Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 104

Yudafo no Tee Onyankopɔn Nne​—Wɔgye Dii Anaa?

Yudafo no Tee Onyankopɔn Nne​—Wɔgye Dii Anaa?

YOHANE 12:28-50

  • NNIPA PII TEE ONYANKOPƆN NNE

  • NEA WƆBƐHWƐ HO ABU NNIPA ATƐN

Ná Yesu wɔ asɔrefie hɔ Nisan da a ɛtɔ so 10 reka ne wuo ho asɛm; saa da no, na ɛyɛ Dwoda. Ná ɔredwene sɛnea ne wuo no bɛka Onyankopɔn din ho paa, enti ɔkaa sɛ: “Agya, hyɛ wo din animuonyam.” Ɛnne kɛse bi fii soro kaa sɛ: “Mahyɛ no animuonyam na mɛsan ahyɛ no animuonyam bio.”—Yohane 12:27, 28.

Nnipa a wɔtee nne no bɔɔ hu. Ɛyɛɛ ebinom mpo sɛ aprannaa na abobom. Ebinom nso kaa sɛ: “Ɔbɔfoɔ akasa akyerɛ no.” (Yohane 12:29) Nanso Yehowa na ɔkasae. Ná ɛno nyɛ bere a ɛdi kan a nnipa ate sɛ Onyankopɔn aka biribi afa Yesu ho.

Mfe mmiɛnsa ne fa a na atwam no, Yohane Suboni tee sɛ Onyankopɔn reka biribi afa Yesu ho. Saa bere no, na wabɔ Yesu asu awie. Onyankopɔn kaa sɛ: “Oyi ne me Ba, deɛ medɔ no na magye no atom.” Afei, afe 32 Twam afahyɛ bere no, Yakobo, Yohane ne Petro nso tee Onyankopɔn nne. Saa bere no, Yesu sakraa ne ho wɔ wɔn anim, na wɔtee sɛ Onyankopɔn reka sɛ: “Oyi ne me Ba, deɛ medɔ no a megye no tom; montie no.” (Mateo 3:17; 17:5) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa yi deɛ, Yehowa kasa maa nnipa pii tee.

Yesu kaa sɛ: “Ɛnyɛ me nti na nne yi baeɛ, na mmom mo nti.” (Yohane 12:30) Ɛno kyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba ampa, na ɔno ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no.

Afei nso, yɛhwɛ sɛnea Yesu bɔɔ ne bra wɔ asase so a, ɛma yɛhu sɛnea ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa bɔ wɔn bra. Ɛsan kyerɛ sɛ Satan Ɔbonsam a ɔredi wiase so no fata ɔsɛe. Yesu kaa sɛ: “Afei na wɔrebu wiase yi atɛn; afei na wɔrebɛtu wiase yi sodifoɔ no afiri hɔ.” Sɛ Yesu wu a, ɛrenkyerɛ sɛ wadi nkoguo; ɛbɛyɛ nkonimdi kɛse! Adɛn ntia? Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ wɔma me so firi asase so a, mɛtwe nnipa ahodoɔ nyinaa aba me nkyɛn.” (Yohane 12:31, 32) Enti wu a Yesu bɛwu wɔ asɛndua so no, na ɛbɛtwe nnipa aba ne nkyɛn na wɔanya daa nkwa.

Bere a Yesu kaa sɛ ‘wɔbɛma ne so’ no, nkurɔfo no kaa sɛ: “Yɛte firii Mmara no mu sɛ Kristo wɔ hɔ daa; adɛn nti na woka sɛ ɛtwa sɛ wɔma onipa Ba no soɔ? Onipa Ba bɛn nie?” (Yohane 12:34) Ná wɔate Onyankopɔn ankasa nne na wɔanya adanse foforo pii a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne onipa Ba no ankasa, Mesia a wɔahyɛ ne ho nkɔm no. Ne nyinaa akyi no, wɔannye no anni.

Ná Yesu aka pɛn sɛ ɔyɛ “hann,” na ɔsan kaa bio. (Yohane 8:12; 9:5) Ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ: “Hann no bɛtena mo mu berɛ kakra. Monnante berɛ a mowɔ hann no na esum anni mo so . . . Berɛ a mowɔ hann yi, monnya hann no mu gyidie na moayɛ hann no mma.” (Yohane 12:35, 36) Yesu ano sii no, ɔfirii hɔ kɔpɛɛ baabi hyɛe, efisɛ na ɛyɛ Nisan da a ɛtɔ so 10, enti na bere nsoe sɛ ɔbɛwu. Ná ‘wɔbɛma ne so’ anaa wɔbɛbɔ no asɛndua mu Nisan da a ɛtɔ so 14 Twam afahyɛ bere.—Galatifoɔ 3:13.

Yɛhwɛ sɛnea Yesu som adwuma no kɔe a, yɛtumi hu sɛ bere a Yudafo no annye no anni no, na ɛyɛ nkɔmhyɛ na ɛreba mu. Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ ɔman no ani bɛfura na wɔn koma bepirim ara ama wɔrensakra na wɔanya ayaresa. (Yesaia 6:10; Yohane 12:40) Enti adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Ogyefo a wɔahyɛ ne ho nkɔm sɛ yɛnam ne so bɛnya nkwa no, Yudafo fã kɛse no ara hyɛɛ da poe.

Nikodemo, Yosef a ɔfiri Arimatea, ne Yudafo mpanimfoɔ pii “nyaa [Yesu] mu gyidie.” Nanso wohwɛ a, dɛn na na ɛbɛtumi atwe wɔn asan a ɛremma wɔnyi wɔn anim nna wɔn gyidi adi? Ebia na wɔsuro sɛ, sɛ wɔyi wɔn anim a, wɔbɛtu wɔn afiri hyiadan mu anaasɛ na wɔpɛ “nnipa animuonyam.”—Yohane 12:42, 43.

Yesu ankasa kyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ obi a ɔwɔ ne mu gyidi yɛ. Ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔgye me die no, ɛnyɛ me nko na ɔgye me die, na mmom deɛ ɔsomaa me no nso; na deɛ ɔhu me no ahunu deɛ ɔsomaa me no nso.” Nokwasɛm a Onyankopɔn de hyɛɛ Yesu ano a na ɔgu so reka ho asɛm kyerɛ nkurɔfo no, na ɛho hia paa ma enti ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔmmu me na ɔnnye me nsɛm no wɔ ɔtemmufoɔ baako. Asɛm a maka no na ɛbɛbu no atɛn ɛda a ɛdi akyire no.”—Yohane 12:44, 45, 48.

Afei Yesu wiee n’asɛm no sɛ: “Mamfa me ara me pɛ so na ɛkasaeɛ, na mmom Agya a ɔsomaa me no ara na ahyɛ me deɛ ɛsɛ sɛ meka pɔtee. Afei nso, menim sɛ n’ahyɛdeɛ kyerɛ daa nkwa.” (Yohane 12:49, 50) Ná Yesu nim sɛ ɛrenkyɛ ɔno ara de ne nkwa bɛbɔ afɔre ama nnipa a wɔnya ne mu gyidi no.—Romafoɔ 5:8, 9.