Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFà4

Afobu—“Te Me Ho Firi Me Bɔne Ho”

Afobu—“Te Me Ho Firi Me Bɔne Ho”

“Adwuma foforo a menyae maa yɛn abusua sikasɛm yɛɛ yie, nanso ɛma mede me ho hyɛɛ nneɛma bɔne pii mu. Mefii ase dii afahyɛ ahorow, mede me ho hyehyɛɛ amanyɔsɛm mu, na mekɔɔ asɔre mpo. Megyaee asɛnka kɔ mfe 40, enti na menyɛ adwuma a Yehowa Adansefo yɛ no bio. Ade rekye na ade resa nyinaa no, ɛyɛɛ me sɛ Yehowa rentumi mfa me bɔne nkyɛ me da. Daa na m’ahonim bu me fɔ. Efisɛ na menim nokware no ansa na meremane afi ho.”—Martha.

AFOBU yɛ adesoa a emu yɛ duru paa. Ɔhene Dawid kaa sɛ: “Me mfomsoɔ aboro me tiri so; ɛdɛn me so sɛ adesoa duruduro.” (Dwom 38:4) Awerɛhoɔ ahyɛ Kristofo binom so araa ma wɔanya adwene sɛ Yehowa remfa wɔn bɔne nkyɛ wɔn da. (2 Korintofoɔ 2:7) Ɛfata sɛ obi bɛnya adwene a ɛte saa? Sɛ woayɛ bɔne a emu yɛ duru sɛ dɛn mpo a, so ama wo ne Yehowa ntam atete koraa a ɔrentumi mfa bɔne no nkyɛ wo da? Dabi, ɛnte saa koraa!

‘Ma Yɛntoto Nneɛma Yie’

Yehowa nto nnebɔneyɛfo a wɔanu wɔn ho ntwene. Nokwasɛm ne sɛ, ɔhwehwɛ wɔn akyi kwan! Yesu mfatoho a ɛfa ɔba hohwini ho mu no, ɔde Yehowa totoo agya bi a ɔwɔ ɔdɔ ho. Saa agya no babarima fii fie kɔbɔɔ ahohwibra. Bere bi akyi no, ne ba no yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsan akɔ fie. Bible ka sɛ: ‘Berɛ a ne ba no da so ara wɔ akyirikyiri no, ne papa hunuu no na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔtuu mmirika kɔsɔɔ ne kɔn mu fee n’ano.’ (Luka 15:11-20) Wo yam a anka woabɛn Yehowa? Anaa wote nka sɛ woda “so ara wɔ akyirikyiri”? Yehowa yam hyehye no ma wo te sɛ agya a ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no. Yehowa de anigye rehwɛ wo kwan.

Sɛ ɛyɛ wo sɛ wo bɔne mu yɛ duru dodoodo anaa ɛdɔɔso sɛ Yehowa de bɛkyɛ wo nso ɛ? Wo deɛ hwɛ asɛm a Yehowa reka akyerɛ wo wɔ Yesaia 1:18 no. Yehowa ka sɛ: ‘Bra ma yɛntoto nneɛma yie. Sɛ wo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.’ Nea Yehowa reka ne sɛ, sɛ obi bɔne te sɛ aduro a wɔde hyɛ koogyan a asɔ agu nnwera fitaa so mpo a, ɔde bɛkyɛ no.

Yehowa mpɛ sɛ w’ahonim kɔ so bu wo fɔ. Ɛnneɛ, wobɛyɛ dɛn anya Onyankopɔn fafiri ne ahonim pa ama wo ho atɔ wo? Susu akwan mmienu a Ɔhene Dawid faa so yi ho hwɛ. Nea ɛdi kan, ɔkaa sɛ: “Mɛka me mmarato akyerɛ Yehowa.” (Dwom 32:5) Kae sɛ Yehowa adi kan aka akyerɛ wo sɛ bɔ no mpae na ɔne wo ‘ntoto nneɛma yie.’ Enti tie saa asɛm no. Ka wo bɔne kyerɛ Yehowa, na ka wo komam asɛm nyinaa kyerɛ no. Esiane nea na Dawid afa mu nti, ɔtumi de ahotoso bɔɔ mpae sɛ: ‘Te me ho firi me bɔne ho. O Onyankopɔn, akoma a abubuo na apɛkyɛ na worempo.’—Dwom 51:2, 17.

Nea ɛto so mmienu, Onyankopɔn somaa n’ananmusini, odiyifo Natan, ma ɔkɔboaa Dawid. (2 Samuel 12:13) Ɛnnɛ, Yehowa ama yɛanya asafo mu mpanyimfo a wɔatete wɔn sɛ wɔmmoa abɔnefo a wɔanu wɔn ho mma wɔne Yehowa nsan mfa adamfo bio. Sɛ wokɔ mpanyimfo no nkyɛn a, wɔde Kyerɛwnsɛm no bɛtu wo fo na wɔabɔ mpae ama wo ma wo koma atɔ wo yam. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛbɛma adwene a ɛntene a woanya no so atew anaa afi hɔ koraa. Ɛno bɛboa wo ma woasan asi wo dedaw mu wɔ Yehowa som mu.—Yakobo 5:14-16.

Yehowa pɛ sɛ wonya ahonim pa na wo ho tɔ wo

“Anigyeɛ Ne Onipa a Wɔde Ne Mmarato Afiri No”

Nokwasɛm ne sɛ, ebia ɛbɛyɛ den paa ama wo sɛ wobɛka wo bɔne akyerɛ Yehowa Nyankopɔn na woakɔ asafo mu mpanyimfo no hɔ sɛ wɔmmoa wo. Ná ɛyɛ den ma Dawid nso sɛ ɔbɛyɛ saa. ‘Ɔmuaa n’ano’ wɔ ne bɔne ho kɔsii bere bi. (Dwom 32:3) Nanso ɛno akyi no, ɔhuu mfaso a ɛwɔ so sɛ ɔkaa ne bɔne na ɔtenetenee n’akwan.

Mfaso kɛse a Dawid nyae ne sɛ ɔsan nyaa anigye bio. Ɔkaa sɛ: ‘Anigyeɛ ne onipa a wɔde ne mmarato afiri no na wɔakata ne bɔne so.’ (Dwom 32:1) Ɔbɔɔ mpae nso sɛ: “O Yehowa, bue m’ano, na m’ano atumi aka w’ayeyie akyerɛ.” (Dwom 51:15) Bere a Onyankopɔn de Dawid bɔne kyɛɛ no na ɔnyaa ahonim pa no, n’ani sɔe, na ɛkaa no ma ɔkaa Yehowa ho asɛm kyerɛɛ afoforo.

Yehowa pɛ sɛ wonya ahonim pa na wo ho tɔ wo. Ɔmpɛ sɛ w’ahonim bu wo fɔ, na mmom ɔpɛ sɛ wode koma pa ne anigye kɛse ka ɔno ne nneɛma a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ho asɛm kyerɛ afoforo. (Dwom 65:1-4) Kae sɛ Yehowa aka sɛ ‘ɔbɛpepa wo bɔne, na ahosan mmerɛ afiri Yehowa no ara nkyɛn aba.’—Asomafoɔ Nnwuma 3:19.

Martha nyaa nhyira a ɛte saa. Ɔka sɛ: “Daa na me babarima de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! brɛ me. Nkakrankakra mesan bɛhuu Yehowa bio. Bere a meresan aba no, nea na ɛyɛ den ma me paa ne sɛ mɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa bɔne a mayɛ nyinaa nkyɛ me. Nanso awiei koraa no, mebɔɔ Yehowa mpae, na mesrɛɛ no sɛ ɔmfa me bɔne nkyɛ me. Ɛyɛ me nwonwa sɛ mfe 40 twaam ansa na meresan aba Yehowa nkyɛn. M’asɛm no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ, sɛ obi fi asafo no mu mfe pii mpo a, ɔbɛtumi asan aba Onyankopɔn nkyɛn ma wagye no atom.”