Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 46

Ɔde Ne Nsa Kaa Yesu Atade Nyaa Ayaresa

Ɔde Ne Nsa Kaa Yesu Atade Nyaa Ayaresa

MATEO 9:18-22 MARKO 5:21-34 LUKA 8:40-48

  • ƆBAA BI DE NE NSA KAA YESU ATADE NYAA AYARESA

Yesu fi Dekapoli bae no, na Yudafo a wɔte Galilea Po no atifi fam no ate ne nka. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔn mu pii ate sɛ Yesu maa ahum ne nsuo no yɛɛ dinn. Ɛbɛtumi aba nso sɛ na ebinom ate sɛ watu ahonhommɔne afiri mmarima mmienu bi mu. Enti “nnipakuo kɛseɛ” baa po no ho bɛhyiaa Yesu wɔ Kapernaum anaa ɛhɔ baabi. (Marko 5:21) Ɔsii asase so no, na obiara rehwɛ nea ɔbɛyɛ.

Wɔn a na wɔn ani abere paa rehwehwɛ Yesu no, wɔn mu baako ne hyiadan mu panin bi a yɛfrɛ no Yairo; ɛbɛyɛ sɛ Kapernaum hyiadan no, ɔno na na ɔda ano. Ɔhwee Yesu nan ase kɔɔ so srɛɛ no ara sɛ: “Me babaa ketewa reyɛ awu. Mesrɛ wo bra na fa wo nsa bɛgu ne so ma ne ho nyɛ no den na ɔnnya nkwa.” (Marko 5:23) Yairo babaa no, na wadi mfe 12 pɛ, na na ɔnni ne ho agorɔ koraa. Enti adesrɛ a ne papa de too Yesu anim no, wohwɛ a dɛn na Yesu bɛyɛ wɔ ho?—Luka 8:42.

Bere a Yesu sii kwan so sɛ ɔrekɔ Yairo fie no, biribi sii a ɛka koma paa. Nnipa a na wɔdi Yesu akyi no, na wɔrehwɛ sɛ ebia ɔbɛsan ayɛ anwonwade foforo anaa. Nanso ɔbaa bi deɛ, yareɛ a ɛwɔ ne so ara na na ɔredwene ho.

Yudani baa yi, na mogya atu no mfe pɔrepɔre 12. Ná wakyin ayaresafo so aprapra ne ho sika nyinaa de atotɔ nnuro, nanso na ne ho ntɔɔ no. Ne haw no ‘yɛɛ kɛse’ mmom.—Marko 5:26.

Wotumi hu sɛ na ne yareɛ no ama wayɛ mmerɛw, na na ɛyɛ fɛre nso. Sɛ yareɛ saa wɔ obi so a, na ɔmmɔ so koraa wɔ nnipa mu. Afei nso, Mose Mmara mu no, sɛ mogya tu ɔbaa a, ne ho nte. Obiara nso a ɔde ne nsa bɛka ɔbaa no anaa n’atade a mogya wom no, ne ho rente kɔsi anwummere.—Leviticus 15:25-27.

Ná ɔbaa no ate “Yesu ho asɛm,” enti ɔkɔhwehwɛɛ no. Esiane sɛ na ne ho nte nti, ɔyɛɛ kodɛɛ bɛfraa nnipa no mu, na ɔreba nyinaa na ɔreka wɔ ne tirim sɛ: “Sɛ mede me nsa ka n’atadeɛ ngugusoɔ kɛkɛ mpo a, me ho bɛtɔ me.” Ampa-ne-ampa ara ɔde ne nsa kaa Yesu atade ano, na ɛhɔ ara na ɔhuu sɛ mogya no atwa! Ɔnyaa “yareɛ a emu yɛ den no ho ayaresa.”—Marko 5:27-29.

Afei Yesu kaa sɛ: “Hwan na ɔde ne nsa kaa me?” Ɔbaa no tee saa asɛm no, wohwɛ a ɔtee nka sɛn? Petro deɛ, wante ase sɛ Yesu kaa saa, enti ɔkaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, nnipakuo yi afum wo ho na wɔakyere wo so.” Ná ɔnhu nea enti a Yesu bisaa sɛ: “Hwan na ɔde ne nsa kaa me?” Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Obi de ne nsa aka me, mahunu sɛ tumi afiri me mu kɔ.” (Luka 8:45, 46) Ayaresa no maa ahoɔden fii Yesu mu.

Ɔbaa no huu sɛ ne ho ada hɔ, enti ɔde ehu ne ahopopo bɛhwee Yesu nan ase. Ɔgyinaa nnipa no anim kaa nea ɛwom nyinaa maa obiara huu ne yareɛ no ne sɛnea ne ho atɔ no. Yesu kaa awerɛkyekyesɛm yi kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoeɛ kɔ, wo ho ntɔ wo na wo yareɛ a emu yɛ den no nkɔ.”—Marko 5:34.

Wei ma yɛhu sɛ nea Onyankopɔn ayi no sɛ ɔnni asase so hene no, ɔwɔ ayamhyehye na ɔdwene nnipa ho. Afei nso ɔwɔ tumi a ɔde bɛboa wɔn.