Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFà2

Dadwene—“Akwan Nyinaa Mu, Wɔaka Yɛn Ahyɛ”

Dadwene—“Akwan Nyinaa Mu, Wɔaka Yɛn Ahyɛ”

“Bere a mewaree mfe 25 akyi no, me ne me kunu gyaee aware. Me mma fii nokware no mu. Mebɛyaree dendeenden, na afei adwendwene hyɛɛ me so. Metee nka sɛ m’anidaso nyinaa asa, na na ɛyɛ me sɛ merentumi nyɛ hwee bio. Migyaee adesua ne asɛnka kɔ.”—June.

OBIARA wɔ dadwene; Onyankopɔn nkurɔfo mpo ka ho. Odwontofo no kaa sɛ, “Me mu dadwene yɛ bebree.” (Dwom 94:19) Yesu nso kaa sɛ awiei bere mu no, “asetena mu dadwene” bɛtumi ama ayɛ den paa sɛ obi bɛsom Yehowa. (Luka 21:34) Wo nso ɛ? Sikasɛm ne abusua mu nsɛmnsɛm, anaa yareɛ bi ama woayɛ basaa? Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛtumi aboa wo ma woagyina ano?

‘Tumi a Ɛboro Onipa Deɛ So’

Yɛhia mmoa na ama yɛatumi agyina yɛn dadwene ano. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Akwan nyinaa mu, wɔaka yɛn ahyɛ,” na “yɛn ani atan . . . ; wɔto yɛn twene.” Nanso, ɔsan kaa sɛ “ɛnyɛ sɛ yɛnnya yɛn ho atwayɛ koraa,” “ɛnyɛ sɛ yɛnnya yɛn ho ntete koraa,” na “wɔnsɛee yɛn.” Dɛn na ɛboa yɛn ma yɛtumi gyina nsɛm a ɛtete saa ano? Ɛyɛ ‘tumi a ɛboro onipa deɛ so’; tumi a efi ade nyinaa so tumfoɔ, Yehowa Nyankopɔn hɔ.—2 Korintofoɔ 4:7-9.

Kaakae sɛnea bere bi a atwam no, wonyaa ‘tumi a ɛboro onipa deɛ so’ no. Wokae sɛnea ɔkasa bi a wotiei hyɛɛ wo den ma wonyaa anisɔ kɛse maa adɔe a Yehowa ayɛ wo no? Bere a wokaa Paradise a ɛbɛba daakye ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo no, ɛhyɛɛ gyidi a wowɔ wɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow mu no den anaa? Sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam na yɛma mmuaeɛ a, ɛhyɛ yɛn den ma yɛtumi gyina asetenam dadwene ano. Afei ɛma yɛnya asomdwoe a ɛbɛtumi ama yɛde anigye asom Yehowa.

“Monka Nhwɛ na Monhunu sɛ Yehowa Yɛ”

Nokwasɛm ni, ebia wobɛte nka sɛ nneɛma pii hyɛ wo so ma wogye wo ho a ɛnnye. Yehowa ka sɛ yɛmfa Ahenni no nni kan na yɛmmɔ yɛn ho mmɔden wɔ ne som mu. (Mateo 6:33; Luka 13:24) Nanso, sɛ ɔsɔretia, yareɛ, anaa abusua mu nsɛmnsɛm ama woayɛ basaa nso ɛ? Anaasɛ adwuma a woyɛ gye wo bere ne w’ahoɔden nyinaa ma enti wonnya bere ne asafo no mufo mmɔ nso ɛ? Sɛ nneɛma pii hyɛ wo so ma wonnya bere ne ahoɔden a wode bɛdi ho dwuma a, ɛbɛtumi ama wo ho ayera wo. Ebi mpo a w’adwene yɛ wo sɛ gyama Yehowa hwehwɛ pii fi wo hɔ dodo.

Yehowa te asɛm ase. Ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a ɛboro yɛn so. Ɔnim sɛ, sɛ yɛbrɛ anaa yɛyɛ basaa a, ɛgye bere ansa na yɛn ho atɔ yɛn.—Dwom 103:13, 14.

Wo deɛ, hwɛ sɛnea Yehowa boaa odiyifo Elia. Bere a Elia abam bui na ehu kaa no ma ɔdwane kɔɔ sare so no, Yehowa kaa odiyifo no anim ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsan nkɔyɛ n’adwuma anaa? Dabi. Yehowa somaa ɔbɔfo bi mprenu ma ɔkɔnyanee Elia brɛoo, na ɔmaa no aduane dii. Ɛno mpo no, nnafua 40 akyi no, ná dadwene ne ehu a ahyɛ Elia so no nkɔe. Dɛn bio na Yehowa yɛ de boaa no? Nea ɛdi kan, Yehowa yɛɛ biribi de kyerɛɛ sɛ ɔbɛtumi abɔ ne ho ban. Nea ɛto so mmienu, Yehowa de “ɛnne a ɛwɔ fam kasaa bɔkɔɔ” de kyekyee Elia werɛ. Awiei koraa no, Yehowa maa Elia hui sɛ ɛnyɛ ɔno nko ara na ɔresom no nokware mu, na mmom, nnipa mpempem pii nso reyɛ saa. Ankyɛ koraa na Elia san kanyan ne ho de nsi yɛɛ odiyifo adwuma no. (1 Ahemfo 19:1-19) Dɛn na yɛsua fi asɛm yi mu? Bere a dadwene hyɛɛ Elia so no, Yehowa nyaa ne ho abotare, na ne yam hyehyee no maa no. Yehowa nsesae. Yɛn nso, ɔdwene yɛn ho saa ara.

Sɛ wodwene nea wobɛtumi de ama Yehowa ho a, nyɛ nea ɛboro wo so. Mfa nea wobɛtumi ayɛ nnɛ ntoto nea na bere bi wotumi yɛ no ho. Mfatoho bi ni: Sɛ mmirikatufo bi gyae n’apɔw mu tenetene abosome anaa mfe bi a, ɔrentumi mfiti prɛko pɛ ntenetene n’apɔw mu sɛnea na ɔyɛ bere bi no. Mmom, ɔbɛfi ase nkakrankakra na ama watumi asan anya ahoɔden. Kristofo te sɛ mmirikatufo. Botae bi si wɔn ani so. (1 Korintofoɔ 9:24-27) Adɛn nti na womfa Yehowa som mu botae bi a wobɛtumi adu ho nsi w’ani so seesei? Wobɛtumi de asi w’ani so sɛ wobɛfi ase akɔ asafo nhyiam. Srɛ Yehowa na ɔmmoa wo na woatumi ayɛ saa. Bere a worehyɛ wo gyidi den no, ‘ka hwɛ na hu sɛ Yehowa yɛ.’ (Dwom 34:8) Kae sɛ, biribiara a wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wodɔ Yehowa no, sɛ esua mpo a, n’ani sɔ.—Luka 21:1-4.

Yehowa nhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a ɛboro yɛn so

“Nkuranhyɛ a na Merehwehwɛ”

Dɛn na Yehowa yɛ de boaa June ma ɔsan baa ne nkyɛn? Ɔka sɛ: “Mekɔɔ so bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me. Afei me babarima yere kaa ɔmansin nhyiam bi a na wɔbɛyɛ wɔ me kurom ho asɛm kyerɛɛ me. Meyɛɛ sɛ mɛkɔ nna a wɔde bɛyɛ nhyiam no mu baako. Me ne Yehowa nkurɔfo san bɔe ma m’ani gyei paa! Saa nhyiam no ma menyaa nkuranhyɛ a na merehwehwɛ no. Ɛnnɛ mede anigye resom Yehowa bio. Seesei manya anidaso ankasa wɔ asetena mu. Afei paa na mahu sɛ ɛnsɛ sɛ mete me ho fi me nuanom Kristofo ho da. Meda Yehowa ase paa sɛ ɔnyaa me ho abotare ma mesan baa ne nkyɛn.”