Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 130

Ɔde Yesu Maa Wɔn sɛ Wɔnkɔkum No

Ɔde Yesu Maa Wɔn sɛ Wɔnkɔkum No

MATEO 27:31, 32 MARKO 15:20, 21 LUKA 23:24-31 YOHANE 19:6-17

  • NÁ PILATO PƐ SƐ ƆGYAA YESU

  • ƆKAA SƐ WƆMFA YESU NKƆKUM NO

Ná wɔahwe Yesu apirapira no adi ne ho agorɔ ara, nanso bere a Pilato de no bɛgyinaa nkurɔfo no anim a ɔyɛɛ sɛ anka ɔbɛgyaa no no, anyɛ asɔfo mpanimfoɔ no ne wɔn akyitaafo mmɔbɔ. Wɔn deɛ, ɛnyɛ nea obi reka koraa na na wɔretie; kum ara na na wɔpɛ sɛ wɔkum Yesu. Wɔteateaam sɛ: “Bɔ no asɛndua mu! Bɔ no asɛndua mu!” Pilato nso kaa sɛ: “Mo ara momfa no nkɔbɔ no asɛndua mu, na me deɛ, menhunu mfomsoɔ biara wɔ ne ho.”​—Yohane 19:6.

Bere a Yudafo no bɔɔ Yesu kwaadu sɛ ɔtutu man ase no, Pilato ante ase amma wɔn sɛ ɛno nti ɔfata owuo. Afei wɔde fa he a na wɔbɛnya Yesu? Yɛbɛkae a, bere a Sanhedrin no redi Yesu asɛm no, wɔbɔɔ no sobo sɛ waka abususɛm. Wɔsan kɔfaa saa asɛm no bae wɔ Pilato anim. Wɔkaa sɛ: “Yɛwɔ mmara, na sɛdeɛ mmara no kyerɛ no, ɛsɛ sɛ ɔwuo, ɛfiri sɛ ɔfrɛɛ ne ho Onyankopɔn ba.” (Yohane 19:7) Wei deɛ na ɛyɛ asɛm foforo koraa ma Pilato.

Pilato san wuraa ahemfie hɔ kɔfaa ne ho adwene. Ɔhwɛ nea wɔde ayɛ ɔbarima yi a ne nyinaa akyi ɔda so gyina ne nan so, na sɛ ɔkae ne yere dae no a, ɔno ara tumi hu sɛ ɛsɛ sɛ ɔgyaa no. (Mateo 27:19) Nanso asɛm a Yudafo no kaa sɛ Yesu se ɔyɛ “Onyankopɔn ba” no, dɛn na na Pilato bɛyɛ wɔ ho? Ná ɔno ara nim sɛ Yesu fi Galilea. (Luka 23:5-7) Nanso ɔbisaa no sɛ: “Wofiri he?” (Yohane 19:9) Bere a Pilato tee saa asɛm no, ɛbɛtumi aba sɛ ɔdwenee ho sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn ba a watena ase pɛn.

Ná Yesu aka ama Pilato ate sɛ ɔyɛ ɔhene nanso n’Ahenni mfiri wiase. Yesu huu sɛ ɛho nhia sɛ ɔkyerɛ nsɛm mu pii bio, enti ɔyɛɛ dinn. Pilato faa no sɛ wabu no animtiaa, enti ne bo fui, na ɔkaa sɛ: “Wommua me? Wonnim sɛ mewɔ tumi sɛ megyaa woɔ na mewɔ tumi nso sɛ mebɔ wo asɛndua mu?”​—Yohane 19:10.

Yesu maa no mmuaeɛ sɛ: “Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a, anka worennya me so tumi biara. Ɛno nti na onipa a ɔde me maa woɔ no bɔne sõ paa no.” (Yohane 19:11) Ɛnyɛ onipa baako na na Yesu reka ne ho asɛm. Ná ɔrepɛ akyerɛ sɛ Kaiafa ne ne nkurɔfo ne Yuda Iskariot nyinaa, asodi da wɔn so sen Pilato.

Pilato huu sɛ nea wɔde yɛɛ Yesu no nyinaa akyi no, wanyɛ basabasa anaa wankasa antia obiara. Afei nso na Pilato suro sɛ ebia na Yesu yɛ Onyankopɔn ba ampa, enti ɔnyaa adwene sɛ ɔbɛgyaa no. Nanso Yudafo no kɔfaa asɛm foforo bae maa ehu kaa Pilato. Wɔhunahunaa no sɛ: “Sɛ wogyaa onipa yi a, na wonyɛ Kaesare adamfo. Onipa biara a ɔyɛ ne ho ɔhene no kasa tia Kaesare.”​—Yohane 19:12.

Amrado Pilato san de Yesu baa abɔnten, na ɔtenaa n’ahennwa so ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Hwɛ! Mo hene nie!” Nanso na Yudafo no asi wɔn bo paa. Wɔteateaam sɛ: “Fa no kɔ! Fa no kɔ! Bɔ no asɛndua mu!” Pilato bisaa wɔn sɛ: “Memmɔ mo hene asɛndua mu?” Saa bere no, na Yuda man no hyɛ Roma Ɔhempɔn Kaesare ase, na na Yudafo no mpɛ koraa, nanso afei deɛ asɔfo mpanimfoɔ no buee wɔn ano kaa sɛ: “Yɛnni ɔhene biara sɛ Kaesare.”​—Yohane 19:14, 15.

Yudafo no yɛe ara maa ehu kaa Pilato, enti ɔpenee so sɛ wɔmfa Yesu nkɔkum no. Asraafo no worɔɔ Yesu atade kɔkɔɔ no de n’atade nguguso hyɛɛ no. Wɔde Yesu rekɔ no, ɔno ara na ɔsoaa asɛndua no.

Ɛfiri Yawda anɔpa bɛsi Fida, Nisan da a ɛtɔ so 14 a anim atetew yi, na Yesu nkaa n’ani nguu so; ná wɔadi n’ani saa ara. Bere a wɔde no rekɔ no, wɔde n’asɛndua no soaa no, nanso ɛduu baabi no, na ɔntumi bio. Enti obi a ɔretwam akɔ ne baabi na asraafo no kyeree no ma ɔsoaa asɛndua no maa no. Onii no ne Simon a ɔfiri Kirene, Afrika. Wɔrekɔ no, na nnipadɔm di wɔn akyi, na na ebinom resu twa adwo.

Yesu ka kyerɛɛ mmaa a wɔresu no sɛ: “Yerusalem mma mmaa, monnsu me. Na mmom monsu mo ho ne mo mma; ɛfiri sɛ, hwɛ! nna bi reba a nkurɔfoɔ bɛka sɛ, ‘Anigyeɛ ne abonini ne yafunu a anwoɔ ne nufoɔ a wɔannom ano!’ Ɛnna wɔbɛfiri aseɛ aka akyerɛ mmepɔ sɛ, ‘Mommɛgu yɛn so!’ ne nkokoɔ sɛ, ‘Monkata yɛn so!’ Ɛfiri sɛ berɛ a dua no yɛ dua mono no na wɔreyɛ yei a, ɛnneɛ sɛ ɛwu a ɛdeɛn na ɛbɛsie?”​—Luka 23:28-31.

Asɛm a Yesu kae no, na ɛfa Yuda man no ho. Ná wɔte sɛ dua a ɛrewu a nsuo kakraa bi na ɛgyina mu, efisɛ saa bere no, na Yesu ne Yudafo kakraa bi a wɔgye no di da so wɔ hɔ. Nanso sɛ wɔn nyinaa wu kɔ a, ɔsom nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ no bɛyɛ sɛ dua a awu. Sɛ Onyankopɔn ma Roma asraafo no bɛsɛe ɔman no a, esu a ɛbɛkɔ so nyɛ su ketewa!