Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 108

Wɔyɛɛ sɛ Wɔbɛma Yesu Ho Akyere no Nso Anyɛ Yie

Wɔyɛɛ sɛ Wɔbɛma Yesu Ho Akyere no Nso Anyɛ Yie

MATEO 22:15-40 MARKO 12:13-34 LUKA 20:20-40

  • FA KAESARE DE MA KAESARE

  • OWUSƆREƐ AKYI, AWAREƐ WƆ HƆ?

  • MMARA NO MU NEA ƐYƐ KƐSE

Nyamesomfo a wɔne Yesu redi asi no bo fui, efisɛ na wama mfatoho bi ama atwi wɔn. Enti Farisifo no bɔɔ pɔ sɛ wɔbɛsum no afidie ama ne ho akyere no. Ná wɔpɛ sɛ wɔyɛ ara ma Yesu ka biribi na wɔsɔ ne mu twe no kɔma Roma amrado no, enti wɔbɔɔ wɔn nkurɔfo paa sɛ wɔnkɔsum no afidie.—Luka 6:7.

Wɔkɔbisaa Yesu sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ wo nsɛm ne wo nkyerɛkyerɛ yɛ nokorɛ na wonyɛ animhwɛ, na wokyerɛkyerɛ Onyankopɔn kwan nokorɛ mu: Mmara ma ho kwan sɛ yɛtua toɔ ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?” (Luka 20:21, 22) Yesu huu sɛ wɔredɛfɛdɛfɛ no. Sɛ ɔka sɛ, ‘Dabi ɛnsɛ sɛ wɔtua tow no’ a, wɔbɛbɔ no kwaadu sɛ ɔretutu Roma aban no ase. Sɛ nso ɔka sɛ ‘Aane, ɛsɛ sɛ wɔtua tow no’ a, ɛbɛyɛ asɛm, efisɛ na Yudafo no hyɛ Romafo ase, na na wɔn ani nnye tow a wɔtua ma wɔn no ho. Enti mmuaeɛ bɛn na Yesu de maa wɔn?

Yesu buaa sɛ: “Nyaatwomfoɔ, adɛn nti na moresɔ me ahwɛ? Momfa toɔ sika no bi mmɛkyerɛ me.” Wɔbrɛɛ no denare, na ɔbisaa wɔn sɛ: “Hwan mfonini ne ne ntwerɛdeɛ nie?” Wɔkaa sɛ: “Kaesare dea.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ montua Kaesare deɛ mma Kaesare, na montua Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”—Mateo 22:18-21.

Yesu mmuaeɛ no maa mmarima no ho dwirii wɔn paa, na ɛmaa wɔn nsɛm nyinaa kaa wɔn tirim, enti wɔgyaa ne hɔ kɔe. Nanso asɛm no anso hɔ ara. Bere a Farisifo no yɛɛ sɛ wɔbɛsum Yesu afidie a anyɛ yie no, Sadukifo nso de wɔn asɛm bɛfoforoo no.

Sadukifo no, na wɔnnye owusɔre nni, enti wɔde owusɔre ho asɛmmisa bi bae. Saa bere no, sɛ ɔbarima ware na wanwo a, ne wuo akyi no, ne nuabarima tumi ware ne yere no. Enti wɔbisaa Yesu sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose kaa sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi wu na ɔnni mma a, ɛsɛ sɛ ne nuabarima ware ne yere no na ɔne no wo ma ne nua no.’ Ná yɛne anuanom nson na ɛwɔ ha; deɛ ɔdi kan no wareeɛ na ɔwuiɛ, na ɛsiane sɛ na ɔnni mma nti, ɔgyaa ne yere maa ne nua. Asɛm korɔ no ara na ɛtoo deɛ ɔtɔ so mmienu ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no, kɔsii nson no nyinaa so. Awieeɛ koraa no, ɔbaa no wuiɛ. Enti owusɔreɛ mu no, nnipa nson no mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa waree no.”—Mateo 22:24-28.

Ná Sadukifo no gye nsɛm a Mose akyerɛw no di, enti ɛno na Yesu de maa wɔn mmuaeɛ. Ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ yei nti na moredi mfomsoɔ, ɛsiane Twerɛnsɛm anaa Onyankopɔn tumi a monnim nti? Sɛ wɔsɔre firi awufoɔ mu a, mmarima renware na wɔremfa mmaa nso mma awareɛ, na mmom wɔbɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ soro. Na awufoɔ ne nyane a wɔnyane wɔn no ho deɛ, monkenkanee no Mose nwoma no mu wɔ asɛm a ɛfa nkyɛkyerɛ ho no mu, sɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn’? Ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ateasefoɔ deɛ. Modi mfomsoɔ pii.” (Marko 12:24-27; Exodus 3:1-6) Nnipadɔm no tee mmuaeɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa paa.

Yesu maa Farisifo ne Sadukifo no nyinaa nsɛm kaa wɔn tirim. Enti afei nyamesomfo a wɔne Yesu ani nhyia no nyinaa kaa wɔn ntoma bɔɔ ano bɛsɔɔ Yesu hwɛe. Akyerɛwfo no baako bisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mmara no mu ahyɛdeɛ bɛn na ɛyɛ kɛseɛ?”—Mateo 22:36.

Yesu buaa sɛ: “Deɛ ɛdi kan ne sɛ, ‘O Israel tie, Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’ Deɛ ɛtɔ so mmienu ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Mmara biara nni hɔ a ɛyɛ kɛse sene yeinom.”—Marko 12:29-31.

Mmuaeɛ a Yesu de maa ɔkyerɛwfo no maa ɔkaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, deɛ woaka no yɛ nokorɛ turodoo, ‘Ɔyɛ Koro, na obiara nni hɔ sɛ Ɔno’; na obi akoma nyinaa ne n’adwene nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa a ɔde bɛdɔ no, na wadɔ ne yɔnko sɛ ne ho no som bo koraa sene ɔhyeɛ afɔdeɛ ne afɔrebɔ nyinaa.” Yesu huu sɛ ɔkyerɛwfo no akasa yie, enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ne Onyankopɔn ahennie ntam kwan nware.”—Marko 12:32-34.

Ná Yesu akyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie hɔ nnansa (Nisan 9, 10, ne 11). Nnipa bi te sɛ ɔkyerɛwfo yi ani gyee Yesu asɛm no ho. Nyamesom mpanimfoɔ no deɛ, wɔn ani annye ho, nanso wɔannya “akokoɔduro ammisa no asɛm biara bio.”