Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awiei

Awiei

Ɛyɛ a wokaakae anigye a wo ne Yehowa nkurɔfo nyae no? Wokae asafo nhyiam a ɛhyɛ nkuran, ɔmantam nhyiam a ɛyɛ anigye, osuahu bi a ɛhyɛ nkuran a wonyae wɔ asɛnka mu, anaa nkɔmmɔ bi a wo ne wo yɔnko gyidini bi bɔe a ɛmaa w’ani gyei? Wei kyerɛ sɛ wo werɛ mfii Yehowa, na ɔno nso werɛ mfii wo. Sɛ Yehowa kae nokwaredi a na wode som no no a, n’ani gye. Ɔpɛ paa sɛ ɔboa wo ma wosan ba ne nkyɛn.

Yehowa ka sɛ: “Me ara mɛhwehwɛ me nnwan na mayɛn wɔn. Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan a wɔahwete da a ɔba wɔn mu no, saa ara na mɛhwɛ me nnwan. Na mɛyi wɔn afiri baabi a wɔahwete korɔ no nyinaa.”—Hesekiel 34:11, 12.