Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFà7

Ná Hena Ne Yesu?

Ná Hena Ne Yesu?

Yehowa somaa Yesu baa asase so. 1 Yohane 4:9

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yetie obi foforo a ne ho hia paa nso. Bere tenteenten ansa na Yehowa rebɔ Adam no, ɔbɔɔ honhom abɔde bi a ɔwɔ tumi wɔ soro.

Bere kɔɔ so no, Yehowa somaa saa honhom abɔde yi ma ɔbaabun bi a wɔfrɛ no Maria woo no wɔ Betlehem. Wɔtoo abofra no din Yesu.​—Yohane 6:38.

Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔdaa Onyankopɔn su ahorow adi pɛpɛɛpɛ. Ná ne yam ye, ɔdɔ nnipa, na na nnipa tumi bɛn no. Ofi akokoduru mu kyerɛkyerɛɛ afoforo Yehowa ho nokwasɛm.

Yesu yɛɛ nneɛma pa, nanso na wɔtan no. 1 Petro 2:21-24

Afei nso, Yesu saa ayarefo yare, na onyanee ebinom a na wɔawuwu.

Esiane sɛ Yesu paa nyamesom akannifo no atoro nkyerɛkyerɛ ne wɔn nneyɛe bɔne ho ntama nti, wɔtan no.

Nyamesom akannifo no hyɛɛ Romafo no ma wɔboroo Yesu na wokum no.