Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 40

Bɔne Fafiri Ho Mfatoho

Bɔne Fafiri Ho Mfatoho

LUKA 7:36-50

  • ƆBAA DEBƆNEYƐFO BI DE NGO SRAA YESU NAN HO

  • ƆMAA MFATOHO DE KYERƐKYERƐƐ BƆNE FAFIRI MU

Nsɛm a Yesu kae ne nea ɔyɛe no, sɛ obi bɛgye atom a, nea ɛwɔ ne komam na ɛbɛkyerɛ. Biribi sii wɔ Farisini bi fie wɔ Galilea a ɛfoa saa asɛm no so. Farisini no din de Simon, na ɔtoo nsa frɛɛ Yesu sɛ ɔmmra ne fie mmɛdidi. Ɛbɛyɛ sɛ na wate sɛ Yesu reyɛ anwonwade akɛse, enti na ɔpɛ sɛ ɔhu no yie. Ɔfrɛɛ Yesu no, ɔno nso ampopo ne ti, efisɛ na ɛyɛ akwannya a ɛbɛma wadi wɔn a wɔwɔ hɔ no adanse. Kae sɛ na wei nyɛ bere a ɛdi kan a Yesu apene so akɔdidi wɔ towgyefo ne abɔnefo fie.

Nanso sɛnea saa bere no na wɔgye ahɔho no, wɔanyɛ Yesu saa. Ná akwan a ɛwɔ Palestina mpɔtam hɔ yɛ mfutukwan, na na mpaboa a wɔtaa hyɛ no tumi ma wɔn nan ho hyehye wɔn, na wɔbɛdu nea wɔrekɔ no, na ɛho nyinaa abɔ mfuturo. Enti saa mpɔtam hɔ no, sɛ obi nya hɔho a, nea ɔdi kan yɛ ne sɛ ɔde nsuonwini hohoro hɔho no nan ho. Nanso Yesu kɔduu Simon fie no, obiara anyɛ biribi saa amma no. Afei nso, na wɔtaa fe ahɔho ano de ma wɔn akwaaba; ɛno nso bɔɔ Yesu. Ná wɔhwie ngo gu nkurɔfo tirim de yɛ wɔn ahɔho; ɛno nso amma so. Enti wohwɛ mu paa a, frɛ a Simon frɛɛ Yesu no, na ɛyɛ ne yam anaa?

Ahɔho no tenatenaa ase, na wɔfirii ase didii. Bere a adidie no rekɔ so no, ɔbaa bi yɛɛ nwaa bɔ wuraa dan no mu. Ná “wɔnim no kuro no mu sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.” (Luka 7:37) Bɔne wɔ yɛn nyinaa ho, nanso ɔbaa yi bɔne deɛ gyama na ɛkyɛn; ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ oguamanfo. Ebia ɔtee sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ na ɔreto nsa afrɛ nkurɔfo sɛ ‘mo a moabrɛ nyinaa, mommra me nkyɛn.’ (Mateo 11:28, 29) Ɛbɛtumi aba sɛ Yesu nkyerɛkyerɛ ne nnwuma a ɔyɛe no kaa ɔbaa no koma nti na ɔbɛhwehwɛɛ no.

Ɔbaa no faa Yesu akyi bɛkotoo ne nan ho. Afei ɔfirii ase sui, na ɔde ne nisuo fɔw Yesu nan ho de ne tiri nwi popae. Afei ɔfew Yesu nan ho na ɔde ngo huamhuam a ɔkura no srasraa ho. Bere a Simon huu nea ɛrekɔ so no, n’ani annye ho, enti ɔkaa wɔ ne mu sɛ: “Sɛ ɔbarima yi yɛ odiyifoɔ a, anka ɔbɛhunu onii ne ɔbaa ko a ɔde ne nsa reka no no sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.”—Luka 7:39.

Yesu huu Simon adwene, na ɔkaa sɛ: “Simon, mewɔ biribi ka kyerɛ wo.” Ɔbuaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka!” Afei Yesu toaa so sɛ: “Ná mmarima mmienu de ɔdefɛmfoɔ bi ka; baako de no ka denare ahanum, na baako no nso ka yɛ aduonum. Berɛ a wɔnni hwee a wɔde bɛtua ka no, ɔgyaee mu de kyɛɛ wɔn mmienu. Enti, wɔn mu hwan na ɔbɛdɔ deɛ ɔde fɛm wɔn no kɛse?” Nea Simon kae ara ne sɛ: “Mesusu sɛ deɛ ɔde pii kyɛɛ no no.”—Luka 7:40-43.

Yesu kamfoo Simon. Afei ɔhwɛɛ ɔbaa no ka kyerɛɛ Simon sɛ: “Woahunu ɔbaa yi? Mebaa wo fie; woamma me nsuo anhohoro me nan ho. Nanso ɔbaa yi de ne nisuo fɔɔ me nan ho na ɔde ne tiri nwi pepaeɛ. Woamfe m’ano; nanso ɔbaa yi deɛ, ɛfiri dɔn a mebaeɛ mu no, ɔnnyaee me nan ho feɛ. Woamfa ngo ansra me tirim; nanso ɔbaa yi de ngo hwamhwam srasraa me nan ho.” Yesu hui sɛ ɔbaa no nneyɛe kyerɛ sɛ wanu ne ho paa wɔ ne brabɔne no ho. Enti ɔka toaa so sɛ: “Mese wo sɛ, ɛwom sɛ ne bɔne dɔɔso deɛ, nanso wɔde akyɛ no, ɛfiri sɛ ɔdɔɔ pii; nanso deɛ wɔde kakraa bi afiri no no dɔ kakraa bi.”—Luka 7:44-47.

Wei nkyerɛ sɛ na Yesu resosɔ ɔbrasɛe so. Mmom no, na ɔrekyerɛ sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru na akyiri yi ɔnu ne ho a, ɔte no ase. Sɛ saa onii no san ba Kristo nkyɛn a, ɔbɛnya ɔhome. Yesu kaa awerɛkyekyesɛm kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Wɔde wo bɔne afiri wo. . . . Wo gyidie agye wo; fa asomdwoeɛ kɔ.” Hwɛ sɛnea ɔbaa yi ho bɛtɔ no.—Luka 7:48, 50.