Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFà5

San Bra ‘Wo Kra Hwɛfoɔ ne Wɛmfoɔ’ no Nkyɛn

San Bra ‘Wo Kra Hwɛfoɔ ne Wɛmfoɔ’ no Nkyɛn

Nsɛnnennen a yɛkaa ho asɛm wɔ nhomawa yi mu no bi fa wo ho anaa? Sɛ saa a, ɛnyɛ wo nko ara na woahyia asɛm a ɛte saa. Onyankopɔn asomfo anokwafo pii a wɔtenaa ase tete ne nnɛ nyinaa ahyia nsɛnnennen a ɛte saa. Sɛnea Yehowa boaa wɔn ma wɔgyinaa wɔn haw ano no, saa ara na ɔbɛboa wo nso ma woadi saa nsɛnnennen no so.

“Afei mebɛgye toom sɛ Yehowa nnyaw me; nea na ɛhia sɛ meyɛ ara ne sɛ mɛsan aba Yehowa nkyɛn”

NYA awerɛhyem sɛ, sɛ wosan ba Yehowa nkyɛn a, ɔbɛgye wo. Ɔbɛboa wo ma woagyina wo dadwene ano, na woayi ɛyaw biara afi wo mu. Afei wobɛnya ahonim pa na ama woanya asomdwoe ne akomatɔyam. Ɛno bɛka wo ma wo ne wo nuanom Kristofo asan asom Yehowa bio. W’asɛm no bɛyɛ te sɛ nea tete Kristofo binom faa mu no. Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Na anka mote sɛ nnwan a wɔayera; nanso seesei moasan aba mo kra hwɛfoɔ ne wɛmfoɔ nkyɛn.”—1 Petro 2:25.

Yehowa nkyɛn a wobɛsan akɔ no ne ade a ɛyɛ sen biara a wobɛtumi ayɛ. Adɛn ntia? Wobɛma Yehowa koma atɔ ne yam. (Mmebusɛm 27:11) Sɛnea wonim no, Yehowa wɔ atenka, na nea yɛyɛ biara bɛtumi ama n’ani agye anaa ama ne werɛ ahow. Ɛwom, Yehowa nhyɛ yɛn sɛ yɛnnɔ no anaa yɛnsom no. (Deuteronomium 30:19, 20) Bible ho ɔbenfo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Obi komam asɛm deɛ, obi ntumi nhu, gye sɛ ɔno ara.” Sɛ yɛfi yɛn koma nyinaa mu som Yehowa a, yɛbɛtumi ahu nea ɛwɔ yɛn koma mu. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛde akyɛde a ɛsom bo rema Yehowa. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, yɛde yɛn ho nyinaa rema no, na yɛma ne koma di ahurusi. Nokwasɛm ni, sɛ yɛfi yɛn koma nyinaa mu som Yehowa a, anigye a yɛnya no sen biribiara.—Asomafoɔ Nnwuma 20:35; Adiyisɛm 4:11.

Bio nso, sɛ wosan fi ase som Yehowa a, wobɛnya wo honhom fam ahiade. (Mateo 5:3) Ɔkwan bɛn so? Nnipa a wɔwɔ wiase baabiara taa bisa sɛ, ‘Dɛn nti na yɛwɔ wiase?’ Wɔpɛ sɛ wɔhu nea enti a yɛwɔ wiase. Ɛhia sɛ nnipa nya saa asɛm yi ho mmuaeɛ efisɛ bere a Yehowa bɔɔ wɔn no, ɔde hyɛɛ wɔn mu. Ɔbɔɔ yɛn sɛ yɛbɛsom no ma yɛanya akomatɔyam. Sɛ yɛhu sɛ Yehowa ho dɔ a yɛwɔ nti na yɛresom no a, yɛbɛnya akomatɔyam kɛse.—Dwom 63:1-5.

Yɛpɛ sɛ wohu sɛ Yehowa pɛ sɛ wosan ba ne nkyɛn. Wobɛyɛ dɛn ahu saa? Susu asɛm yi ho hwɛ: Yɛbɔɔ mpae paa ansa na yɛreyɛ saa nwoma yi. Ebia Kristofo asafo no mu panyin bi anaa wo yɔnko gyidini bi na ɔde nwoma yi maa wo. Afei wo koma kaa wo ma wokenkanee, na wode emu nsɛm no yɛɛ adwuma. Wei nyinaa kyerɛ sɛ Yehowa werɛ mfii wo. Mmom no, ɔde nkakrankakra retwe wo aba ne nkyɛn bio.—Yohane 6:44.

Sɛ yɛhu sɛ Yehowa werɛ mfi n’asomfo a wɔayera a, ɛbɛtumi akyekye yɛn werɛ. Saa na onuawa bi a ne din de Donna hui. Ɔkaa sɛ: “Metwee me ho fii nokware no ho nkakrankakra, nanso na metaa dwendwene asɛm a ɛwɔ Dwom 139:23, 24 no ho. Ɛhɔ ka sɛ: ‘O Onyankopɔn, pɛɛpɛɛ me mu, na hunu deɛ ɛwɔ m’akoma mu. Hwehwɛ me mu, na hunu me mu dadwene, na hwɛ sɛ mmusuo kwan bi wɔ me mu anaa, na fa me si mmerɛsanten kwan so.’ Menim paa sɛ anka ɛnsɛ sɛ mekɔ wiase no mu; ɛhɔ nyɛ me tenabea. Yehowa ahyehyɛde no mu na ɛsɛ sɛ metena. Afei mebɛgye toom sɛ Yehowa nnyaw me; nea na ɛhia sɛ meyɛ ara ne sɛ mɛsan aba Yehowa nkyɛn. M’ani agye paa sɛ meyɛɛ saa!”

Sɛ wosan ba Yehowa nkyɛn a, ɔbɛgye wo

Yɛhwɛ kwan paa sɛ wo nso wobɛsan anya “Yehowa mu anigyeɛ” bio. (Nehemia 8:10) Worennu wo ho da sɛ wosan baa Yehowa nkyɛn.