Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 20

Ɔsan Yɛɛ Anwonwade Wɔ Kana

Ɔsan Yɛɛ Anwonwade Wɔ Kana

MARKO 1:14, 15 LUKA 4:14, 15 YOHANE 4:43-54

  • YESU KYERƐKYERƐƐ SƐ “ONYANKOPƆN AHENNIE ABƐN”

  • SAA ABARIMAA BI A ƆNNI NE NKYƐN YAREƐ

Yesu dii nnanu wɔ Samaria no, ɔsii kwan so de n’ani kyerɛɛ Galilea mantam mu; ɛhɔ nso na Yesu tenaa nyinii. Ná Yesu ayɛ asɛnka adwuma no paa wɔ Yudea, nanso Galilea a ɔresan akɔ no, na ɛnyɛ sɛ ɔrekɔhome. Mmom, ɔkɔfirii asɛnka adwuma kɛse bi ase. Yesu anhwɛ kwan sɛ ɛhɔfo bɛgye no, efisɛ ɔno ara mpo kaa sɛ: “Odiyifoɔ nni anidie wɔ ɔno ara ne kurom.” ( Yohane 4:44) Asuafo no duu hɔ ara na wɔde wɔn ani kyerɛɛ wɔn afie mu kɔtoaa wɔn nnwuma so.

Asɛm bɛn na Yesu de too dwa wɔ n’asɛnka adwuma no mu? Ɛne sɛ: “Onyankopɔn ahennie abɛn. Monsakra mo adwene na monnye asɛmpa no nni.” (Marko 1:15) Galileafo no tee asɛm no, dɛn na wɔyɛe? Wɔn mu pii gyee Yesu dii, na wɔhyɛɛ no anuonyam. Ɛnyɛ asɛm a ɔkae no nko ara na ɛmaa wɔgyee no dii. Ade foforo a ɛmaa wɔgyee no dii ne sɛ, bere a Yesu kɔɔ Twam afahyɛ no wɔ Yerusalem no, na Galileafo no bi wɔ hɔ, enti wɔhuu anwonwade akɛse a Yesu yɛe no.​—Yohane 2:23.

Asɛnka adwuma kɛse a Yesu yɛɛ wɔ Galilea no, ɔfirii ase wɔ he? Ɛbɛyɛ sɛ ɔfirii ase wɔ Kana; ɛhɔ na bere bi ɔmaa nsuo danee nsa wɔ ayeforo bi ase no. Yesu san kɔɔ Kana no, ɔtee sɛ abofra bi yare dendeenden a ɔreyɛ awu. Ná abofra no yɛ Herode Antipa ahenkwaa bi ba. Herode a yɛreka ne ho asɛm yi, ɔno na ɔmaa wɔtwaa Yohane Suboni ti. Ahenkwaa no tee sɛ Yesu fi Yudea aba Kana, enti ɔtwaa kwan fii Kapernaum kɔɔ Kana kɔhwehwɛɛ Yesu. Ná ahenkwaa no ho yeraw no paa, na ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, bra ansa na me ba ketewa no awu.”​—Yohane 4:49.

Mmuaeɛ a Yesu de maa no no, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ no nwonwa. Yesu kaa sɛ: “Sim kɔ; wo ba no te ase.” (Yohane 4:50) Herode ahenkwaa no gyee Yesu dii, enti ɔsan sii kwan so kɔɔ ne kurom. Ɔnam kwan so rekɔ no, ne nkoa bɛhyiaa no de nea asi bɔɔ no. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ne ba no ho atɔ no! Ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ: ‘Berɛ bɛn na ne ho tɔɔ no?’ Ná ɔpɛ sɛ ɔhu sɛ bere a Yesu kaa sɛ ne ba no ho atɔ no no, saa bere no ara na abofra no ho yɛɛ no den anaa.

Wɔyii n’ano sɛ: “Nnora dɔn a ɛtɔ so nson na atiridii no gyaeeɛ.”​—Yohane 4:52.

Ahenkwaa no huu sɛ saa bere no ara na Yesu kaa sɛ: “Wo ba no te ase.” Ná ahenkwaa no wɔ nkoa, enti yɛbɛtumi aka sɛ na ɔyɛ ɔdefo. Asɛm yi akyi no, ɔne ne fiefo nyinaa bɛyɛɛ Kristo asuafo.

Bɛsi saa bere no, na Yesu ayɛ anwonwade mmienu wɔ Kana. Ná wadi kan ama nsuo adane nsa, ɛnna ɔsan bae nso wabɛsa abofra bi a ɔnni ne nkyɛn yareɛ. Ɛfiri baabi a na Yesu wɔ rekɔ baabi a abofra no wɔ bɛyɛ kilomita 26. Ɛnyɛ weinom nko ara ne anwonwade a Yesu yɛe Galilea. Nanso anwonwade a ɛtɔ so mmienu yi deɛ ɔsan baa hɔ no, ɛno na ɔde hyɛɛ ase. Ná biribiara kyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn diyifo ampa, nanso na n’adwuma no bɛkɔ sɛn wɔ ne nkurɔfo mu? Ɔnyaa “anidie wɔ ɔno ara ne kurom” anaa?

Yesu kɔdu Nasaret a, ɛnna yɛbɛhu. Dɛn na na ɛda hɔ retwɛn no?