Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua 4

Dɛn Nti na Yɛayɛ Wiase Foforo Nkyerɛase No?

Dɛn Nti na Yɛayɛ Wiase Foforo Nkyerɛase No?

Congo (Kinshasa)

Rwanda

Symmachus kratasin a Onyankopɔn din wɔ so wɔ Dwom 69:31, afeha a ɛto so abiɛsa anaa anan wɔ Yesu awo akyi

Mfe pii na Yehowa Adansefo tintim Bible nkyerɛase ahorow de dii dwuma, na wɔkyekyɛɛ bi nso. Nanso, yebehui sɛ ɛho hia sɛ yɛyɛ nkyerɛase foforo a ɛbɛboa nkurɔfo yiye ma wɔasua “nokware no ho nimdeɛ a edi mũ” a Onyankopɔn pɛ sɛ obiara nya no. (1 Timoteo 2:3, 4) Enti, wɔ afe 1950 mu no, yefii ase yii Wiase Foforo Nkyerɛase Bible a wɔde kasa a wɔka no nnɛ akyerɛ ase no afã bi adi. Yɛde nokwaredi akyerɛ Bible yi ase pɛpɛɛpɛ akɔ kasa bɛboro 130 mu.

Ná yehia Bible a asete nyɛ den. Bere rekɔ so no, kasa sesa, na Bible nkyerɛase pii wɔ hɔ a nsɛm a wɔde kyerɛɛ ase no mu nna hɔ anaa atwam ma enti ɛyɛ den sɛ wɔbɛte ase. Afei nso, wɔasan ahu tete nsaano nkyerɛwee pii a edi mũ na ɛbɛn nea wodii kan kyerɛwee no ma enti ama wɔate Hebri, Aram, ne Hela a wɔde kyerɛw Bible no ase yiye.

Ná yehia nkyerɛase a ɛne Onyankopɔn asɛm no hyia pɛpɛɛpɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛ Bible ase no kyerɛ Onyankopɔn asɛm a ɔde ne honhom ma wɔkyerɛwee no ase sɛnea wɔpɛ, na mmom ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ase ma ɛne nea wodii kan kyerɛwee no hyia pɛpɛɛpɛ. Nanso, wɔayi Onyankopɔn din a ɛne Yehowa no afi Kyerɛw Kronkron no mu wɔ Bible nkyerɛase dodow no ara mu.

Ná yehia Bible a ɛbɛhyɛ ne Kyerɛwfo no anuonyam. (2 Samuel 23:2) Sɛnea wɔayɛ ho mfonini wɔ ase hɔ no, wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no mu no, wɔasan de Yehowa din a epue bɛyɛ mpɛn 7,000 no ahyehyɛ mmeae a na ɛwɔ no sɛnea na ɛte wɔ Bible nsaano nkyerɛwee a akyɛ paa mu no. (Dwom 83:18) Esiane sɛ wɔde nsi yɛɛ nhwehwɛmu mfe pii nti, ama yɛanya Bible a ne kenkan yɛ dɛ efisɛ ɛma yehu Onyankopɔn nsusuwii yiye. Sɛ́ ebia mowɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no bi wɔ mo kasa mu anaa munni bi no, yɛhyɛ wo nkuran sɛ fa yɛ wo nhyehyɛe sɛ wobɛkenkan Yehowa Asɛm no da biara da.—Yosua 1:8; Dwom 1:2, 3.

  • Dɛn nti na yesii gyinae sɛ ehia sɛ yenya Bible nkyerɛase foforo?

  • Dɛn na ɛyɛ papa sɛ obi a ɔpɛ sɛ ohu Onyankopɔn apɛde yɛ no da biara da?