Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFà3

Obi Ayɛ Ade Ma Ayɛ Wo Yaw—Bere a Yɛwɔ ‘Asɛm Tia Yɛn Yɔnko’

Obi Ayɛ Ade Ma Ayɛ Wo Yaw—Bere a Yɛwɔ ‘Asɛm Tia Yɛn Yɔnko’

“Onuawa bi a me ne no wɔ asafo mu twaa asɛm too me so sɛ mawia ne sika. Asafo no mufo binom tee; ebinom gye dii, na afoforo nso annye anni. Akyiri yi, onuawa no ka kyerɛɛ me sɛ wahu sɛ ɛnyɛ me na mefaa sika no. Ɛwom sɛ ɔpaa me kyɛw deɛ, nanso mekaa no me komam sɛ nea wama m’afa mu nti, merentumi mfa nkyɛ no da.”—Linda.

ASƐM a ɛtoo Linda no bi ato wo pɛn anaa? Nea Linda yɔnko gyidini yɛe no ma ɔdii yaw paa. Awerɛhosɛm ne sɛ, ebinom ama afoforo nneyɛe ahaw wɔn araa ma aka wɔn som. Woahyia asɛm a ɛte saa pɛn?

Obi Bɛtumi ‘Atete Yɛn Afiri Onyankopɔn Dɔ Ho’?

Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛn yɔnko gyidini bi yɛ yɛn ade ma ɛyɛ yɛn yaw a, ɛbɛtumi ayɛ den paa sɛ yɛde bɛkyɛ no. Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo dodɔ wɔn ho. (Yohane 13:34, 35) Sɛ yɛn yɔnko gyidini bi ayɛ yɛn bɔne a, ɛbɛtumi ahaw yɛn adwene paa na yɛadi ho yaw.—Dwom 55:12.

Ɛwom, Bible ka sɛ ɛtɔ da a, Kristoni bɛtumi anya ‘asɛm atia ne yɔnko.’ (Kolosefoɔ 3:13) Nanso, sɛ asɛm a ɛte saa to yɛn a, ɛbɛtumi ayɛ den ama yɛn paa. Biribi wɔ hɔ a ɛbɛtumi aboa yɛn anaa? Susu Bible mu afotusɛm mmiɛnsa yi ho hwɛ:

Yɛn soro Agya no hu biribiara. Yehowa hu biribiara a ɛrekɔ so, na sɛ obi ne yɛn anni no yie ma yɛhu amane a, ɔhu. (Hebrifoɔ 4:13) Bio nso, sɛ yɛhu amane a, ɛyɛ Yehowa yaw. (Yesaia 63:9) Yehowa mma kwan sɛ “ahohia anaa ahometeɛ,” anaa biribi foforo biara ‘bɛtete yɛn afiri Onyankopɔn dɔ ho.’ Ne somfo biara mpo rentumi ntete yɛn mfi ne dɔ ho. (Romafoɔ 8:35, 38, 39) Ɛnneɛ yɛn nso ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara anaa obiara tete yɛne Yehowa ntam?

Sɛ yɛde bɔne kyɛ a, ɛnkyerɛ sɛ yɛsosɔ bɔne so. Sɛ obi yɛ yɛn bɔne na yɛde kyɛ no a, ɛnkyerɛ sɛ yɛsosɔ bɔne so, yɛpene so, anaa yɛbu no sɛ ɛnyɛ hwee. Kae sɛ, Yehowa nsosɔ bɔne so, nanso sɛ ɔhu sɛ ɛho hia sɛ ɔde bɔne kyɛ a, ɔyɛ saa. (Dwom 103:12, 13; Habakuk 1:13) Sɛ Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa afoforo bɔne nkyɛ wɔn a, na ɔreka akyerɛ yɛn sɛ yɛnsuasua no. Yehowa rennya “yɛn ho menasepɔ daa.”—Dwom 103:9; Mateo 6:14.

Sɛ yɛyi menasepɔ fi yɛn mu a, ɛboa yɛn ankasa. Ɔkwan bɛn so? Fa no sɛ woafa ɛboɔ a emu nyɛ duru ato wo nsam. Woatene wo nsa no mu. Sɛ woankura mu ankyɛ a, ɛrenhaw wo. Nanso, sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛkura mu akyɛ a, dɛn na ɛbɛsi? Wobɛtumi akura mu bere tenten sɛn? Simma kakra, dɔnhwerew baako, anaa nea ɛboro saa? Ɛyɛ dɛn ara a, wo nsa bɛgyene! Ɛwom, ɛboɔ no mu duru ankasa rensesa. Nanso wokura mu kyɛ a, ɛbɛyɛ wo sɛ emu yɛ duru. Saa ara na menasepɔ te. Sɛ yɛde obi ho abufuo ketewaa bi mpo hyɛ yɛn mu kyɛ a, yɛn ara na yɛrepira yɛn ho. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyi menasepɔ mfi yɛn mu. Ɛyɛ nokware paa sɛ, sɛ yɛamfa afoforo ho abufuo anhyɛ yɛn mu a, yɛn ankasa na ɛboa yɛn.—Mmebusɛm 11:17.

Sɛ yɛyi menasepɔ fi yɛn mu a, ɛboa yɛn ankasa

“Ɛyɛɛ Me sɛ Yehowa Ankasa na Ɔne Me Rekasa”

Bere a Linda yɔnko gyidini bi yɛɛ no ade ma ɛyɛɛ no yaw no, dɛn na ɛboaa no ma enti wamfa anhyɛ ne mu? Nea ɛboaa no no bi ne sɛ, ɔdwendwenee Bible mu nsɛm a ɛka sɛ yɛmfa bɔne nkyɛ no bi ho. (Dwom 130:3, 4) Ade a ɛkaa Linda paa ne sɛ, ɔhuu sɛ sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn a, Yehowa nso de yɛn deɛ bɛkyɛ yɛn. (Efesofoɔ 4:32–5:2) Ɔkaa sɛnea Bible mu afotusɛm yi kaa no no ho asɛm sɛ: “Ɛyɛɛ me sɛ Yehowa ankasa na ɔne me rekasa.”

Bere bi akyi no, Linda tumi yii menasepɔ no fii ne mu. Ɔyii ne yam de kyɛɛ onuawa no, na nnɛ onuawa no yɛ n’adamfo paa. Seesei Linda gu so ara resom Yehowa. Nya awerɛhyem sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔboa wo ma wo nso woyɛ saa ara.