Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFà1

“Deɛ Wayera no Mɛhwehwɛ No”

“Deɛ Wayera no Mɛhwehwɛ No”

Odwan no ani so atan no. Ɛbɛyɛ sɛ bere a ɔrewe nwura no na nkakrankakra ɔtee ne ho fii nnwan a aka no ho. Afei ɔnhu nnwankuo no, na ɔnhu odwanhwɛfoɔ no nso. Ade nso resa. Nkekaboa di akɔneaba wɔ baabi a odwan no ayera no. Sɛ wohwɛ a, odwan no nni ahobammɔ biara. Afei ɔte nne bi. Ɛyɛ odwanhwɛfoɔ no nne. Odwanhwɛfoɔ no tu mmirika kɔfa odwan no de n’atade kyekyere ne ho, na ɔde no kɔ fie.

YEHOWA de ne ho toto odwanhwɛfoɔ a ɔte saa ho mpɛn pii. Wama yɛn awerɛhyem wɔ n’Asɛm mu sɛ: “Hwɛ, me ara mɛhwehwɛ me nnwan na mayɛn wɔn.”—Hesekiel 34:11, 12.

“Mɛhwɛ Me Nnwan”

Henanom ne Yehowa nnwan? Yehowa nnwan ne nkurɔfo a wɔdɔ no na wɔsom no. Bible ka sɛ: “Momma yɛnsom na yɛmmɔ yɛn mu ase; momma yɛnkoto yɛn Bɔfo Yehowa anim. Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn, na yɛyɛ n’adidibea nkurɔfoɔ ne ne nsam nnwan.” (Dwom 95:6, 7) Sɛnea nnwan di odwanhwɛfoɔ akyi no, saa ara na Yehowa asomfo nso ani gye ho sɛ wɔbɛdi wɔn Hwɛfo no akyi. Enti Yehowa nnwan nni mfomso? Wɔtumi di mfomso. Ɛtɔ da a, Onyankopɔn asomfo yɛ wɔn ade sɛ “nnwan a wɔahwete,” “nnwan a wɔayera,” anaa ‘te sɛ nnwan a wɔreyera.’ (Hesekiel 34:12; Mateo 15:24; 1 Petro 2:25) Sɛ obi gyae Yehowa som mpo a, Yehowa mmu no sɛ obi a ɔrentumi nsakra n’adwene da.

Wote nka sɛ Yehowa da so ara yɛ wo Hwɛfo? Dɛn na Yehowa yɛ nnɛ de kyerɛ sɛ ɔyɛ Ɔhwɛfo? Susu akwan mmiɛnsa ho hwɛ:

Ɔma yɛn honhom fam aduane. Yehowa ka sɛ: “Mɛma wɔn baabi pa adidi,” na “wɔbɛnya tenabea pa adwodwo wɔn ho na wɔadi aduane pa.” (Hesekiel 34:14) Yehowa ma yɛn honhom fam aduane bere nyinaa wɔ ne bere mu, na ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam. Wokae asɛm bi a wokenkanee, ɔkasa bi a wotiei, anaa video bi a wohwɛe a ɛma wonyaa wo mpaebɔ ho mmuaeɛ? Amma woanhu sɛ Yehowa dwene wo ho anaa?

Ɔbɔ yɛn ho ban na ɔboa yɛn. Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ: “Deɛ wadwane no mede no bɛba, deɛ wapira no mɛkyekyere ne kuro, na deɛ ɔyareɛ no mɛhyɛ no den.” (Hesekiel 34:16) Yehowa hyɛ wɔn a adwendwene ahyɛ wɔn so anaa adwendwene ama wɔayɛ mmerɛw no den. Sɛ ne nnwan pira a—sɛ mpo wɔn mfɛfo asomfo na wɔpiraa wɔn a—ɔkyekyere wɔn akuro, na ɔboa wɔn ma wɔn ho tɔ wɔn. Wɔn a wɔadwane anaa wɔayera a ebia wɔredi yaw no, ɔde wɔn san ba.

Ɔdwene yɛn ho. Yehowa ka sɛ: “Mɛhwɛ me nnwan. Na mɛyi wɔn afiri baabi a wɔahwete korɔ no nyinaa,” na “deɛ wayera no mɛhwehwɛ no.” (Hesekiel 34:12, 16) Yehowa ani so deɛ, odwan a wayera bɛtumi asakra n’adwene. Sɛ odwan bi yera a, Yehowa hu, na ɔhwehwɛ saa odwan no. Sɛ ɔhu no a, ɔdi ahurusi. (Mateo 18:12-14) Yehowa frɛ n’asomfo anokwafo sɛ “me nnwan, m’adidibea nnwan.” (Hesekiel 34:31) Wo nso woka saa nnwan no ho.

Yehowa ani so deɛ, odwan a wayera bɛtumi asakra n’adwene. Sɛ ɔhu saa odwan no a, ɔdi ahurusi

“Ma Yɛn Nna Nyɛ Foforɔ sɛ Tete No”

Adɛn nti na Yehowa rehwehwɛ wo na ɔreka akyerɛ wo sɛ san bra ne nkyɛn? Ɔpɛ sɛ w’ani gye ntia. Ɔhyɛ bɔ sɛ ne nnwan bɛnya “nhyira nsuo.” (Hesekiel 34:26) Wei nyɛ bɔhyɛ hunu. Wo ara woahu sɛnea ɛte dedaw.

Wo deɛ kaakae osuahu a wonyae bere a wohuu Yehowa no. Bere a ɛdi kan a wohuu Onyankopɔn din ne nea ɔbɛyɛ ama nnipa ho nokwasɛm no, ɛkaa wo sɛn? Bere a wo ne wo nuanom Kristofo hyiaam wɔ amansin ne amantam nhyiam ase no, wokae sɛnea w’ani gyei no? Bere a wokaa asɛmpa no kyerɛɛ obi na ɔkyerɛɛ ho anigye no, woamfa anigye ne akomatɔyam kɛse na ɛkɔɔ fie?

Wobɛtumi asan anya saa anigye no bio. Onyankopɔn asomfo bi a wɔtenaa ase tete no bɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa, san fa yɛn bra wo nkyɛn, na yɛbɛsan aba dodo. Ma yɛn nna nyɛ foforɔ sɛ tete no.” (Kwadwom 5:21) Yehowa buaa saa mpaebɔ no, na ne nkurɔfo no san kɔe de anigye foforo kɔsom no. (Nehemia 8:17) Yehowa bɛyɛ saa ara ama wo.

Nanso Yehowa nkyɛn a wobɛsan akɔ no nna fam. Sɛ wopɛ sɛ wosan ba Yehowa nkyɛn a, wobɛhyia nsɛnnennen. Hwɛ ɔkwan a wobɛtumi afa so adi saa nsɛnnennen no so.