn pii no ho. Momma yɛnhwɛ nnyinasosɛm bi a ɛka koma a na ɛwɔ Mose Mmara no mu. (Monkenkan Deuteronomium 16:​16, 17.) Sɛ Israelfo mmarima rekɔ afahyɛ abiɛsa a na wodi no afe afe no a, na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara ‘hwɛ sɛnea Yehowa ahyira no no ho’ de akyɛde brɛ no. Enti, ansa na ɔbarima biara bɛkɔ afahyɛ no, na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ nhyira a wanya na ɔhwehwɛ ne komam hu akyɛde a eye sen biara a obetumi de akɔ. Saa ara na sɛ yedwinnwen akwan a Yehowa afa so ahyira yɛn no ho a, ɛkanyan yɛn ma yɛde akyɛde a edi mũ brɛ no. Sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu de akyɛde​—a honam fam nneɛma ka ho​—brɛ Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nhyira a wama yɛanya no.​—2 Kor. 8:​12-15.

12, 13. Ɔkwan bɛn so na ntoboa a yefi yɛn pɛ mu yi no kyerɛ sɛ yɛdɔ Ɔhene no, na ahe na obiara yi?

12 Nea ɛto so abiɛsa, ntoboa a yefi yɛn pɛ mu yi no kyerɛ sɛ yɛdɔ Ɔhene Yesu Kristo. Ɔkwan bɛn so? Wo de, susuw asɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no anadwo a etwa to wɔ n’asase so asetena mu no ho hwɛ. (Monkenkan Yohane 14:​23.) Yesu kae sɛ: “Sɛ obi dɔ me a, obedi m’asɛm so.” Yesu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka Ahenni no ho asɛmpa no wɔ asase so nyinaa no ka ‘n’asɛm’ no ho. (Mat. 24:​14; 28:​19, 20) Sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa​—sɛ́ ɛyɛ yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode​—de boa Ahenni no ho asɛmpaka adwuma no a, na yɛredi ‘n’asɛm’ so. Yɛnam saa a yɛyɛ no so da no adi sɛ yɛdɔ Mesia Ahenni no so Hene no.

13 Nokwasɛm ne sɛ, esiane sɛ yɛyɛ Ahenni no manfo anokwafo nti, yɛpɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu yi ntoboa de boa Ahenni no. Ntoboa ahe na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yi? Eyi yɛ ankorankoro asɛm. Obiara yɛ nea n’ahoɔden betumi. Nanso, yɛn nuanom dodow no ara na wonni wiase yi mu ahode pii. (Mat. 19:​23, 24; Yak. 2:5) Ne nyinaa akyi no, esiane sɛ saafo no nim sɛ Yehowa ne ne Ba no ani sɔ ntoboa ketewaa bi a wofi wɔn komam yi no nti, ɛma wɔn koma tɔ wɔn yam.​—Mar. 12:​41-44.

Ɔkwan Bɛn na Asafo no Fa So Nya Sika?

14. Ɔkwan bɛn na Yehowa Adansefo faa so de nhoma maa afoforo wɔ mfe pii mu?

14 Wɔ mfe pii mu no, na Yehowa Adansefo de Bible ho nhoma ma afoforo gye ho ntoboa. Ná ntoboa a wogye no wɔ fam paa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wonni bi mpo nsa betumi aka nhoma no bi. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ na ofiewura bi ani gye asɛm no ho nanso ɔrentumi nyi ntoboa a, na Ahenni no ho adawurubɔfo fi wɔn pɛ mu de nhoma no ma no. Nea na ehia wɔn paa ne sɛ wɔde nhoma no bɛma nnipa komapafo a wobetumi akenkan anya so mfaso.

15, 16. (a) Efi afe 1990 no, nsakrae bɛn na Akwankyerɛ Kuw no yɛe wɔ ɔkwan a yɛfa so de nhoma ma mu? (b) Akwan bɛn na yɛfa so yi ntoboa? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “  Dɛn na Wɔde Yɛn Ntoboa no Yɛ?” no nso.)

15 Wɔ afe 1990 no, Akwankyerɛ Kuw no fii ase yɛɛ nsakrae wɔ ɔkwan a yɛfa so de nhoma ma mu. Wofii eyi ase wɔ United States, na efi saa afe no, wɔde nhoma ahorow maa nkurɔfo a na wontwa bo nto so. Krataa bi a wɔde kɔmaa asafo ahorow nyinaa wɔ saa ɔman no mu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Seesei yɛde nsɛmma nhoma ne nhoma bɛma adawurubɔfo ne ɔmanfo a wɔn ani gye asɛm no ho a yɛrenka anaa yɛrenyɛ biribi mpo mfa nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ woyi ntoboa pɔtee bi ansa na wɔn nsa aka nhoma no bi. . . . Obiara a ɔpɛ sɛ oyi ntoboa de tew ɛka a yɛbɔ wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ adwuma no ho no betumi ayɛ saa, nanso sɛ oyi ntoboa oo, sɛ wanyi bi oo, ne nsa betumi aka nhoma no bi.” Saa nhyehyɛe yi ma ɛbɛdaa adi sɛ adwuma a yɛreyɛ no yɛ atuhoama, na ɛyɛ Onyankopɔn som adwuma nso, na ɛma ɛdaa adi pefee sɛ “yɛmfa Onyankopɔn asɛm nni gua.” (2 Kor. 2:​17) Bere bi akyi no, wɔde ntoboa a nkurɔfo fi wɔn pɛ mu yi ho nhyehyɛe no yɛɛ adwuma wɔ baa dwumadibea a ɛwɔ wiase baabiara.

16 Akwan bɛn na yɛfa so yi ntoboa ahorow no? Wɔde ntoboa nnaka asisi mmeae a ɛfata wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa ahorow so. Ankorankoro betumi de wɔn ntoboa agu saa nnaka no mu anaasɛ wɔde amena ahyehyɛde a Yehowa Adansefo de di dwuma wɔ mmara kwan so no tẽẽ. Afe biara, wɔde asɛm bi ba Ɔwɛn-Aban mu a ɛkyerɛkyerɛ akwan a yebetumi afi yɛn pɛ mu ayi saa ntoboa no mu.

Nneɛma Bɛn na Wɔde Sika no Yɛ?

17-19. Kyerɛkyerɛ sɛnea yɛde ntoboa a yenya fi nnaka a edidi so yi mu no di dwuma mu: (a) wiase nyinaa adwuma, (b) Ahenni Asa a wosi- si wɔ wiase nyinaa, ne (d) yɛn asafo no ntoboa.

17 Wiase nyinaa adwuma no. Wɔde sika a wonya fi mu no tua ɛka a yɛbɔ wɔ asɛnka adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa no ho. Nneɛma a yɛbɔ ho ka no bi ne nhoma a yetintim na yɛkyekyɛ wɔ wiase nyinaa, Betel afie a wosisi ne ɛho asiesie, ne teokrase sukuu ahorow a wɔyɛ. Bio nso, wɔde ntoboa yi hwɛ asɛmpatrɛwfo, ahwɛfo akwantufo, ne akwampaefo titiriw. Sɛ atoyerɛnkyɛm to yɛn nuanom a, wɔde ntoboa a yeyi no bi boa wɔn. d

18 Ahenni Asa a wosisi wɔ wiase nyinaa. Wɔde sika a wonya fi mu no boa ma wosisi Ahenni Asa anaasɛ wɔde siesie asa ahorow a ayɛ dedaw no. Sɛ anuanom kɔ so yi ntoboa a, ɛma yenya sika pii a yebetumi de aboa asafo afoforo. e

19 Yɛn asafo no ntoboa. Wɔde sika a wonya fi mu no tua ɛka a yɛbɔ wɔ Ahenni Asa no ho, na wɔde bi nso siesie asa no. Mpanyimfo no betumi akyerɛ sɛ wɔmfa sika no bi nkɔ baa dwumadibea a ɛwɔ ɔman no mu ma wɔmfa ntrɛw wiase nyinaa adwuma no mu. Sɛ ɛba saa a, mpanyimfo no de bɛto asafo no anim ma wɔayɛ ho tirimbɔ. Sɛ asafo no pene sika a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔde bɛkɔ no so a, wɔde mena baa dwumadibea no. Ɔsram biara, onua a ɔhwɛ asafo no sika so no bu ho akontaa na wɔka ho asɛm kyerɛ asafo no.

20. Ɔkwan bɛn so na wubetumi de “w’ahonyade” ahyɛ Yehowa anuonyam?

20 Sɛ yesusuw sika dodow a yɛde yɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no ho a, ɛka yɛn ma yɛde ‘yɛn ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam.’ (Mmeb. 3:​9, 10) Yɛn ahonyade no bi yɛ yɛn ahoɔden, yɛn adwene, ne ɔdom akyɛde ahorow a yɛwɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛpɛ sɛ yɛde saa nneɛma yi di dwuma yiye wɔ Ahenni adwuma no mu. Nanso, nea ɛsɛ sɛ yɛkae ne sɛ, yɛn honam fam nneɛma nso ka yɛn ahonyade ho. Momma yensusuw nea yebetumi de ama no ho, na yɛmfa mma bere a yebetumi ayɛ saa no. Ntoboa a yefi yɛn pɛ mu yi no hyɛ Yehowa anuonyam, na ɛma ɛda adi sɛ yɛtaa Mesia Ahenni no akyi.

a Ɔwɛn-Aban, July 15, 1915, kratafa 218-219.

b Ɔwɛn-Aban, August 1, 1899, kratafa 201.

c Nhomanimfo bi kyerɛ sɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “wasusuw” ho no “kura adwene a ɛne sɛ obi di kan dwen biribi ho.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛwom, sɛ obi de biribi kyɛ prɛko pɛ a n’ani gye de, nanso ɛho da so ara hia sɛ ɔyɛ ho nhyehyɛe na ɔyɛ no daa.”​—1 Kor. 16:2.

d Sɛ wopɛ ɔsom adwuma a yɛde boa afoforo no ho nsɛm pii a, hwɛ nhoma yi Ti 20.

e Sɛ wopɛ Ahenni Asa adansi adwuma no ho nsɛm a ɛkɔ akyiri a, hwɛ nhoma yi Ti 19.