Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 39

Awo Ntoatoaso Asoɔdenfo Nnue

Awo Ntoatoaso Asoɔdenfo Nnue

MATEO 11:16-30 LUKA 7:31-35

  • YESU KAA NKURO BI ANIM

  • ƆMAA NKURƆFO NYAA AHOTƆ NE ƆHOME

Ná Yesu nni Yohane Suboni ho agorɔ koraa. Sɛnea na Yesu bu Yohane no, saa na na obiara bu no anaa? Yesu kyerɛɛ sɛnea na nnipa dodow no ara te. Ɔkaa sɛ: “Hwan ho na mede awoɔ ntoatoasoɔ yi bɛtotoɔ? Ɛte sɛ mmɔfra nkumaa a wɔtete dwa mu a wɔteam frɛ wɔn mfɛfoɔ sɛ, ‘Yɛhyɛnee atɛntɛbɛn maa mo, nanso moansa; yɛbɔɔ bena, nanso moanyɛ biribiara ankyerɛ sɛ mo werɛ aho.’”—Mateo 11:16, 17.

Asɛm a Yesu kae no kyerɛ sɛn? Ɔno ara kyerɛɛ mu sɛ: “Yohane baeɛ, wannidi na wannom, nanso nkurɔfoɔ ka sɛ ‘Ɔwɔ adaemone’; onipa Ba no baeɛ, ɔdidi na ɔnom, na nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Hwɛ! Ɔbarima didifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo.’” (Mateo 11:18, 19) Ná Yohane yɛ Nasirini, enti nneɛma pii wɔ hɔ a, na ɔnyɛ bi; nsa koraa ebi anka n’ano da. Ne nyinaa akyi no, ne bere sofo kaa sɛ ɔwɔ ahonhommɔne. (Numeri 6:2, 3; Luka 1:15) Yesu nso bae no, nea nnipa yɛ biara na ɔyɛ bi. Ɔdidi nomee sɛnea ɛsɛ. Nanso nkurɔfo no kaa sɛ ɔyɛ didifo ne ɔsanomfo. Enti wohwɛ nkurɔfo no a, na biribiara nyɛ wɔn fɛ.

Afei Yesu de saa awo ntoatoaso no totoo mmofra nkumaa a wɔwɔ dwa so ho. Mmofra no, sɛ wɔn mfɛfo hyɛn atɛntɛbɛn a, wɔnsaw, na sɛ wɔbɔ bena nso a, wɔnyɛ biribiara nkyerɛ sɛ wɔn werɛ ahow. Yesu toaa so sɛ: “Nanso, nyansa nam ne nnwuma so di bem.” (Mateo 11:16, 19) Enti Yohane ne Yesu nyinaa “nnwuma” kyerɛɛ sɛ nea nkurɔfo keka faa wɔn ho no nyɛ nokware.

Bere a Yesu kaa biribi de kyerɛɛ sɛ biribiara nyɛ nkurɔfo no fɛ no, afei ɔde n’ani sii nkuro bi so kaa sɛ wɔnnue. Nkuro no ne Korasin, Betsaida, ne Kapernaum. Yesu yɛɛ anwonwade akɛse wɔ saa nkuro yi mu, nanso sɛnea Yesu kyerɛe no, sɛ Foinike nkuro Tiro ne Sidon na ɔyɛɛ saa anwonwade no a, anka wɔbɛsakra. Kapernaum na na Yesu taa soɛ, nanso nnipa pii wɔ hɔ a, Yesu anwonwade no ampusu wɔn. Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ, “Atemmu Da no, ɛbɛyɛ mmerɛ ama Sodom asase asene” wɔn.—Mateo 11:24.

Afei Yesu yii n’Agya ayɛ sɛ ɔde ɔno Agya no ho nokwasɛm asie “anyansafoɔ ne animdefoɔ,” nanso wayi no adi akyerɛ ahobrɛasefo a wɔte sɛ mmofra nketewa. (Mateo 11:25) Afei Yesu kaa asɛm dɛdɛ yi kyerɛɛ nnipa a wɔte saa no: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. Momfa me kɔndua nto mo ho so na monsua me, ɛfiri sɛ medwo, na mebrɛ me ho ase akoma mu, na mobɛnya home ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛ na m’adesoa yɛ hare.”—Mateo 11:28-30.

Dɛn na Yesu yɛ maa nkurɔfo ho tɔɔ wɔn? Ná nyamesom mpanimfoɔ no de wɔn atetesɛm ahyɛ nkurɔfo no so ma ayɛ adesoa ama wɔn. Ɛho nhwɛso ne Homeda no. Wɔhyehyɛɛ ho mmara denneennen maa nkurɔfo no. Nanso Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn ho nokwasɛm a wamfa atetesɛm biara amfrafra mu. Wei maa nkurɔfo no ho tɔɔ wɔn. Wɔn a na atumfoɔ no hyɛ wɔn so ne wɔn a bɔne ama wɔabotow no, Yesu maa wɔhuu baabi a wɔbɛtumi anya ahotɔ. Nea Yesu yɛe ne sɛ, ɔmaa nkurɔfo no huu nea wɔyɛ a Onyankopɔn de wɔn bɔne bɛfiri wɔn na wɔne ne ntam ayɛ kama.

Nnipa a wɔbɛfa Yesu kɔndua a ɛyɛ mmerɛ no, wɔn nyinaa bɛtumi ahyira wɔn ho so na wɔasom yɛn soro Agya mmɔborɔhunufo Nyankopɔn. Onyankopɔn ahyɛde nyɛ den, enti sɛ obi ka sɛ ɔbɛsom no a, ɛnyɛ adesoa koraa.—1 Yohane 5:3.