Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFà4

Wotiee Satan​—Dɛn na Efii mu Bae?

Wotiee Satan​—Dɛn na Efii mu Bae?

Adam ne Hawa antie Onyankopɔn, ma enti wowui. Genesis 3:6, 23

Hawa tiee ɔwɔ no na odii aduaba no. Ɛno akyi no, ɔde aduaba no bi maa Adam, na odii.

Nea wɔyɛe no nnye​—ná ɛyɛ bɔne. Onyankopɔn pam wɔn fii Paradise hɔ.

Asetena yɛɛ den maa wɔne wɔn mma. Wonyinyinii na wowuwui. Bere a wowui no, wɔankɔ ahonhom atenae; wofii nkwa mu.

Awufo te sɛ dɔte a nkwa nnim. Genesis 3:19

Esiane sɛ yɛn nyinaa fi Adam ne Hawa mu nti na yewuwu no. Awufo ntumi nhu ade, wɔnte asɛm, na wontumi nyɛ hwee.—Ɔsɛnkafo 9:5, 10.

Ná ɛnyɛ Yehowa adwene ne sɛ nnipa bewu. Ɛrenkyɛ obenyan wɔn a wɔawuwu no aba nkwa mu bio. Sɛ wotie no a, wɔbɛtena ase daa.