Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 44

Yesu Maa Ahum Yɛɛ Dinn

Yesu Maa Ahum Yɛɛ Dinn

MATEO 8:18, 23-27 MARKO 4:35-41 LUKA 8:22-25

  • YESU MAA AHUM YƐƐ DINN WƆ GALILEA PO SO

Ná Yesu ayɛ adwuma da mu nyinaa ma wabrɛ. Ɛduu anwummere no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Momma yɛntwa nkɔ asuogya.” Ná wɔfiri Kapernaum mpɔtam hɔ retwa akɔ asuogya.—Marko 4:35.

Wokɔ Galilea Po no apuei fam a, ɛhɔ na Gerasa nkuro no wɔ. Ná wɔsan frɛ hɔ Dekapoli, na nkuro akɛse a ɛwɔ hɔ no, ɛwom sɛ na Yudafo pii tete hɔ deɛ, nanso na Helafo amammerɛ agye ntini wɔ hɔ.

Yesu fii Kapernaum a ɔrekɔ no, nkurɔfo huu no. Saa bere no, na ebinom nso tete akorow mu retwa nsuo no. (Marko 4:36) Galilea Po no, na ɛfiri asuogya rekɔ asuogya nware pii. Ɛyɛ sutare kɛse a ɛfiri atifi kɔ anafo bɛyɛ kilomita 21, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ kilomita 12. Nanso na emu dɔ paa.

Ɛwom, na sintɔ biara nni Yesu nipadua mu, nanso asɛnka adwuma a ɔyɛɛ no saa da no ma ɔbrɛe. Enti bere a wɔsii nsuo no so a wɔrekɔ no, Yesu kɔɔ korow no akyi de ne ti kɔtoo sumiiɛ bi so dae.

Asomafo no, na wɔn mu pii yɛ apofofo a wɔnim korow hare paa, nanso saa akwantu yi deɛ, wɔdii amia. Nea ɛwom ne sɛ, Galilea Po no, na mmepɔ atwa ho ahyia, na na nsuo no so taa yɛ hye. Nanso ɛwɔ hɔ ara a, mmepɔ no so mframa a ano yɛ nwini no bɔ fa nsuo no so, na esiane sɛ nsuo no so mframa yɛ hye nti, sɛ ɛne mframa nwininwini no hyia a, ɛdan ahum wɔ po no so. Ɛno bi na ɛsii wɔ saa akwantu no mu. Ɛyɛɛ saa no, po asorɔkye no bɔ baa korow no mu, na “nsuo firii aseɛ bu faa wɔn so na ɛde wɔn too asiane mu.” (Luka 8:23) Yɛreka yi nyinaa na Yesu ada!

Ná mmarima yi yɛ apofofo a wɔde korow afa ahum mu ara akwadare mu. Nanso ahum wei deɛ na wɔnhuu bi da. Afei deɛ, ehu kaa wɔn ma wɔkɔnyanee Yesu kaa sɛ: “Awurade, gye yɛn na yɛrebɛwuwu!” (Mateo 8:25) Ná asuafo no suro sɛ anhwɛ a nsuo no bɛfa wɔn!

Bere a Yesu nyanee no, ɔka kyerɛɛ asomafo no sɛ: “Adɛn nti na ehu aka mo, mo a mo gyidie sua?” (Mateo 8:26) Afei Yesu teateaa mframa ne po no sɛ: “Gyina! Yɛ dinn!” (Marko 4:39) Ɛhɔ ara na mframa a ɛrebɔ denneennen no yɛɛ dinn. (Saa asɛm no wɔ Marko ne Luka Nsɛmpa no nso mu, nanso wɔn deɛ, wɔkaa anwonwade no ho asɛm ansa na wɔreka nea Yesu ka faa asuafo no gyidi ho no.)

Wo deɛ, hwɛ sɛnea ɛbɛpusu asuafo no afa. Bere a ɛpo asorɔkye no rebɔ denneennen no nyinaa na wɔn ani tua, nanso ɛyɛɛ dinn prɛko pɛ. Ɛmaa ehu kaa wɔn paa, na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hwan koraa nie na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?” Wɔkɔduu po no agya dwoodwoo. (Marko 4:41–5:1) Akorow a na ɛretwa po no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn nso kɔduu nsuo no agya dwoodwoo.

Yɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn Ba no wɔ tumi wɔ mframa ne ade so no a, ɛma yɛnya awerɛhyem paa. Yesu Ahenni mu no, sɛ ɔde n’adwene si yɛn asase yi so a, ɔbɛma nnipa nyinaa anya ahotɔ, efisɛ atoyerɛnkyɛm nyinaa bɛfiri hɔ.