Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 101

Yesu Kɔɔ Betania Kɔdidii Simon Fie

Yesu Kɔɔ Betania Kɔdidii Simon Fie

MATEO 26:6-13 MARKO 14:3-9 YOHANE 11:55–12:11

  • YESU SAN BAA BETANIA A ƐBƐN YERUSALEM

  • MARIA HWIEE NGO HWAMHWAM GUU YESU TIRIM NE NE NAN HO

Yesu fii Yeriko no, ɔde n’ani kyerɛɛ Betania. Ɛfiri Yeriko rekɔ Betania yɛ kilomita 20, na na akwantu no nna fam, efisɛ na Betania kuro no gu bepɔ so (ɛwɔ soro bɛboro mita 600), ɛnna Yeriko nso gu bepɔ ase (ɛwɔ fam bɛyɛ mita 250). Betania na na Lasaro ne ne nua mmaa mmienu no te. Ná ɛwɔ Ngo Bepɔ no nifa so, na ɛfiri hɔ rekɔ Yerusalem yɛ kilomita mmiɛnsa.

Ná Yudafo no pii aba Yerusalem rebɛdi Twam afahyɛ no. Wɔbɛduu hɔ ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a “wɔbɛdwira wɔn ho,” efisɛ ebia na wɔn ho aka efunu anaa wɔayɛ biribi ama wɔn ho agu fi. (Yohane 11:55; Numeri 9:6-10) Wɔn a wɔbaa ntɛm no kɔɔ asɔrefie hɔ, na na ebinom rekeka sɛ Yesu bɛba abɛdi Twam afahyɛ no, ɛnna ebinom nso reka sɛ ɔremma.—Yohane 11:56.

Ná Yesu ho nsɛnkeka adɔɔso. Nyamesom mpanimfoɔ no, na wɔn mu bi ani abere denneennen repɛ Yesu akum no. Wɔde nkra gyigyaa sɛ, sɛ obi te Yesu nka a ɔmmɛka nkyerɛ wɔn, na “wɔnkɔkye no.” (Yohane 11:57) Yesu nyanee Lasaro no, saa bere no na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkum no. (Yohane 11:49-53) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ na nkurɔfo ntumi nhu sɛ Yesu bɛba abɛdi Twam afahyɛ no anaa ɔremma.

Fida na Yesu kɔduu Betania. Ná aka “nnansia na twam no” adu so. (Yohane 12:1) Saa Fida no anwummere bɛyɛ nnɔn 6 na Nisan da a ɛtɔ so 8 fii ase; Homeda no nso fii ase saa bere no. Enti, Yesu bɛduu Betania ansa na Homeda redu so. Nea ɛte ne sɛ, na Yudafo mmara mma kwan sɛ obi bɛtu kwan Homeda. Ná Homeda hyɛ ase Fida anwummere kɔsi Memeneda anwummere. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu duu Betania no, ɔkɔɔ Lasaro fie sɛnea ɔtaa yɛ no.

Ná ɔbarima bi nso te Betania a ne din de Simon, na ɔfrɛɛ Yesu ne n’asuafo no sɛ wɔmmra ne fie Memeneda anwummere mmɛdidi. Ná wɔfrɛ no Simon “kwatani.” Ɛbɛtumi aba sɛ na ɔyɛ kwatani na Yesu saa no yareɛ. Yɛnim sɛ na Marta pɛ adeyɛ, enti na n’ani abere resom ahɔho. Maria deɛ, ɔde n’adwene nyinaa sii Yesu so, na anyɛ nkurɔfo dɛ, enti wɔkasakasaa ho.

Maria buee alabasta toa bi ano, na na “nardo ngohwam amapa, nkariboɔ baako” na ɛwom. (Yohane 12:3) Ná saa ngohwam no boɔ yɛ denare 300, kyerɛ sɛ, odwumayɛni afe baako akatua, enti na ne boɔ yɛ den paa. Maria hwiee ngo no guu Yesu tirim ne ne nan ho, na ɔde ne tiri nwi popaa ne nan ase. Ngohwam no gyee fie hɔ nyinaa.

Asuafo no bo fui, enti wɔbisaa sɛ: “Adɛn nti na wɔasɛe ngo hwamhwam yi saa?” (Marko 14:4) Yuda Iskariot mpo deɛ, ɔbisaa sɛ: “Adɛn nti na wɔantɔn ngo hwamhwam yi annye denare ahasa amfa amma ahiafoɔ?” (Yohane 12:5) Nanso na ɛnyɛ ahiafo ho adwene koraa na ɛwɔ ne tirim. Ɔno na na ɔhwɛ asuafo no sika adaka so, na na ɔwiawia bi.

Nanso Yesu kaa bi maa Maria sɛ: “Adɛn nti na mopɛ sɛ moha ɔbaa no? Adepa na wayɛ ama me. Ahiafoɔ deɛ, daa wɔwɔ mo nkyɛn, na me deɛ, ɛnyɛ daa na mobɛnya me. Berɛ a ɔbaa yi de ngo hwamhwam yi guu me ho no, na ɔreyɛ ama me sie. Nokorɛm mese mo sɛ, baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa no, wɔbɛka deɛ ɔbaa yi ayɛ yi nso de akae no.”—Mateo 26:10-13.

Ɛbɛyɛ sɛ afei deɛ na Yesu adi nna kakra wɔ Betania, enti na obiara ate ne nka. Ɛmaa Yudafo bebree baa Simon fie sɛ wɔrebɛhwɛ Yesu ne Lasaro a “[Yesu nyanee] no firii awufoɔ mu no.” (Yohane 12:9) Afei asɔfo mpanimfoɔ no tuu agyina sɛ wɔbɛkum Yesu ne Lasaro nyinaa. Ná wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ Lasaro a ɔda so te ase a, anka nnipa pii annye Yesu anni saa. Anokwa, na asɔfo mpanimfoɔ no tirim yɛ sum!