Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 126

Ɔsomafo Petro Kaa wɔ Kaiafa Fie sɛ Ɔnnim Yesu

Ɔsomafo Petro Kaa wɔ Kaiafa Fie sɛ Ɔnnim Yesu

Bere a wɔguu Yesu mpokyerɛ wɔ Getsemane turo mu hɔ no, ehu kaa asomafo no maa wɔdwane gyaa no. Nanso, asomafo mmienu, Petro ne “osuani foforɔ,” san wɔn akyi. Ɛbɛyɛ sɛ osuani foforo no ne ɔsomafo Yohane. (Yohane 18:15; 19:35; 21:24) Wɔde Yesu kɔɔ Anas fie no, ebia ɛhɔ na asomafo mmienu no kɔtoo Yesu. Bere a Anas maa wɔde Yesu kɔɔ Ɔsɔfo Panin Kaiafa fie no, Petro ne Yohane dii akyi nanso wɔammɛn nnipa no pii. Wɔdi akyi nyinaa, na wɔsuro nea ɛbɛto wɔn, nanso na wɔntumi nnya wɔn Wura no hɔ.

Ná ɔsɔfo panin Kaiafa nim Yohane, enti ɔnyaa kwan wuraa fie hɔ. Petro deɛ wannya kwan. Abaayewa bi na na ɔgyina pono no ano, enti Yohane san baa kwan no ano bɛsrɛ maa Petro wuraa mu.

Saa anadwo no, na awɔ wom paa, enti na nkurɔfo reto gya wɔ adiwo hɔ. Ná Petro retwɛn ahwɛ “deɛ ɛbɛsie,” enti ɔkɔtoo gya no bi. (Mateo 26:58) Petro te gya no ho no, abaayewa a ɔgyina pono ano no huu n’anim yie. Ɔde bɔɔ ne so sɛ: “Wo nso woka onipa yi asuafoɔ no ho, ɛnte saa?” (Yohane 18:17) Ɛnyɛ abaayewa no nko ara na ɔhu kaa sɛ Petro ka Yesu ho.—Mateo 26:69, 71-73; Marko 14:70.

Asɛm no haw Petro paa. Ná ɔmpɛ sɛ nkurɔfo bɛhu no, enti ɔfirii hɔ kɔgyinaa kwan ano. Petro annye antom sɛ ɔne Yesu na ɛnam, na ɛduu baabi mpo deɛ, ɔkaa sɛ: “Menni no na mente deɛ woreka yi ase nso.” (Marko 14:67, 68) Afei Petro “dii nse kaa ntam.” Ɛno kyerɛ sɛ nea ɔkae no, sɛ ɛnyɛ nokware a, ɛnde mmusu mmra ne so.—Mateo 26:74.

Saa bere no nyinaa na wɔgu so redi Yesu asɛm. Ɛbɛyɛ sɛ baabi a na wɔredi asɛm no wɔ Kaiafa fie hɔ no wɔ soro. Enti na Petro ne wɔn a wɔwɔ ase hɔ no ani tua nea ɛrekɔ so nyinaa. Wɔhuu sɛ adansekurumfo no, wei ba kɔ na wei aba.

Ná Petro fi Galilea, enti ne kasa koraa kyerɛɛ sɛ nea ɔreka no ɔboa. Afei nso, nnipa a wɔwɔ hɔ no, na baako busuani ne Malko a Petro twaa n’aso no. Enti ɔno nso de pem Petro sɛ: “Mehunuu sɛ woka ne ho wɔ turom hɔ, ɛnte saa?” Bere a Petro kaa ne mprɛnsa so sɛ ɔne Yesu nni hwee yɛ no, akokɔ bɔnee sɛnea Yesu kae no.—Yohane 13:38; 18:26, 27.

Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na Yesu gyina fie no soro hɔ rehwɛ nea ɛrekɔ so wɔ adiwo hɔ. Afei Awurade danee n’ani hwɛɛ Petro anim, na ɛbɛyɛ sɛ Petro werɛ hoe paa. Ɔkaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no wɔ abansoro dan no mu no; ná Yesu kaa saa asɛm no nkyɛe. Bere a Petro ani baa ne ho so no, asɛm no hyee no paa. Enti ɔkɔɔ abɔnten kɔsuu pii.—Luka 22:61, 62.

Dɛn paa na ɛmaa asɛm saa too Petro? Ná Petro gye ne ho di sɛ biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi atwe no afiri Yesu ho. Ɛnde ɛyɛɛ dɛn na ɔno ampa ara, ɔtumi kaa sɛ ɔne ne Wura no nni hwee yɛ? Nkurɔfo twaa nkontompo too Yesu so kaa sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo. Anka ɛsɛ sɛ Petro gyina Yesu akyi, nanso wanyɛ saa. Obi a Petro no ara kaa sɛ ɔwɔ “daa nkwa nsɛm” no, afei deɛ ɔse ɔnnim no.—Yohane 6:68.

Asɛm a ɛtoo Petro no ma yɛhu sɛ obi wɔ gyidi sɛ dɛn koraa na sɛ sɔhwɛ to no mpofirim a, ɔbɛtumi agyaa ne ho mu. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa sua biribi fi nea ɛtoo Petro no mu.