Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 5

Sɛnea Yɛbɛtwe Yɛn Ho Afi Wiase no Ho

Sɛnea Yɛbɛtwe Yɛn Ho Afi Wiase no Ho

“Monyɛ wiase no fã.”—YOHANE 15:19.

1. Anadwo a Yesu rebewu no, dɛn na ɔka sii so dua?

ANADWO a Yesu rebewu no, ɔkaa nsɛm bi de kyerɛe sɛ odwen nea ɛbɛto n’akyidifo daakye no ho yiye. Ɔbɔɔ asɛm no ho mpae mpo ka kyerɛɛ n’Agya sɛ: “Mensrɛ sɛ yi wɔn fi wiase, na mmom mesrɛ sɛ hwɛ wɔn so esiane ɔbɔnefo no nti. Wɔnyɛ wiase no fã sɛnea menyɛ wiase no fã no.” (Yohane 17:15, 16) Sɛnea Yesu fi koma mu bɔɔ mpae yi ma yehu sɛ na ɔdɔ n’akyidifo no yiye, na asɛm a anadwo no na wadi kan aka akyerɛ wɔn mu bi no yɛ asɛnhia. Saa bere no ɔkae sɛ: “Monyɛ wiase no fã.” (Yohane 15:19) Yehu pefee sɛ na ɛho hia Yesu paa sɛ n’akyidifo no bɛtwe wɔn ho afi wiase no ho!

2. “Wiase” bɛn na Yesu kaa ho asɛm no?

2 “Wiase” a Yesu kaa ho asɛm no yɛ adesamma a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho a Satan di wɔn so no nyinaa. Satan su bi te sɛ pɛsɛmenkominya ne ahantan de wɔn ayɛ nkoa. (Yohane 14:30; Efesofo 2:2; 1 Yohane 5:19) “Wiase [yi] adamfofa yɛ tan a wɔtan Onyankopɔn” ampa. (Yakobo 4:4) Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtena Onyankopɔn dɔ mu no nyinaa atumi atena wiase yi mu na wɔatwe wɔn ho afi ho? Yɛbɛhwɛ akwan nnum a yɛbɛfa so ayɛ saa. Ɛne sɛ yebedi Onyankopɔn Ahenni a Kristo di so no nokware na yɛatwe yɛn ho afi wiase no amanyɔsɛm ho; yɛbɛko atia wiase honhom; yɛde fɛre besiesie yɛn ho; yɛbɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ anaa yɛrenyɛ akɛsesɛm; na yɛahyɛ akode a efi Onyankopɔn hɔ no.

DI NOKWARE NA TWE WO HO FI AMANYƆSƐM HO

3. (a) Yesu buu amanyɔsɛm a na ɛrekɔ so wɔ ne bere so no sɛn? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no yɛ ahemmɔfo? (Fa ase hɔ asɛm no ka ho.)

3 Yesu bere so no, wamfa ne ho anhyehyɛ amanyɔsɛm mu, na mmom nea na ehia no ne sɛ ɔbɛka Onyankopɔn Ahenni a ɔno na obedi so hene no ho asɛm. (Daniel 7:13, 14; Luka 4:43; 17:20, 21) Enti bere a Yesu gyina Roma Amrado Pontio Pilato anim no, ɔkae sɛ: “M’ahenni mfi wiase.” (Yohane 18:36) Yesu akyidifo anokwafo ka saa Ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo de suasua ne nhwɛso no, na wɔde kyerɛ sɛ wogyina Kristo ne n’Ahenni no akyi. (Mateo 24:14) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛyɛ ahemmɔfo a yesi Kristo ananmu, te sɛ nea Onyankopɔn nam yɛn so resrɛ. Yegyina Kristo ananmu srɛ sɛ: ‘Momma wɔmpata mo mmra Onyankopɔn nkyɛn.’” *2 Korintofo 5:20.

4. Dɛn na nokware Kristofo nyinaa ayɛ de akyerɛ sɛ wogyina Onyankopɔn Ahenni no akyi? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Tete Kristofo Twee Wɔn Ho Fii Wiase no Ho.”)

4 Esiane sɛ ahemmɔfo gyina wɔn man ananmu wɔ ɔman foforo so nti, wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ ɔman a wɔakɔtena mu no amanyɔsɛm mu; wonnyina obiara afã. Mmom no, ahemmɔfo yi boa ma ɔman a wofi mu no aban nhyehyɛe kɔ so. Saa ara na Kristo akyidifo a wɔasra wɔn a wɔyɛ “ɔman mma wɔ soro” no nso te. (Filipifo 3:20) Ahenni asɛnka adwuma a wɔreyɛ no denneennen no nti, wɔaboa Kristo “nguan foforo” ɔpepem pii ma ‘wɔapata wɔn aba Onyankopɔn nkyɛn.’ (Yohane 10:16; Mateo 25:31-40) Nguan foforo yi ayɛ sɛ Kristo asomfo a wɔboa Yesu nuanom a wɔasra wɔn no. Akuw mmienu yi nyinaa aka abom reka Mesia Ahenni no ho asɛm na wɔatwe wɔn ho afi wiase no amanyɔsɛm ho koraa.—Kenkan Yesaia 2:2-4.

5. Nsonsonoe bɛn na ɛda Kristofo asafo no ne tete Israelfo no ntam, na nsonsonoe yi ma Kristofo yɛ wɔn ade sɛn?

5 Ɛnyɛ nokware a Kristofo amapa bedi ama Kristo no nko ara nti na wɔtwe wɔn ho fi amanyɔsɛm ho. Onyankopɔn maa tete Israelfo no asase pɔtee bi tenaa so. Yɛn deɛ, yɛyɛ anuanom a yefi aman pii mu. (Mateo 28:19; 1 Petro 2:9) Enti sɛ yekogyina amanyɔkuw bi akyi wɔ ɔman bi mu a, yɛrentumi mfa ahotoso nka Ahenni asɛm no, na ɛbɛsɛe baakoyɛ a Kristofo wɔ no koraa. (1 Korintofo 1:10) Bio nso, sɛ ɔko si a, ɛbɛma yɛatwa yɛn ho ne yɛn nuanom Kristofo ako bere a Bible hyɛ yɛn sɛ yɛnnɔ wɔn no. (Yohane 13:34, 35; 1 Yohane 3:10-12) Enti bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmfa wɔn nkrante ngu hɔ no, na ntease wom. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnɔ wɔn atamfo mpo.—Mateo 5:44; 26:52; hwɛ adaka a n’asɛmti ne, “ So Matwe Me Ho Afi Amanyɔsɛm Ho?

6. Esiane sɛ woahyira wo ho so ama Onyankopɔn nti, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wo ne Kaesare di?

6 Yɛn, nokware Kristofo deɛ, yɛahyira yɛn nkwa so ama Onyankopɔn, na ɛnyɛ onipa bi, anaa nnipa nhyehyɛe bi, anaa ɔman bi. Wɔaka wɔ 1 Korintofo 6:19, 20 sɛ: “Monyɛ mo ankasa dea, efisɛ wɔtɔɔ mo aboɔden.” Enti Yesu akyidifo di atumfoɔ ni, wotua wɔn tow, na wɔbrɛ wɔn ho ase ma wɔn, na wɔyɛ saa de “Kaesare” de ma no. Bere koro no ara nso wɔde ‘Onyankopɔn de ma Onyankopɔn.’ (Marko 12:17; Romafo 13:1-7) Akwan a wɔfa so yɛ saa no bi ne wɔn som adwuma, wɔn dɔ a efi ɔkra nyinaa mu, wɔn nokwaredi, ne wɔn setie. Sɛ ehia a, wɔde wɔn nkwa betwa so ama Onyankopɔn som.—Luka 4:8; 10:27; kenkan Asomafo Nnwuma 5:29; Romafo 14:8.

KO TIA “WIASE HONHOM”

7, 8. Dɛn ne “wiase honhom,” na ɔkwan bɛn so na “ɛyɛ adwuma” wɔ nnipa asoɔdenfo mu?

7 Ɔkwan foforo a Kristofo fa so twe wɔn ho fi wiase ho ne sɛ wɔko tia wiase honhom a enye no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a efi Onyankopɔn hɔ.” (1 Korintofo 2:12) Ɔka kyerɛɛ Efesofo no sɛ: “Emu na bere bi monantew sɛnea wiase . . . yi te, sɛnea mframa a ɛrebɔ no panyin pɛ; ɛno ne honhom a seesei ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu no.”—Efesofo 2:2, 3.

8 Wiase “mframa,” anaa wiase honhom yɛ tumi a yenhu a epiapia nkurɔfo ma wɔyɛ Onyankopɔn so asoɔden, na ɛma wodi “ɔhonam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ” akyi. (1 Yohane 2:16; 1 Timoteo 6:9, 10) Nea ɛma yehu sɛ wiase honhom no ano yɛ den ne honam akɔnnɔ bɔne a ɛma nnipa nya, sɛnea etumi daadaa nkurɔfo, ne sɛnea ɛwɔ baabiara te sɛ mframa no, na ennyae da. Bio nso, “ɛyɛ adwuma” wɔ nnipa asoɔdenfo mu nkakrankakra, na ɛma wonya subammɔne bi te sɛ pɛsɛmenkominya, ahantan, ne anibere, na wɔbɔ bra biara a wɔpɛ na wɔtew atua. * Yebetwa no tiawa a, wiase honhom ma Ɔbonsam suban no bi ba nnipa koma mu nkakrankakra.—Yohane 8:44; Asomafo Nnwuma 13:10; 1 Yohane 3:8, 10.

9. Akwan bɛn na wiase honhom betumi afa so aka yɛn adwene ne yɛn koma?

9 So wiase honhom betumi agye ntini wɔ w’adwene ne wo koma mu? Sɛ yɛamma yɛn ani anna hɔ a, ebetumi aba saa. (Kenkan Mmebusɛm 4:23.) Mpɛn pii no, sɛ efi ase a wunhu. Ebetumi ayɛ wo sɛ nnipa a wo ne wɔn bɔ no bu bra pa, nanso ebia na wɔnnɔ Yehowa. (Mmebusɛm 13:20; 1 Korintofo 15:33) Akwan foforo a wubetumi afa so anya honhom a enye yi bi ne nhoma a ɛmfata, aguamansɛm ne awaefo nsɛm a egu Intanɛt so, anigyede a ɛmfata, agokansi a emu yɛ den—sɛ yɛbɛka a, onipa biara anaa biribiara a ɛma Satan anaa wiase a odi so no adwene da adi.

10. Yɛbɛyɛ dɛn ako atia wiase honhom?

10 Sɛ yɛmpɛ sɛ wiase honhom wia yɛn na yɛpɛ sɛ yɛde yɛn ho sie Onyankopɔn dɔ mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛde Yehowa som mu nhyehyɛe nyinaa yɛ adwuma na yɛbɔ mpae daa srɛ ne honhom kronkron. Yehowa sõ sen Ɔbonsam ne wiase bɔne a odi so no koraa. (1 Yohane 4:4) Enti hwɛ hia a ehia sɛ yɛbɔ Yehowa mpae daa na ama yɛabɛn no!

FA FƐRE SIESIE WO HO

11. Wiase honhom ma nkurɔfo siesie wɔn ho wɔ ɔkwan bɛn so?

11 Sɛnea obi siesie ne ho ne sɛnea odi ne ho ni no ma yehu tumi a epiapia no. Aman pii so no, nkurɔfo nsiesie wɔn ho yiye koraa ma enti obi a ɔyɛ TV so dwumadi bi kae sɛ, sɛnea mmabaa siesie wɔn ho nnansa yi nti, yenhu wɔn a wɔyɛ tuutuufo ne wɔn a wɔnyɛ bi. Atesɛm krataa bi kae sɛ mmeawa a wonnya nnii mfe 13 mpo siesie wɔn ho saa ara—“wɔhyɛ ntade ntiantiaa ma wɔn ho gu hɔ.” Ade foforo nso ne sɛ ebinom siesie wɔn ho basaa te sɛ atuatewfo anaa nnipa a wommu wɔn ho.

12, 13. Nnyinasosɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma wɔ yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie mu?

12 Yehowa nkoa deɛ, ɛfata sɛ yesiesie yɛn ho yiye. Eyi kyerɛ sɛ yebesiesie yɛn ho kama na yɛahyɛ ntade a ɛho tew a ani da hɔ na ɛfata nea yɛreyɛ biara. Ɛsɛ sɛ yɛde “fɛre ne adwenemtew” siesie yɛn ho bere nyinaa, efisɛ ɛne “nnwuma pa” fata wɔn a “wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn”—mmarima ne mmea nyinaa. Nanso ɛnyɛ nea ehia yɛn kɛse ne sɛ yɛbɛma nnipa adwene aba yɛn so, na mmom sɛ ‘yɛde yɛn ho besie Onyankopɔn dɔ mu.’ (1 Timoteo 2:9, 10; Yuda 21) Enti ɛsɛ sɛ yɛn ahosiesie a yɛbɛma ayɛ kama no yɛ “komam nipa a wahintaw . . . ; eyi na ɛsom bo Onyankopɔn anim.”—1 Petro 3:3, 4.

13 Ma yɛnkae nso sɛ, ntade a yɛhyɛ ne sɛnea yesiesie yɛn ho no betumi ama afoforo anya nokware som ho adwempa anaa adwemmɔne. Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “fɛre” no, sɛ wɔde reka abrabɔ ho asɛm a, ɛkyerɛ nidi ne obu a yebenya ama afoforo atenka anaa wɔn adwenkyerɛ. Enti nea ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae ne sɛ yɛremma yɛn ahosiesie nhaw afoforo ahonim. Nea ɛsen ne nyinaa no, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ Yehowa ne ne nkurɔfo anuonyam na yɛma afoforo hu sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo, na yɛyɛ ‘ade nyinaa de hyɛ Onyankopɔn anuonyam.’—1 Korintofo 4:9; 10:31; 2 Korintofo 6:3, 4; 7:1.

M’ahosiesie hyɛ Yehowa anuonyam anaa?

14. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho fa yɛn ahosiesie ne ahotew ho?

14 Sɛ yɛrekɔ asɛnka anaa Kristofo nhyiam a, ɛsɛ sɛ yɛn ntadehyɛ, yɛn ahosiesie, ne yɛn ahotew ho hia yɛn kɛse. Bisa wo ho sɛ: ‘So m’ahosiesie ne sɛnea midi me ho ni no ma nkurɔfo adwene ba me so dodo? Ɛhaw afoforo anaa? Nea mepɛ biara na mehyɛ ma enti sɛ amma mannya ɔsom hokwan bi wɔ asafo no mu mpo a, ɛnhaw me?’—Dwom 68:6; Filipifo 4:5; 1 Petro 5:6.

15. Dɛn nti na Onyankopɔn Asɛm nhyehyɛ ahosiesie, ntadehyɛ, ne ahotew ho mmara pii?

15 Bible nhyehyɛɛ ahosiesie, ntadehyɛ, ne ahotew ho mmara pii mmaa Kristofo. Yehowa pɛ sɛ yɛde yɛn adwene yɛ adwuma, enti ɛnyɛ biribiara na wahyɛ ho mmara. Mmom no, ɔpɛ sɛ yɛyɛ nnipa a wɔn ho akokwaw a wotumi de Bible nnyinasosɛm susuw nneɛma ho na ‘wɔde wɔn adwene yɛ adwuma tete no ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’ (Hebrifo 5:14) Nea ɛsen biribiara no, nea ɔpɛ sɛ yɛde bɔ yɛn bra ne ɔdɔ—Onyankopɔn ho dɔ ne yɔnkodɔ. (Kenkan Marko 12:30, 31.) Ntadehyɛ ne ahosiesie ho mmara wɔ hɔ deɛ, nanso akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so asiesie yɛn ho. Yetumi hu saa bere a Yehowa nkurɔfo pii de anigye ahyiam no. Ɛwom sɛ wofi mmeae mmeae deɛ, nanso wosiesie wɔn ho wɔ akwan pii so ma ɛyɛ fɛ.

YƐ WO HO AWIƐMFOƆ

16. Dɛn nti na wiase honhom ne Yesu nkyerɛkyerɛ nhyia, na nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

16 Wiase honhom adaadaa nkurɔfo na apiapia nnipa ɔpepem pii ama wɔanya adwene sɛ sika ne ahonyade na ɛbɛma wɔn ani agye. Nanso Yesu kae sɛ: “Sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.” (Luka 12:15) Yesu anka sɛ yɛmfa anigye nkame yɛn ho anaa yentua yɛn ho nneɛma bi. Mmom ɔkyerɛkyerɛe sɛ nnipa a wobenya nkwa ne anigye ankasa ne wɔn a “wonim wɔn honhom mu ahiade” ne wɔn a wɔyɛ wɔn ho awiɛmfoɔ, kyerɛ sɛ, wɔde wɔn adwene nyinaa si Onyankopɔn som so. (Mateo 5:3; 6:22) Bisa wo ho sɛ: ‘Migye nea Yesu kyerɛkyerɛe no di ankasa, anaa “atoro agya” no redaadaa me? (Yohane 8:44) Nsɛm a meka, botae a esisi m’ani so, nea ehia me kɛse, ne sɛnea mebɔ me bra no kyerɛ sɛ meyɛ onipa bɛn?’—Luka 6:45; 21:34-36; 2 Yohane 6.

17. Mfaso a wɔn a wɔyɛ wɔn ho awiɛmfoɔ nya no bi ne sɛn?

17 Yesu kae sɛ: “Nyansa nam ne nnwuma so di bem.” (Mateo 11:19) Yɛnhwɛ mfaso a wɔn a wɔyɛ wɔn ho awiɛmfoɔ nya no bi. Ahenni adwuma no ma wonya akomatɔyam ankasa. (Mateo 11:29, 30) Wonnwinnwen pii nhaw wɔn ho ma enti wɔkwati ɔhaw ne yaw pii. (Kenkan 1 Timoteo 6:9, 10.) Wɔn ani sɔ nea wɔwɔ, na ɛma wonya bere ma wɔn mmusua na wotumi ne wɔn nuanom Kristofo bɔ. Ɛma wɔn nna yɛ wɔn dɛ. (Ɔsɛnkafo 5:12) Wɔn ani gye kɛse efisɛ wɔyɛ nea wobetumi biara de kyɛ ade. (Asomafo Nnwuma 20:35) Ɛma ‘wɔboro so anidaso mu,’ na wonya asomdwoe ne akomatɔyam. (Romafo 15:13; Mateo 6:31, 32) Nhyira biara nni hɔ a ɛkyɛn eyi!

HYƐ “AKODE A EFI ONYANKOPƆN HƆ NO NYINAA”

18. Bible ka yɛn tamfo no, akwan a ɔfa so, ne yɛn apereperedi no ho asɛm sɛn?

18 Satan pɛ sɛ anigye ne daa nkwa bɔ Kristofo, enti Onyankopɔn bɔ wɔn a wɔde wɔn ho sie ne dɔ mu no ho ban na Satan ansɛe wɔn som. (1 Petro 5:8) Paulo kae sɛ: “Ɛnyɛ yɛne mogya ne ɔhonam na ɛredi asi, na mmom yɛne nniso ahorow, tumidi, wiase yi sum mu atumfoɔ, ne ahonhommɔne dɔm a wɔwɔ soro hɔnom na anya.” (Efesofo 6:12) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ɛredi asi” no, nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ obi ne obi retentam. Bio nso, nsɛmfua bi te sɛ “nniso,” “tumidi” ne “wiase . . . atumfoɔ” no kyerɛ sɛ wɔn a wɔwɔ ahonhom atenae a wɔne yɛn redi ako no wɔ nhyehyɛe a edi mu a wɔde reyɛ adwuma.

19. Kyerɛ sɛnea Kristofo honhom fam akode no te.

19 Nanso ɛmfa ho sɛ yɛyɛ nnipa a yɛyɛ mmerɛw na yɛtɔ sin no, yebetumi adi nkonim. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Gye sɛ yɛhyɛ “akode a efi Onyankopɔn hɔ no nyinaa.” (Efesofo 6:13) Wɔka saa akode no ho asɛm wɔ Efesofo 6:14-18 sɛ: “Munnyina hɔ pintinn na momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo, na momfa asomdwoe asɛmpa no nyɛ mo nan ase mpaboa. Nea ɛsen ne nyinaa no, momfa gyidi kyɛm kɛse no a mubetumi de adum ɔbɔnefo no mmɛmma a ɛredɛw no nyinaa. Afei nso munnye nkwagye dade kyɛw [anaa anidaso] ne honhom no nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm no, na momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae bere biara wɔ honhom mu.”

20. Dɛn na ɛma yɛn tebea no yɛ soronko wɔ asraafo ankasa de ho?

20 Esiane sɛ honhom fam akode no fi Onyankopɔn hɔ nti, sɛ yɛhyɛ no bere nyinaa a, ɛrenni yɛn huammɔ da. Kristofo nte sɛ asraafo ankasa a edu baabi a wɔnkɔ ko no. Kristofo di ako bere nyinaa de pere wɔn nkwa, na wɔrennyae kosi sɛ Onyankopɔn bɛsɛe Satan wiase na ɔde ahonhommɔne nyinaa agu amoa donkudonku mu. (Adiyisɛm 12:17; 20:1-3) Enti sɛ woreko mmerɛwyɛ anaa akɔnnɔ bɔne bi a, mpa abaw, efisɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa di yɛn “nipadua nya” na ama yɛadi Yehowa nokware. (1 Korintofo 9:27) Sɛ ɛba sɛ yɛnte nka sɛ yɛredi apere a, saa bere no mmom na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye!

21. Sɛ yebetumi adi nkonim wɔ yɛn som ho akodi no mu a, gye sɛ yɛyɛ dɛn?

21 Bio nso, yɛrentumi mfa yɛn ahoɔden nni nkonim wɔ ɔko yi mu. Ne saa nti, Paulo kaee yɛn sɛ ehia sɛ yɛbɔ Yehowa “mpae bere biara wɔ honhom mu.” Bere koro no ara mu no, yetie Yehowa, enti yesua n’Asɛm, na bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, yɛne yɛn nuanom “asraafo” bɔ fekuw, efisɛ ɛnyɛ yɛn nko na yɛreko! (Filemon 2; Hebrifo 10:24, 25) Wɔn a wodi nhyehyɛe yi nyinaa so pɛpɛɛpɛ no bedi nkonim, na saa ara nso na sɛ obi kɔfa wɔn gyidi ho asɛm bi ba a, wobetumi ayi wɔn ano yiye.

SIESIE WO HO SƐ WOBƐKYERƐKYERƐ WO GYIDI MU

22, 23. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho bere nyinaa sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu, na nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho? (b) Dɛn na yɛbɛka ho asɛm wɔ ti a edi hɔ no mu?

22 Yesu kae sɛ: “Esiane sɛ monyɛ wiase no fã . . . nti, wiase no tan mo.” (Yohane 15:19) Enti ɛsɛ sɛ Kristofo siesie wɔn ho bere nyinaa sɛ wɔde obu ne odwo bɛkyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu. (Kenkan 1 Petro 3:15.) Bisa wo ho sɛ: ‘Minim nea enti a ɛtɔ mmere bi a Yehowa Adansefo nyɛ nea obiara yɛ bi no? Ɛba sɛ ɛsɛ sɛ misi gyinae a ɛbɛma mayɛ soronko a, migye di paa sɛ nea Bible ne akoa nokwafo no ka no yɛ nokware? (Mateo 24:45; Yohane 17:17) Na sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so a, so masiesie me ho sɛ mɛyɛ soronko, na ɛyɛ me anigye nso sɛ mɛyɛ saa?’—Dwom 34:2; Mateo 10:32, 33.

23 Mpɛn pii no, nneɛma nketenkete a ebia yɛn adwene mma so no na ɛbɛma ayɛ den sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi wiase no ho. Enti sɛnea yɛaka ho asɛm dedaw no, Ɔbonsam bɔ mmɔden sɛ ɔde wiase anigyede bɛtwetwe Yehowa nkoa akɔ wiase no mu. Yɛbɛyɛ dɛn apaw anigyede a ɛfata a ɛbɛma yɛn abotɔyam ne ahonim pa? Yɛbɛka ɛno ho asɛm wɔ ti a edi hɔ no mu.

^ nky. 3 Efi Pentekoste afe 33 no, Kristo adi hene wɔ n’akyidifo a wɔasra wɔn no asafo a ɛwɔ asase so no so. (Kolosefo 1:13) Efi bere a wɔde Kristo sii ahengua so wɔ afe 1914 mu no, wadi “wiase ahenni” so tumi. Enti seesei Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ Mesia Ahenni no ahemmɔfo nso.—Adiyisɛm 11:15.

^ nky. 8 Hwɛ Reasoning From the Scriptures a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 389-393.

^ nky. 65 Hwɛ Nkekaho a n’asɛmti ne “Frankaakyia, Abatow, ne Adwuma a Ɛmfa Sraadi Ho.”