Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 25

Ɔde Ayamhyehye Saa Kwatani Bi Yareɛ

Ɔde Ayamhyehye Saa Kwatani Bi Yareɛ

MATEO 8:1-4 MARKO 1:40-45 LUKA 5:12-16

  • YESU SAA KWATANI BI YAREƐ

Bere a Yesu ne n’asuafo nnan no kɔɔ Galilea kɔkaa asɛm no wɔ “hyia adan mu” no, anwonwade a ɔyɛe no ho asɛm trɛw kɔɔ baabiara. (Marko 1:​39) Ne nnwuma no ho asɛm trɛw kɔduu kwatani bi kurom. Oduyɛfo Luka kyerɛkyerɛɛ mu sɛ na “kwata adware” no. (Luka 5:​12) Kwata yɛ yare bɔne, na sɛ ɛyɛ obi a, ɛtumi wewe ne honam.

Enti, na kwatani no tebea nyɛ koraa. Ná mmara nso mma kwan sɛ ɔbɛba nnipa mu. Afei nso, sɛ nnipa rebɛn no a, nea ɛbɛyɛ a wɔrennya yareɛ no bi no, na ɛsɛ sɛ ɔteaam sɛ: “Me ho nte, me ho nte!” (Leviticus 13:​45, 46) Nanso dɛn na saa kwatani no yɛe? Ɔkɔɔ Yesu nkyɛn kɔhwee ne nan ase srɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ wopɛ nko ara a, wobɛtumi ama me ho afi.”​—Mateo 8:2.

Nea ɔbarima no yɛe no kyerɛ sɛ gyidi deɛ, na ɔwɔ bi wɔ Yesu mu paa! Yɛbɛtumi aka sɛ na yareɛ no ama n’asɛm ayɛ mmɔbɔ. Dɛn na Yesu yɛe? Ɛyɛ wo a, anka dɛn na wobɛyɛ? Yesu yam hyehyee no maa no, na ɔtenee ne nsa mpo sɔɔ ne mu kaa sɛ: “Mepɛ. Wo ho mfi.” (Mateo 8:3) Amonom hɔ ara na ne kwata no tu yerae. Hwɛ sɛnea nkurɔfo ho bɛdwiri wɔn afa!

Sɛ obi a biribiara nso no yɛ a ɔhu nnipa mmɔbɔ bɛdi wo so hene a, anka wompɛ? Nea Yesu yɛ maa kwatani no ma yɛhu sɛ, daakye sɛ Yesu bɛdi asase so hene a, ɔbɛma Bible nkɔmhyɛ bi aba mu. Saa nkɔmhyɛ no ka sɛ: “Ɔbrɛfoɔ ne ohiani asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ, na ɔbɛgye ahiafoɔ kra nkwa.” (Dwom 72:​13) Sɛ daakye Yesu bɛyɛ asase so hene a, ɔbɛyɛ ne koma so ade na wadi aboa wɔn a wɔrehu amane no nyinaa.

Kae sɛ ansa na Yesu resa kwatani no yareɛ no, na Yesu adi kan ayɛ nneɛma bi ama nkurɔfo reka ho asɛm pii. Kwatani yi ayaresa no nso, na ɛho asɛm bɛtrɛw ama obiara ate ne nka. Nanso na Yesu mpɛ sɛ nkurɔfo bɛgyina yɛse-yɛse so agye no adi. Ná ɔnim nkɔmhyɛ bi a ɛkyerɛ sɛ yɛ-ma-yɛnhwɛ biara rema n’akwan mu. Nkɔmhyɛ no kaa sɛ, “ɔremma obiara nte ne nne wɔ abɔnten so.” ( Yesaia 42:​1, 2) Ɛno nti, Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔsaa no yareɛ no sɛ: “Hwɛ na woanka ankyerɛ obiara, na mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ no, na fa ayɛyɛdeɛ a Mose hyɛ too hɔ no ma.”​—Mateo 8:4.

Nanso wo ara wohwɛ sɛnea ɔbarima no ani gyei no a, ɔbɛtumi aka n’ano atom? Ɔde anigye sii kwan so, na ɔrekɔ nyinaa, nea asi no ho asɛm na na ɛda n’ano. Afei deɛ, baabi a wobɛfa biara, na obiara reka Yesu ho asɛm. Ɛduu baabi mpo, na Yesu ntumi nyi n’anim nkɔ kuro biara mu. Enti ɔtee ne ho kɔhyɛɛ baabi komm. Nanso, nnipa fi mmaa nyinaa baa ne nkyɛn ma ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, na ɔsaa wɔn yareɛ.