Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 6

Sɛnea Yɛbɛpaw Anigyede a Ɛfata

Sɛnea Yɛbɛpaw Anigyede a Ɛfata

“Monyɛ ne nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.”—1 KORINTOFO 10:31.

1, 2. Dɛn na yebetumi ayɛ wɔ anigyede ho?

FA NO sɛ worebedi aduaba bi a ɛyɛ dɛ na wuhui sɛ baabi aporɔw. Dɛn na anka wobɛyɛ? Sɛ wopɛ a, wubedi aduaba no nyinaa, a worentwa fã a aporɔw no mpo nkyene; wubetumi nso atow aduaba no nyinaa akyene; anaa wubetumi atwa baabi a aporɔw no akyene na woadi nea aka no. Emu nea ɛwɔ he na anka wobɛyɛ?

2 Ɔkwan bi so no, anigyede te sɛ saa aduaba no. Ɛtɔ mmere bi a na worepɛ biribi de agyigye w’ani, nanso wuhu sɛ nea ɛwɔ hɔ nnɛ no mu dodow no ara nye, na aporɔw mpo. Enti dɛn na wobɛyɛ wɔ ho? Ebinom ani begye nea enye no ho na wɔagye wiase yi mu anigyede nyinaa atom. Ebinom nso bɛpo anigyede nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn ho nhyɛ adebɔne biara mu. Afoforo nso bɛhwɛ akwati anigyede biara a enye, na ɛtɔ mmere bi a wɔde nea asɛm nni ho no agye wɔn ani. Emu nea ɛwɔ he na wobɛyɛ na ama wode wo ho asie Onyankopɔn dɔ mu?

3. Dɛn na yɛrebesusuw ho?

3 Yɛn mu dodow no ara bɛyɛ nea ɛto so mmiɛnsa no. Yenim sɛ ehia sɛ yegye yɛn ani, nanso nneɛma a eye nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛde gye yɛn ani. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yehu anigyede a eye ne nea enye. Nanso nea edi kan no, ma yɛnhwɛ sɛnea anigyede a yɛpaw no betumi aka som a yɛsom Yehowa no.

‘YƐ NE NYINAA HYƐ ONYANKOPƆN ANUONYAM’

4. Ɛsɛ sɛ yɛn ahosohyira ka nea yɛde gye yɛn ani no sɛn?

4 Bere bi, Ɔdansefo bi a ne mfe akɔ anim a ɔbɔɔ asu afe 1946 no kae sɛ: “Mabɔ me tirim sɛ bere biara a wɔbɛma asubɔ kasa wɔ nhyiam ase no, mɛhwɛ ahu sɛ mewɔ hɔ, na metie no yiye te sɛ nea m’ankasa na merekɔbɔ asu no.” Dɛn nti na ɔkaa saa? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “M’ahosohyira a mema ɛtena m’adwenem daa no ayɛ ade titiriw a ama makɔ so adi nokware.” Wubegye atom sɛ asɛm a ɔkae no yɛ nokware. Sɛ wokɔ so kaakae wo ho sɛ woahyɛ Yehowa bɔ sɛ wode wo nkwa nyinaa bɛsom no a, ɛbɛboa wo ama woagyina pintinn. (Kenkan Ɔsɛnkafo 5:4.) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wudwinnwen w’ahosohyira ho a, ɛbɛka adwene a wukura wɔ Kristofo som adwuma no ho ne nneɛma foforo a woyɛ biara, a anigyede nso ka ho. Ɔsomafo Paulo sii saa nokwasɛm no so dua bere a ɔkyerɛw krataa kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ ne bere so no. Ɔkae sɛ: “Sɛ moredidi oo, morenom oo, moreyɛ biribi foforo biara oo, monyɛ ne nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.”—1 Korintofo 10:31.

5. Ɔkwan bɛn so na Leviticus 22:18-20 boa yɛn ma yehu sɛ Romafo 12:1 yɛ kɔkɔbɔ?

5 Biribiara a woyɛ wɔ abrabɔ mu no fa som a wosom Yehowa no ho. Krataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Romafo no mu no, ɔde asɛm bi a emu dɔ kyerɛkyerɛɛ nokwasɛm yi mu kyerɛɛ ne nuanom gyidifo. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa mo nipadua mma sɛ afɔrebɔde a ɛte ase a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani, ɔsom kronn a adwene wom.” (Romafo 12:1) W’adwene, wo koma, ne w’ahoɔden nso wɔ wo nipadua mu. Eyinom nyinaa, wode som Onyankopɔn. (Marko 12:30) Paulo kyerɛe sɛ yɛn kra nyinaa mu a yefi som no yɛ afɔrebɔ. Yehu kɔkɔbɔ bi wɔ asɛm yi mu. Mose Mmara mu no, na Onyankopɔn mpɛ afɔrebɔ a dɛm wɔ ho. (Leviticus 22:18-20) Saa ara na sɛ Kristoni som ho gu fĩ ɔkwan bi so a, Onyankopɔn mpɛ. Ɛbɛyɛ dɛn na aba saa?

6, 7. Dɛn na sɛ Kristoni yɛ a ebetumi agu ne nipadua ho fĩ, na sɛ ɛba saa a, dɛn na ebetumi asi?

6 Paulo tuu Kristofo a wɔwɔ Roma no fo sɛ: ‘Mommfa mo akwaa mmma bɔne.’ Paulo san ka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘wonkum nipadua no nneyɛe.’ (Romafo 6:12-14; 8:13) Ná wadi kan aka wɔ ne krataa no mu ma wɔahu nneɛma bi a ɛyɛ “nipadua no nneyɛe.” Ɔkaa abɔnefo ho asɛm sɛ: “Nnome . . . ahyɛ wɔn anom mã.” “Wɔn nan yɛ hare hwie mogya gu.” “Onyankopɔn ho suro nni wɔn ani so.” (Romafo 3:13-18) Sɛ Kristoni de ‘n’akwaa’ yɛ nneɛma bɔne a ɛtete saa a, ne nipadua ho begu fĩ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɛnnɛ, sɛ Kristoni hyɛ da hwɛ nneɛma a ɛyɛ abofono te sɛ ponografi anaa awudisɛm de gye n’ani a, na ‘ɔde n’ani rema bɔne’; sɛ ɛba saa a na wagu ne nipadua nyinaa ho fĩ. Ɔsom biara a ɔde bɛma no bɛyɛ te sɛ afɔre a ɛho ntew ma enti Onyankopɔn ani rennye ho. (Deuteronomium 15:21; 1 Petro 1:14-16; 2 Petro 3:11) Anigyede a ɛmfata a ɔhwɛe nti, hwɛ ade kɛse ara a wahwere!

7 Ɛda adi sɛ, nea Kristoni de gye n’ani no betumi ama wahwere ade paa. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛpaw anigyede a ɛbɛma afɔre a yɛde rema Onyankopɔn no ayɛ nea edi mũ, na mmom ɛnyɛ nea ɛbɛma ɛho agu fĩ. Afei ma yɛnhwɛ akwan a yɛbɛfa so ahu anigyede a ɛfata ne nea ɛmfata.

“MUNKYI BƆNE”

8, 9. (a) Yebetumi akyɛ anigyede mu ayɛ no akuw mmienu bɛn? (b) Anigyede bɛn na yɛpo, na dɛn ntia?

8 Yebetumi akyɛ anigyede mu ayɛ no akuw mmienu. Baako deɛ, ɛnsɛ sɛ Kristofo de gye wɔn ani koraa; nea aka no deɛ, Kristofo betumi apaw sɛ wɔde begye wɔn ani anaa wɔremfa nnye wɔn ani. Ma yensusuw nea edi kan no ho—nea ɛnsɛ sɛ Kristofo de gye wɔn ani no.

9 Yehui wɔ Ti 1 no mu sɛ anigyede bi wɔ hɔ a Bible kasa tia nea ɛwom no pefee. Emu bi ne Intanɛt ne sini ne TV ne nnwom a atirimɔdensɛm, ahonhonsɛm, anaa ponografi frafra mu ne nea ɛhyɛ ɔbrasɛe ho nkuran no. Ɛte sɛ nea asɛm biara nni abofonode a ɛtete saa a nkurɔfo de gye wɔn ani yi ho, nanso etia Bible nnyinasosɛm anaa Bible mmara ma enti ɛsɛ sɛ Kristofo po. (Asomafo Nnwuma 15:28, 29; 1 Korintofo 6:9, 10; Adiyisɛm 21:8) Sɛ woamfa nneɛma a ɛtete saa annye w’ani a, wobɛma Yehowa ahu ampa sɛ ‘wukyi bɔne’ na ‘wotwe wo ho fi bɔne ho’ bere nyinaa. Sɛ woyɛ saa a, na ɛkyerɛ sɛ wowɔ ‘ɔdɔ a nyaatwom nni mu.’—Romafo 12:9; Dwom 34:14; 1 Timoteo 1:5.

10. Adwene a ɛyɛ hu bɛn na nkurɔfo anya wɔ anigyede ho, na dɛn ntia?

10 Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ wobetumi de nneɛma a ɔbrasɛe ho mfonini wom agye wɔn ani nanso ɛrenyɛ wɔn hwee. Wɔka sɛ, ‘Metumi ahwɛ wɔ sini mu anaa TV so nanso merenyɛ biribi a ɛte saa da.’ Adwene a ɛte saa yɛ nnaadaa, na ɛyɛ hu. (Kenkan Yeremia 17:9.) Sɛ yɛhwɛ nneɛma a Yehowa kasa tia de gye yɛn ani a, so yebetumi aka sɛ ‘yekyi bɔne’ ampa? Sɛ yɛtaa hwɛ nneɛma a ɛmfata na yɛkenkan ho ade, anaa yetie a, yɛremfa no sɛ ɛyɛ bɔne bio. (Dwom 119:70; 1 Timoteo 4:1, 2) Sɛ yɛyɛ saa a, ebetumi aka nea yɛyɛ anaa sɛnea yebu afoforo nneyɛe bɔne.

11. Ɛfa anigyede ho no, ɔkwan bɛn so na Galatifo 6:7 yɛ nokware?

11 Ebinom ayɛ saa. Esiane nea Kristofo binom taa de gye wɔn ani nti, wɔde wɔn ho ahyɛ ɔbrasɛe mu. Awerɛhosɛm a ato wɔn no ama wɔahu ampa sɛ “nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7) Nanso anka wobetumi akwati awerɛhosɛm a ɛte saa. Sɛ wohwɛ wo ho yiye na wode adepa dua w’adwene mu a, wode anigye betwa aba pa wɔ w’abrabɔ mu.—Hwɛ adaka a n’asɛmti ne, “ Dɛn na Ɛsɛ sɛ Mede Gye M’ani?

FA BIBLE NNYINASOSƐM SI WO GYINAE

12. Ɔkwan bɛn so na Galatifo 6:5 fa anigyede ho, na akwankyerɛ bɛn na yebetumi de asi yɛn ankasa gyinae?

12 Afei ma yensusuw anigyede a ɛto so mmienu no ho—anigyede a Onyankopɔn Asɛm nkasa ntia emu nneɛma pefee anaa ɛnka no pen sɛ eye. Sɛ yɛde biribi a ɛtete saa regye yɛn ani a, Kristoni biara besi ne gyinae wɔ nea n’adwene yɛ no sɛ eye no ho. (Kenkan Galatifo 6:5.) Eyi mu mpo no, yɛwɔ akwankyerɛ. Nnyinasosɛm anaa nsɛm a ɛho hia wɔ Bible mu a ɛboa yɛn ma yehu Yehowa adwene wɔ nneɛma ho. Sɛ yɛhwehwɛ nnyinasosɛm a ɛtete saa mu a, yebetumi ahu “Yehowa apɛde” wɔ biribiara mu, a nea yɛde gye yɛn ani nso ka ho.—Efesofo 5:17.

13. Dɛn na ɛbɛma yɛakwati anigyede a ebetumi ama Yehowa bo afuw?

13 Ɛsono Kristoni biara ne sɛnea ohu papa ne bɔne mu nsonsonoe, na ntease wom. (Filipifo 1:9) Bio nso, Kristofo nim sɛ obiara betumi apaw nea ɔde begye n’ani. Enti ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ Kristofo nyinaa ani begye ade baako ho. Ɛno mpo, sɛ yɛde yɛn adwene ne yɛn koma si Onyankopɔn nnyinasosɛm so kɛse a, ɛremma yɛmfa yɛn ho nhyɛ anigyede biara a ebetumi ama Yehowa bo afuw mu.—Dwom 119:11, 129; 1 Petro 2:16.

14. (a) Sɛ yɛrepɛ nea yɛde begye yɛn ani a, dɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho? (b) Yɛbɛyɛ dɛn de Ahenni nneɛma adi kan?

14 Sɛ worepɛ nea wode begye w’ani a, ade foforo nso wɔ hɔ a ehia sɛ wususuw ho: wo bere. Anigyede no mu nneɛma ma wuhu nea eye, nanso bere tenten a wode gye w’ani no ma nkurɔfo hu nea ehia wo. Nokwarem no, Kristofo de, nea ehia wɔn paa ne nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho. (Kenkan Mateo 6:33.) Ɛnde, dɛn na wubetumi ayɛ na ama woakɔ so de Ahenni nneɛma adi kan? Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Monhwɛ yiye paa na sɛnea monantew no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo, na montɔ bere a mubenya biara.” (Efesofo 5:15, 16) Ampa ara, sɛ wohyɛ wo ho so wɔ bere dodow a wode begye w’ani no ho a, ɛbɛboa wo ama woanya bere ama “nneɛma a ehia koraa no”—nneɛma a ɛbɛma woanya nkɔso wɔ wo som mu.—Filipifo 1:10.

15. Sɛ yɛrepɛ nea yɛde begye yɛn ani a, dɛn nti na nyansa wom sɛ yɛyɛ ahwɛyiye boro so kakra mpo?

15 Afei nso, nyansa wom sɛ yɛyɛ ahwɛyiye boro so kakra mpo bere a yɛrepɛ nea yɛde begye yɛn ani no. Dɛn na eyi kyerɛ? Kae aduaba a yɛde yɛɛ mfatoho no. Nea ɛbɛyɛ na wunni aduaba no fã a aporɔw no ketewaa bi mpo no, ɛnyɛ baabi a aporɔw no nko na wubetwa akyene na mmom wubetwa akɔ akyiri kakra. Saa ara na nyansa wom sɛ yɛhwɛ yiye paa wɔ nea yɛde gye yɛn ani no ho. Ɛnyɛ anigyede a etia Bible nnyinasosɛm pefee nko na Kristoni a n’adwenem da hɔ bɛtwe ne ho afi ho, na mmom nea asɛm wɔ ho biara, anaa nea ayɛ sɛ emu nsɛm betumi asɛe ɔne Yehowa ntam no nso. (Mmebusɛm 4:25-27) Sɛ wutie Onyankopɔn Asɛm mu afotu yiye a, ɛbɛboa wo ama woayɛ saa.

“BIRIBIARA A ƐHO TEW”

Sɛ yɛrepɛ nea yɛbɛyɛ de agye yɛn ani na sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma a, ɛbɔ yɛn som ho ban

16. (a) Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa adwene wɔ abrabɔ pa ho no bi? (b) Ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ mmerɛw ama wo sɛ wode Bible nnyinasosɛm bɛyɛ adwuma?

16 Sɛ nokware Kristofo repɛ nea wɔde begye wɔn ani a, wodi kan hwɛ Yehowa adwene wɔ ho. Bible ma yehu sɛnea Yehowa te nka ne ne nnyinasosɛm. Ɛho nhwɛso ni: Ɔhene Solomon kyerɛɛ nneɛma bi a Yehowa kyi. Ebi ne “atoro tɛkrɛma, ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu, koma a ɛbɔ pɔw bɔne, nan a etu mmirika kɔ bɔne mu.” (Mmebusɛm 6:16-19) Ɛsɛ sɛ Yehowa adwene ka w’adwene sɛn? Odwontofo no tu yɛn fo sɛ: “O mo a modɔ Yehowa nyinaa, munkyi bɔne.” (Dwom 97:10) Ehia sɛ nea wode gye w’ani no ma ɛda adi ampa sɛ nea Yehowa kyi no, wo nso wukyi. (Galatifo 5:19-21) Kae nso sɛ, nea woyɛ wɔ ahintawee mu no na ɛma yehu onipa kõ a woyɛ ankasa na ɛnyɛ nea woyɛ wɔ nnipa mu no. (Dwom 11:4; 16:8) Enti sɛ wuyi wo koma mu sɛ wobɛyɛ biribiara ma ɛne Yehowa adwene ahyia wɔ abrabɔ pa ho a, ɛbɛma woayɛ nea ɛne Bible nnyinasosɛm hyia bere nyinaa. Sɛ ɛba saa a, ne yɛ bɛyɛ mmerɛw ama wo.—2 Korintofo 3:18.

17. Sɛ yɛrepɛ biribi agye yɛn ani a, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan bisa?

17 Dɛn bio na wubetumi ayɛ de ahwɛ sɛ nea wobɛyɛ no ne Yehowa adwene hyia bere a worepɛ nea wode begye w’ani no? Wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘Ɛbɛka me sɛn, na ɛbɛka me ne Onyankopɔn ayɔnkofa sɛn?’ Enti sɛ woredwen ho sɛ wobɛhwɛ sini bi a, di kan bisa wo ho sɛ, ‘Sini yi mu nsɛm bɛka m’ahonim sɛn?’ Ma yɛnhwɛ nnyinasosɛm a ɛfa asɛm yi ho.

18, 19. (a) Ɔkwan bɛn so na nnyinasosɛm a ɛwɔ Filipifo 4:8 no betumi aboa yɛn ama yɛahu sɛ ade a yɛde gye yɛn ani no fata? (b) Nnyinasosɛm foforo bɛn na ebetumi aboa wo ama woapaw anigyede a eye? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

18 Nnyinasosɛm a ehia paa bi wɔ Filipifo 4:8. Ɛhɔ ka sɛ: “Biribiara a ɛyɛ nokware, biribiara a ɛsom bo, biribiara a ɛteɛ, biribiara a ɛho tew, biribiara a ɛyɛ fɛ, biribiara a wɔka ho asɛm pa, ɔbra pa biara a ɛwɔ hɔ ne biribiara a ɛsɛ ayeyi no, monkɔ so nsusuw saa nneɛma yi ho.” Ɛnyɛ anigyede ho asɛm na na Paulo reka; mmom na ɛfa komam nsusuwii ho, kyerɛ sɛ, nneɛma a Onyankopɔn ani gye ho. (Dwom 19:14) Nanso yebetumi de Paulo nsɛm no mu nnyinasosɛm adi dwuma wɔ anigyede ho. Ɔkwan bɛn so?

19 Bisa wo ho sɛ, ‘So sini a mehwɛ, video so agorɔ a midi, nnwom a mitie anaa anigyede afoforo ma mede “biribiara a ɛho tew” hyɛ m’adwene mu?’ Sɛ wohwɛ sini bi wie a, dɛn ho mfonini na ɛba w’adwenem kɛse? Sɛ ɛyɛ nea ɛho tew, ɛma w’ani gye, na ɛma wo akomatɔyam a, ɛnde na ɛkyerɛ sɛ nea wode gyee w’ani no fata. Nanso sɛ sini a wohwɛe no ma wudwinnwen nneɛma a ɛho ntew ho a, na ɛkyerɛ sɛ asɛm wɔ anigyede no ho, na enye mpo. (Mateo 12:33; Marko 7:20-23) Dɛn ntia? Efisɛ sɛ wudwinnwen nneɛma a ɛho ntew ho a, ɛremma w’asom nnwo wo, ɛbɛsɛe w’ahonim a wode Bible atete no no, na ebetumi asɛe wo ne Onyankopɔn ntam. (Efesofo 5:5; 1 Timoteo 1:5, 19) Esiane sɛ anigyede a ɛtete saa betumi adi wo awu nti, si wo bo sɛ wobɛtwe wo ho afi ho. * (Romafo 12:2) Yɛ w’ade te sɛ odwontofo no. Ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Mma m’aniwa nnhwɛ ahuhude.”—Dwom 119:37.

HWEHWƐ AFOFORO YIYEDI

20, 21. Asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 10:23, 24 no fa anigyede a ɛfata ho sɛn?

20 Paulo kyerɛɛ Bible nnyinasosɛm titiriw bi a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ansa na yɛasi gyinae wɔ nneɛma ho. Ɔkae sɛ: “Hokwan wɔ hɔ ma ade nyinaa; nanso ɛnyɛ ne nyinaa na ɛhyɛ den. Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ne nko, na mmom ne yɔnko nso de.” (1 Korintofo 10:23, 24) Nnyinasosɛm yi fa anigyede a ɛfata a yɛbɛpaw ho sɛn? Ehia sɛ wubisa wo ho sɛ, ‘Nea meyɛ de gye m’ani no bɛka afoforo sɛn?’

21 Nneɛma bi wɔ hɔ a w’ahonim bɛma wo ‘kwan’ anaa ɛrenhaw wo sɛ wode begye w’ani. Nanso sɛ wuhu sɛ ɛbɛhaw wo nuanom gyidifo a wɔn ahonim mma wɔn kwan wɔ nneɛma bi mu a, ebia wobɛyɛ w’adwene sɛ woremfa nnye w’ani. Dɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wompɛ sɛ ɛbɛyɛ den ama wo nuanom gyidifo sɛ wobedi Onyankopɔn nokware, efisɛ sɛnea Paulo kae no, ɛbɛma woayɛ wo ‘nuanom’ anaa mpo “Kristo bɔne.” Ɛsɛ sɛ wutie afotu yi: “Monhwɛ na moanto . . . hintidua.” (1 Korintofo 8:12; 10:32) Nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ tie Paulo afotu pa a emu dɔ yi ma enti wɔmfa biribi a wɔwɔ “hokwan” nanso ‘ɛnhyɛ den’ nnye wɔn ani.—Romafo 14:1; 15:1.

22. Dɛn nti na Kristofo nhyɛ afoforo wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ obiara si ho gyinae mu?

22 Afoforo yiyedi a yɛbɛhwehwɛ yi mu no, biribi foforo wɔ hɔ a ehia sɛ yedwen ho. Sɛ Kristoni a n’ahonim mma no kwan wɔ nneɛma bi mu no bu anigyede bi sɛ ɛmfata a, ɛnsɛ sɛ ɔde saa adwene no hyɛ Kristofo foforo so. Sɛ ɔyɛ saa a, ɛbɛyɛ te sɛ ɔhyɛnkafo a ɔpɛ sɛ ahyɛnkafo foforo a wɔnam saa kwan no so no nyinaa tu mmirika te sɛ ɔno. Saa adwene no nyɛ adwempa. Ɔdɔ a Kristofo wɔ nti, sɛ obi ahonim mma no kwan wɔ nneɛma bi mu a, ɛnsɛ sɛ ɔkasa tia ne nuanom gyidifo a ɛsono adwene a wɔwɔ wɔ anigyede ho bere a nea wɔn ani gye ho no mmu Bible nnyinasosɛm so no. Sɛ wankasa antia wɔn a, ɔbɛma ‘nnipa nyinaa ahu ne ntease.’—Filipifo 4:5; Ɔsɛnkafo 7:16.

23. Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi de nneɛma a ɛfata agye w’ani?

23 Sɛ yebetwa ne tiawa a, wobɛyɛ dɛn ahwɛ sɛ nea wode gye w’ani no fata? Mfa aguamansɛm ho biribiara a ɛyɛ abofono a Onyankopɔn Asɛm kasa tia pefee no nnye w’ani da. Sɛ Bible nhyɛ da nkasa ntia anigyede bi a, fa Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma. Mfa nneɛma a ɛbɛsɛe w’ahonim nnye w’ani, na sɛ anigyede bi betumi ahaw afoforo ahonim, titiriw wo nuanom gyidifo a, fi wo pɛ mu twe wo ho. Sɛ wusi wo bo saa a, wobɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam na wo ne w’abusua de mo ho asie Onyankopɔn dɔ mu.

^ nky. 19 Nnyinasosɛm afoforo a ɛfa anigyede ho wɔ Mmebusɛm 3:31; 13:20; Efesofo 5:3, 4; ne Kolosefo 3:5, 8, 20.