Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 124

Yuda Yii Kristo Mae na Wɔkyeree no Kɔe

Yuda Yii Kristo Mae na Wɔkyeree no Kɔe

MATEO 26:47-56 MARKO 14:43-52 LUKA 22:47-53 YOHANE 18:2-12

  • YUDA YII YESU MAE WƆ TURO NO MU

  • PETRO TWAA OBI ASO

  • WƆKYEREE YESU

Yɛbɛkae a, na asɔfo no apene so sɛ wɔbɛma Yuda nnwetɛbona 30 ma wayi Yesu ama wɔn. Enti anadwo dasuom na Yuda dii asɔfo mpanimfoɔ ne Farisifo bi anim sɛ wɔrekɔhwehwɛ Yesu akyere no. Ná Roma asraafo bi a ɔsraani panin da wɔn ano ka wɔn ho.

Yesu pamoo Yuda fii Twam afahyɛ no ase no, ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ ara na Yuda kɔɔ asɔfo mpanimfoɔ no nkyɛn. (Yohane 13:27) Mpanimfoɔ no nso boaboaa wɔn nkurɔfo ne asraafo ano. Ɛbɛtumi aba sɛ abansoro dan a Yesu ne asomafo no dii Twam afahyɛ no wom no, ɛhɔ na Yuda dii kan de wɔn kɔe. Wɔfirii hɔ no, wɔkɔtwaa Kidron Subon no de wɔn ani kyerɛɛ turo mu hɔ. Ná wɔkurakura akode ne nkanea. Wotumi hu sɛ na wɔasi wɔn bo paa sɛ wɔbɛkyere Yesu.

Yuda ne nkurɔfo no rekɔ nyinaa, na ɔnim paa sɛ, sɛ wɔanhu Yesu baabiara a, na ɛnyɛ Ngo Bepɔ no so. Wobɛkae a, nnawɔtwe a na atwam no, na Yesu ne asomafo no di Betania ne Yerusalem akɔneaba, na na wɔtaa kɔtena Getsemane turo no mu. Nanso bere a Yuda de nkurɔfo no bae no, na ade asa, na sɛ obi nam ngo nnua no mu nso a, esum no nti ɛyɛ den sɛ wobɛhu no. Enti, na ɛbɛyɛ dɛn na asraafo a wɔnnim Yesu no atumi ahu sɛ Yesu ni? Yuda maa wɔn sɛnkyerɛnne bi sɛ: “Onipa a mɛfe n’ano no, ɔne no; monkye no na monhwɛ ne so yie mfa no nkɔ.”—Marko 14:44.

Bere a Yuda ne nkurɔfo no kɔduu turo no mu no, ɔhuu Yesu ne asomafo no, na ɔkɔɔ Yesu nkyɛn kɔfee n’ano kaa sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo, Rabi!” Yesu nso bisaa no sɛ: “Damfo, woaba ha rebɛyɛ dɛn?” (Mateo 26:49, 50) Yesu no ara yii asɛm no ano sɛ: “Yuda, wode mfeano reyi onipa Ba no ama?” (Luka 22:48) Nanso na nea ɛbɛsi anya asi.

Afei Yesu fii asomafo no mu bɛgyinaa nkurɔfo no nkyɛn bisaa wɔn sɛ: “Hwan na morehwehwɛ no?” Ɛnna nkurɔfo no kaa sɛ: “Yesu, Nasareni no.” Yesu de akokoduru ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Menie.” (Yohane 18:4, 5) Ɔkaa saa no, ehu kaa wɔn maa wɔhwehwee fam.

Obi a, anka ɛbaa saa no, anka ɔbɛtɔ wuram. Nanso Yesu deɛ, ɔsan bisaa wɔn onipa ko a wɔrehwehwɛ no. Wɔsan kaa sɛ: “Yesu, Nasareni no.” Nanso wammɔ hu koraa, na mmom ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Maka akyerɛ mo sɛ menie. Enti sɛ me na morehwehwɛ me a, momma yeinom nkɔ.” Ahokyere yi nyinaa mu no, Yesu werɛ amfi sɛ na wahyɛ bɔ sɛ ɔremma asomafo no baako mpo nyera. (Yohane 6:39; 17:12) Ná Yesu atumi ahwɛ asomafo anokwafo no so ama wɔn mu baako mpo nyerae, “gye ɔsɛeɛ ba no,” Yuda. (Yohane 18:7-9) Enti ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ wɔmma n’asomafo anokwafo no nkɔ.

Bere a asraafo no pinkyɛn Yesu no, asomafo no huu nea ɛreba, enti wɔbisaa sɛ: “Awurade, yɛmfa nkrantɛ nkɔ wɔn so anaa?” (Luka 22:49) Ná wɔwɔ nkrantɛ mmienu. Yesu anyi asɛm no ano koraa na Petro twee nkrantɛ no baako de twaa Malko aso nifa fii so. Ná Malko yɛ ɔsɔfo panin no akoa.

Yesu de ne nsa kaa Malko aso maa ne ho tɔɔ no. Afei ɔkaa asɛm bi kyerɛɛ Petro a asuade kɛse wom. Ɔkaa sɛ: “San fa wo nkrantɛ no hyɛ deɛ ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrantɛ nyinaa bɛwu nkrantɛ ano.” Ná Yesu nsuro sɛ wɔbɛkyere no, enti ɔkaa sɛ: “Anka ɛbɛyɛ dɛn na Twerɛnsɛm no aba mu sɛ ɛtwa sɛ saa na ɛba?” (Mateo 26:52, 54) Ɔtoaa so sɛ: “Kuruwa a Agya no de ama me no, ɛnsɛ sɛ kwan biara so menom anaa?” (Yohane 18:11) Enti Yesu penee so sɛ owuo mu mpo a, ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde.

Yesu bisaa nkurɔfo no sɛ: “Mode nkrantɛ ne nkontimmaa aba rebɛkye me sɛ ɔdwotwafoɔ? Daa na metaa tena asɔrefie hɔ kyerɛkyerɛ, na moankye me. Nanso yeinom nyinaa asi na ama nsɛm a adiyifoɔ no twerɛeɛ no aba mu.”—Mateo 26:55, 56.

Afei ɔsraani panin no ne ne dɔm ne Yudafo mpanimfoɔ no sɔɔ Yesu mu guu no mpokyerɛ de no kɔe. Asomafo no huu saa no, wɔdwanee. Nanso na “aberanteɛ bi” wɔ hɔ a ɔyɛ Yesu suani; ɔno deɛ, wɔde Yesu rekɔ no, na ɔdi wɔn akyi. Ɛbɛyɛ sɛ saa osuani no ne Marko. (Marko 14:51) Bere a nkurɔfo no huu aberante no, anka wɔresɔ ne mu akyere no. Ɛhɔ ara na ɔgyee ne ho gyaa ne nwera atade hɔ dwanee.