Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 29

Enti Obi Bɛtumi Ayɛ Adepa Homeda?

Enti Obi Bɛtumi Ayɛ Adepa Homeda?

YOHANE 5:1-16

  • YESU YƐƐ ASƐNKA ADWUMA WƆ YUDEA

  • ƆSAA ƆBARIMA BI YAREƐ WƆ ƆTARE BI HO

Adwuma deɛ, Yesu yɛɛ bi paa wɔ Galilea. Nanso na ɔno ara aka sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkuro foforɔ mu nso kɔka Onyankopɔn ahennie ho asɛmpa no.” Saa asɛm a Yesu kae no kyerɛ sɛ na ɛnyɛ Galilea nko ara na ɔbɛyɛ ne som adwuma no. Ɛno nti ɔkɔkaa “asɛm wɔ Yudea hyia adan mu.” (Luka 4:​43, 44) Ntease wom sɛ ɔkɔɔ Yudea, efisɛ na afahyɛ bi repenpɛn so wɔ hɔ, na na ɛbɛba so wɔ Yerusalem.

Bible anka asɛnka adwuma a Yesu yɛɛ wɔ Yudea no ho asɛm pii te sɛ Galilea deɛ no. Sɛ nnipa a wɔwɔ Yudea no anhyɛ da antie Yesu mpo a, ammu n’abam, na mmom ɔkɔɔ so kaa asɛm no yɛɛ nnwuma pa baabiara a ɔkɔe.

Ankyɛ na Yesu de n’ani kyerɛɛ Yudea kuropɔn Yerusalem mu. Ná Twam afahyɛ adu so wɔ afe 31. Wokɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Nnwanten Ponkɛse no ho a, na ɔtare kɛse bi a abrannaa atwa ho ahyia wɔ hɔ, na na wɔfrɛ no Betesda. Nnipa bɛhyɛɛ hɔ ma; ayarefo, anifuraefo ne mpakye bɛguu hɔ. Dɛn na na wɔregye wɔ hɔ? Ná nkurɔfo wɔ adwene sɛ, nsuo no hono na sɛ obi tɔ mu a, ne ho bɛyɛ no den.

Bere a Yesu duu hɔ no, na ɛyɛ Homeda, na ɔhuu ɔbarima bi a wayare mfe 38. Yesu bisaa no sɛ: “Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?” Ɔbarima no yii ano sɛ: “Owura, menni obiara a sɛ nsuo no hono a ɔde me bɛkɔ akɔto tadeɛ no mu; na sɛ mereba a, na obi adi m’anim akɔtɔ mu.”​—Yohane 5:​6, 7.

Yesu kaa asɛm bi kyerɛɛ ɔbarima no, na ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ ɔbarima no ne nnipa a wɔwɔ hɔ no nwonwa paa. Ɔkaa sɛ: “Sɔre fa wo kɛtɛ na nante.” (Yohane 5:8) Saa pɛpɛɛpɛ na ɔbarima no nso yɛe; ɔsɔre gyinaa ne nan so faa ne kɛtɛ sii kwan so!

Nea ɛsii no maa obiara ani gyee, nanso Yudafo a na wɔwɔ hɔ no deɛ wɔn bo annwo so koraa, enti wɔkaa ɔbarima no anim sɛ: “Ɛyɛ Homeda, na mmara mma kwan sɛ wobɛsoa kɛtɛ no.” Ɔbarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ ɔsaa me yareɛ no ara na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Fa wo kɛtɛ na nante.’” (Yohane 5:​10, 11) Saa Yudafo no kasa tiaa onipa a ɔsaa yareɛ Homeda no.

“Ná Yudafo no pɛ sɛ wɔhu onipa ko a ɔsaa ɔbarima no yareɛ, enti wɔbisaa no sɛ: “Onipa bɛn na ɔka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Fa wo kɛtɛ na nante’ no?” Adɛn nti na wɔbisaa no onipa ko a ɔsaa no yareɛ no? Nea ɛma wɔbisae ne sɛ, na Yesu “atwe ne ho afiri hɔ kɔ ɛsiane nnipakuo a wɔwɔ hɔ no nti,” na na ɔbarima no nso nnim Yesu din. (Yohane 5:​12, 13) Nanso ɔbarima no san hyiaa Yesu. Akyiri yi, ɔhuu no wɔ asɔrefie hɔ, na ɔhuu sɛ ɛyɛ ɔno na ɔsaa no yareɛ wɔ ɔtare no ho no.

Ɔbarima a Yesu saa no yareɛ no kɔhwehwɛɛ Yudafo a wɔbisaa no sɛ hwan na ɔsaa no yareɛ no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛyɛ Yesu na ɔsaa no yareɛ. Wɔtee no, wɔkɔɔ Yesu so. Wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔbisa Yesu baabi a ɔnyaa tumi a ɔde yɛ anwonwade no anaa? Dabi. Mmom wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔka Yesu anim sɛ wayɛ adepa Homeda. Ɛfiri saa bere no, wɔde wɔn ani sii ne so tan no!