Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFà1

Yɛyɛ Dɛn Tie Onyankopɔn?

Yɛyɛ Dɛn Tie Onyankopɔn?

Onyankopɔn nam Bible no so kasa kyerɛ yɛn. 2 Timoteo 3:16

Nokware Nyankopɔn no na ɔmaa nnipa kyerɛw n’asɛm wɔ nhoma kronkron bi mu. Saa nhoma no ne Bible. Nsɛm a ɛho hia a Onyankopɔn pɛ sɛ wuhu wɔ Bible no mu.

Onyankopɔn nim nea eye ma yɛn, na ɔno na nyansa nyinaa fi no. Sɛ wutie no a, wubehu nyansa paa.—Mmebusɛm 1:5.

Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa kenkan Bible no. Seesei wɔatintim Bible no wɔ kasa horow pii mu.

Sɛ wopɛ sɛ wutie Onyankopɔn a, ɛnde ɛsɛ sɛ wokenkan Bible no na wote ase.

Nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa retie. Mateo 28:19

Yehowa Adansefo betumi aboa wo ma woate Bible no ase.

Wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn ho nokwasɛm wɔ wiase nyinaa.

Wɔbɛkyerɛkyerɛ wo kwa a wuntua sika biara. Afei wubetumi asua Onyankopɔn ho ade wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ no mu.