Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFà10

Nhyira Bɛn na Wɔn a Wotie Onyankopɔn no Benya Daakye?

Nhyira Bɛn na Wɔn a Wotie Onyankopɔn no Benya Daakye?

Awufo pii bɛsɔre abɛtena nkwa mu wɔ asase so. Asomafo Nnwuma 24:15

Sɛ wutie Yehowa a, susuw nhyira horow a wubetumi anya daakye no ho hwɛ! Wubenya apɔwmuden a edi mũ; obiara nni hɔ a ɔbɛyare anaa ɔbɛte nka sɛ onni ahoɔden. Abɔnefo rentena hɔ, na wubetumi de wo ho ato obiara so.

Ɛyaw, awerɛhow, ne osu befi hɔ. Obiara remmɔ akwakoraa anaa aberewa na awiei koraa no wawu.

Abusuafo ne nnamfo pii betwa wo ho ahyia. Paradise asetena bɛyɛ anigye.

Ehu befi hɔ. Nnipa benya anigye ankasa.

Onyankopɔn Ahenni bɛma amanehunu nyinaa to atwa. Adiyisɛm 21:3, 4