Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa

Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa

Obiara nni hɔ a ɔte asɛmpa a, n’ani nnye. Wo ne w’adɔfo nyinaa, asɛmpa bi wɔ hɔ ma mo.

Saa asɛmpa no wɔ Bible mu. Bible yɛ nwoma a Ɔbɔadeɛ Yehowa Nyankopɔn ankasa maa wɔkyerɛwee. Nwoma a worekenkan yi, wobɛhu sɛ emu nsɛm fi Bible mu nwoma nnan bi mu, na emu nsɛm yɛ asɛmpa ma yɛn nyinaa. Wɔn a Onyankopɔn maa wɔkyerɛwee ne Mateo, Marko, Luka ne Yohane. Obiara din da nea ɔkyerɛwee so.

Bible mu nwoma nnan yi, nnipa pii frɛ no Nsɛmpa nnan. Yesu ho asɛmpa na ɛwɔ ne nyinaa mu. Ɛma yɛhu sɛ Yesu na Onyankopɔn nam ne so bɛgye nnipa nkwa. Ɛsan ma yɛhu sɛ ɔno na ɔbɛyɛ Onyankopɔn soro Ahenni no so hene ama nnipa a wɔbɛnya ne mu gyidi nyinaa anya nhyira daa.—Marko 10:17, 30; 13:13.

ADƐN NTI NA YƐHIA NSƐMPA NNAN?

Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ nnipa nnan na Onyankopɔn de ne honhom kaa wɔn maa wɔkyerɛw Yesu asetena ne ne nkyerɛkyerɛ ho asɛm.

Nsɛm a Yesu kae ne nneɛma a ɔyɛe no, ɛyɛ paa sɛ wɔamma onipa baako ankyerɛw na mmom ɔmaa nnipa nnan kyerɛwee. Ma yɛmfa no sɛ nnipa nnan bi gyinagyina ɔkyerɛkyerɛfo bi a waben ho retie no. Nea ɔgyina ɔkyerɛkyerɛfo no anim no yɛ towgyefo, nea ɔgyina ne nifa so no yɛ oduruyɛfo, ɛnna nea ɔgyina ne benkum so no nso mpataayifo, na n’adamfo paa ne ɔkyerɛkyerɛfo no. Nea ɔtɔ so nan no nso gyina n’akyi, na ɔno deɛ wɔn a aka no nyinaa anyin kyɛn no. Mmarima nnan no nyinaa yɛ anokwafo, nanso ɛsono nea obiara de n’adwene kɔɔ so. Sɛ yɛka sɛ mmarima yi mu biara nkyerɛw ɔkyerɛkyerɛfo no nsɛm ne nneɛma a ɔyɛe a, wɔn nyinaa renkyerɛw adekoro. Enti sɛ obi kan nnipa nnan no nsɛm no a, esiane sɛ obiara nko ne nea ɔde n’adwene sii so nti, ɛbɛma onii no ahu ɔkyerɛkyerɛfo no ho nsɛm yie. Mfatoho yi ma yɛhu sɛ mfaso wɔ so paa sɛ nnipa nnan na wɔkyerɛw Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse Yesu ho asɛm.

Yɛahu sɛ nnipa nnan no, ɛsono nea obiara de n’adwene kɔɔ so. Towgyefo no, nnipa a ɔde n’adwene kɔɔ wɔn so paa ne Yudafo, enti ɔkyerɛw nsɛm a ɛbɛboa wɔn. Oduruyɛfo no nso, ayaresa ho asɛm na na ɛdɔɔso wɔ ne de mu, enti nneɛma bi a towgyefo no kae ampue mu, na ebi wɔ hɔ nso a, ɔkaa no kwan foforo so. Ɔkyerɛkyerɛfo no adamfo no deɛ, ɔkyerɛkyerɛfo no suban ne sɛnea ɔte nka na ɔkaa ho asɛm kɛse. Nea ɔtɔ so nnan a ɔyɛ wɔn mu kumaa no nso, na ne nsɛm nnɔɔso. Nanso nea wɔn mu biara kyerɛwee no yɛ nokorɛ. Mfatoho yi ma yɛhu nea enti a yɛhia Nsɛmpa nnan no nyinaa. Ɛma yɛte Yesu nnwuma ne ne nkyerɛkyerɛ ase yie, na ɛma yɛhu ne suban.

Sɛ ebinom reka Nsɛmpa no ho asɛm a, wɔtumi frɛ no ‘Mateo Nsɛmpa’ anaa ‘Yohane Nsɛmpa.’ Wɔka saa a, wɔntii, efisɛ “asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho” na ɛwɔ nwoma no biara mu. (Marko 1:1) Nanso yɛreka paa a, asɛmpa baako pɛ na ɛwɔ nwoma nnan no nyinaa mu; Yesu ho asɛmpa.

Nnipa pii akenkan Onyankopɔn Asɛm no, na wɔde nsɛm a ɛwɔ Mateo, Marko, Luka ne Yohane atoto ho ahu sɛnea Yesu ho nsɛm nyinaa kɔe pɛpɛɛpɛ. Bɛyɛ afe 170 mu no, Siriani kyerɛwfo Tatian nso yɛɛ bi. Ɔhuu sɛ Nsɛmpa nnan no mu nsɛm yɛ nokorɛ na ɛfiri Onyankopɔn hɔ, enti ɔkaa ne nyinaa boom yɛɛ no nwoma baako. Wɔfrɛ nwoma no Diatessaron; wɔahyehyɛ Yesu ho nsɛm nyinaa wom sɛnea ɛkɔe pɛpɛɛpɛ.

Saa ara na yɛayɛ nwoma yi a ne din de Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa no. Nanso nwoma yi deɛ, sɛnea yɛahyehyɛ nsɛm no di mu sen nwoma afoforo. Nea ama atumi ayɛ yie saa ne sɛ, seesei yɛate Yesu nkɔmhyɛ ne ne mfatoho ase yie, na ɛno ama nsɛm a ɔkae ne nneɛma a ɔyɛe no pii mu ada hɔ. Afei nso sɛnea nsɛm no bi didi so no, yɛahu n’ani so yie. Tete nneɛma a wɔatutu fam ahu nso aboa ama nneɛma bi mu ada hɔ, na ama yɛahu adwene a akyerɛwfo no de kaa nsɛm no bi. Nsɛm mmaako mmaako bi wɔ hɔ a, yɛrentumi nsi no pi sɛ wei sii ansa na wei resi. Nanso yɛahyehyɛ nsɛm no sɛnea ɛsɛ na ɛtɔ asom wɔ nwoma a yɛato din Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa yi mu.

ƐKWAN NO, NOKORƐ NO NE NKWA

Sɛ worekenkan nwoma yi a, bɔ mmɔden sɛ wobɛhu aba a ɛwom a ɛbɛtumi aboa wo ne w’adɔfo nyinaa. Wobɛkae a, Yesu Kristo ka kyerɛɛ ɔsomafo Toma sɛ: “Mene ɛkwan no ne nokorɛ no ne nkwa. Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.”—Yohane 14:6.

Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa nwoma yi bɛboa wo ama woahu sɛ Yesu ne “ɛkwan no” ampa. Yesu nko ara na yɛbɛtumi afa ne so abɔ Yehowa Nyankopɔn mpae. Afei nso, ɔno ne ɛkwan a yɛbɛtumi afa ne so apata yɛne Onyankopɔn ntam. (Yohane 16:23; Romafoɔ 5:8) Enti Yesu nko ara ne obi a yɛbɛtumi afa ne so ne Onyankopɔn ayɛ nnamfo.

Yesu ne “nokorɛ no,” efisɛ ɔbaa asase so no, nsɛm a ɔkae ne sɛnea ɔbɔɔ ne bra nyinaa kyerɛ saa. Nkɔmhyɛ pii baa mu wɔ ne so, enti nkɔmhyɛ no “nam ne so ayɛ ‘Aane.’” (2 Korintofoɔ 1:20; Yohane 1:14) Saa nkɔmhyɛ no nyinaa ma yɛhu sɛ Yesu di akoten wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu.—Adiyisɛm 19:10.

Yesu Kristo ne “nkwa,” efisɛ ne nkwa ne ne mogya a bɔne biara nni ho a ɔde bɔɔ afɔre nti, nnipa bɛtumi anya “nkwa paa no” anaa “daa nkwa.” (1 Timoteo 6:12, 19; Efesofoɔ 1:7; 1 Yohane 1:7) Ade foforo nti a yɛbɛtumi aka sɛ ɔne “nkwa” ne sɛ, nnipa ɔpepem pii nam ne so bɛnya owusɔre aba nkwa mu abɛtena Paradise asase so daa.—Yohane 5:28, 29.

Dwuma a Yesu di wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa te ase yie. Yesu ne “ɛkwan no ne nokorɛ no ne nkwa,” enti kɔ so kenkan nwoma yi na nya ne ho nimdeɛ pii.