Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw no Hɔ

Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw no Hɔ

Yɛn yɔnko gyidini:

Sɛnea wonim no, Bible yɛ nwoma a ɛka nnipa ho nsɛm pii. Saa nnipa no mu pii yɛ mmarima ne mmaa anokwafo a wɔhyiaa ɔhaw a yɛrehyia no nnɛ no ara bi. Ná wɔwɔ “atenka te sɛ yɛn ara.” (Yakobo 5:17) Ɔhaw ne dadwene hyɛɛ wɔn mu binom so. Ebinom nso wɔ hɔ a, wɔn abusuafo anaa wɔn mfɛfo asomfo yɛɛ nneɛma bi ma ɛyɛɛ wɔn yaw paa. Wɔn mu binom deɛ, wɔn ankasa mfomso maa wɔn ahonim buu wɔn fɔ.

Yɛbɛtumi aka sɛ saa nkurɔfo no gyaee Yehowa akyi di koraa anaa? Dabi. Ná wɔn mu pii te sɛ odwontofo no. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “Mafom kwan sɛ odwan a wayera. Hwehwɛ w’akoa ɛ, ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmara nsɛm.” (Dwom 119:176) Saa asɛm yi ne wo deɛ di nsɛ anaa?

Yehowa werɛ mfi n’asomfo a wɔafi asafo no mu da. Mmom no, ɔhwehwɛ wɔn. Mpɛn pii no, ɔnam wɔn mfɛfo gyidifo so na ɛyɛ saa. Susu sɛnea Yehowa boaa ne somfo Hiob no ho hwɛ. Hiob faa ɔhaw bebree mu; ɔhweree n’agyapade nyinaa, n’adɔfo wuwuiɛ, na ɔyaree dendeenden. Afei nso, wɔn a na anka ɛsɛ sɛ wɔkyekye Hiob werɛ no kekaa nsɛm a ɛyɛ yaw de hyɛɛ no awerɛhoɔ. Ɛwom sɛ ɛduu baabi no Hiob adwene tu frae deɛ, nanso wannyae Yehowa akyi di da. (Hiob 1:22; 2:10) Dɛn na Yehowa yɛ de boaa Hiob ma n’ani san baa ne ho so?

Ade baako a Yehowa yɛ maa Hiob ne sɛ ɔfaa Hiob yɔnko gyidini Elihu so boaa no. Bere a Hiob kaa nea ɛhaw no ho asɛm no, Elihu yɛɛ aso tiee no, na ɛkaa Elihu ma ɔkasae. Dɛn na ɔkae? Ɔkasa tiaa Hiob, anaa ɔkekaa nsɛm bi de hyɛɛ no aniwu sɛnea ɛbɛyɛ a Hiob bɛsesa adwene a na wanya no anaa? Elihu buu ne ho sɛ ɔkyɛn Hiob anaa? Dabida! Onyankopɔn honhom kaa Elihu ma ɔkaa sɛ: “Sɛdeɛ woteɛ nokorɛ Nyankopɔn ani soɔ no, saa ara na meteɛ; me nso, dɔteɛ na wɔde nwenee me.” Afei Elihu maa Hiob awerɛhyem sɛ: “Me ho hu biara nni hɔ a ɛbɛtu w’akoma, na me nhyɛsoɔ renyɛ wo so duru.” (Hiob 33:6, 7) Elihu amma Hiob adesoa mu anyɛ duru. Mmom no, ɔkaa nsɛm a ɛyɛ dɛ de tuu Hiob fo, na ɔhyɛɛ no nkuran.

Yɛpɛ sɛ wohu sɛ adwene a ɛte saa ara na yɛde ayɛ saa nwomawa yi. Yɛdii kan tiee wɔn a wɔafi asafo no mu bi anom nsɛm, ɛnna yɛtɔɔ yɛn bo ase susuu tebea a wɔwom no ho yie. (Mmebusɛm 18:13) Afei yɛkɔɔ Kyerɛwnsɛm no mu, na yɛbɔɔ asɛm no ho mpae. Ɛno akyi no, yɛhwehwɛɛ Bible mu nsɛm a ɛkyerɛ sɛnea Yehowa boaa n’asomfo a wɔhyiaa tebea a ɛte saa tete no. Yɛwiee ne nyinaa no, yɛde nsɛm a ɛsisii Bible mu ne nnɛ bere yi mu deɛ nyinaa bɔɔ mu. Ɛno na yɛgyinaa so yɛɛ saa nwomawa yi. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ tɔ wo bo ase kenkan. Nya awerɛhyem sɛ yɛdɔ wo paa.

Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw