Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 36

Ɔsraani Panyin Bi Nyaa Gyidi Kɛse

Ɔsraani Panyin Bi Nyaa Gyidi Kɛse

MATEO 8:5-13 LUKA 7:1-10

  • ƆSRAANI PANIN BI AKOA NYAA AYARESA

  • WƆN A WƆWƆ GYIDI BƐNYA NHYIRA

Yesu wiee ne Bepɔ so Asɛnka no, ɔkɔɔ Kapernaum kuro mu. Ɔkɔɔ hɔ no, Yudafo mpanimfoɔ bi baa ne nkyɛn. Ɔbarima bi a ɔnyɛ Yudani na ɔsomaa wɔn. Ná ɔbarima no yɛ Roma sraani panin a ɔda asraafo ɔha ano.

Ná ɔsraani panin no wɔ akoa bi a ɔnsi no fam koraa, na na ɔyare denneennen a ɔreyɛ awu. Ɔsraani no, na ɔyɛ Amanaman muni nanso na ɔpɛ sɛ Yesu boa no. Yudafo no ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔsraani no akoa “yare mmubuiɛ da fie a ɔrehunu amane kɛse.” (Mateo 8:6) Yudafo mpanimfoɔ no kaa ɔsraani panin no ho asɛm kyerɛɛ Yesu sɛ: Ɔfata sɛ woyɛ yei ma no, ɛfiri sɛ “ɔdɔ yɛn man, na ɔno ara na ɔsii hyiadan no maa yɛn.”—Luka 7:4, 5.

Ɛhɔ ara na Yesu ne mpanimfoɔ no siim sɛ wɔrekɔ ɔsraani panin no fie. Wɔreyɛ adu hɔ no, ɔsraani no somaa ne nnamfo sɛ wɔnkɔka nkyerɛ Yesu sɛ: “Owura, nha wo ho, na memfata sɛ wobɛba me fie. Ɛno nti mansusu sɛ mefata sɛ mɛba wo nkyɛn.” (Luka 7:6, 7) Sɛ ɔsraani a ɔwɔ nkurɔfo hyɛ n’ase ka asɛm a ɛte saa a, ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase paa. Ná ɔnte sɛ Romafo a wɔyɛ wɔn nkoa aninyanne no.—Mateo 8:9.

Yɛbɛtumi aka sɛ na ɔsraani panin no nim sɛ Yudafo deɛ, wɔne wɔn a wɔnyɛ Yudafo mmɔ. (Asomafoɔ Nnwuma 10:28) Ɛbɛyɛ sɛ ɛno nti na ɔmaa ne nnamfonom kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ka biribi ma m’akoa no ho ntɔ no.”—Luka 7:7.

Yesu tee saa asɛm no, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔkaa sɛ: “Mese mo sɛ, menhunuu gyidie a ɛsõ saa wɔ Israel mpo.” (Luka 7:9) Bere a nkurɔfo no san kɔɔ wɔn adamfo sraani no fie no, na n’akoa a ɔyare denneennen no ate apɔw.

Bere a Yesu saa akoa no yareɛ wiei no, ɔsii so dua kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no sɛ, wɔn a wɔnyɛ Yudafo nso bɛnya nhyira. Asɛm a ɔkae ne sɛ: “Nnipa bebree firi apueeɛ fam ne atɔeɛ fam bɛba na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidiiɛ wɔ ɔsoro ahennie no mu.” Yudafo a wɔnni gyidi no nso ɛ? Dɛn na na ɛbɛto wɔn? Yesu kaa sɛ “wɔbɛto wɔn agu abɔnten wɔ sum mu. Ɛhɔ na wɔbɛsu atwɛre wɔn sẽ.”—Mateo 8:11, 12.

Enti Yudafo a wɔnyaa hokwan a ɛdi kan sɛ anka wɔbɛka Kristo ho wɔ Ahenni no mu nanso wɔpoe no, Kristo nso bɛpo wɔn. Amanaman mufo na wɔde hokwan no bɛdom wɔn ma wɔne no akɔ “ɔsoro ahennie no mu.” Ɛbɛyɛ te sɛ ɔne wɔn te adidii wɔ ɔsoro.