Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 32

Dɛn na na Mmara Ma Ho Kwan Homeda?

Dɛn na na Mmara Ma Ho Kwan Homeda?

MATEO 12:9-14 MARKO 3:1-6 LUKA 6:6-11

  • ƆSAA ƆBARIMA BI A NE NSA AWU YAREƐ HOMEDA

Homeda foforo dui no, Yesu kɔɔ hyiadan bi mu. Ɛbɛyɛ sɛ na hyiadan no wɔ Galilea, na ɔkɔtoo ɔbarima bi a ne nsa nifa awu. (Luka 6:6) Ná akyerɛwfo ne Farisifo no rehwɛ nea Yesu bɛyɛ. Wɔn haw ne sɛn? Wɔbisaa asɛm bi maa adwene a wɔkura no daa adi. Wɔbisaa sɛ: “Mmara ma kwan sɛ wɔsa yareɛ homeda?”​—Mateo 12:10.

Ná Yudafo nyamesom mpanimfoɔ no te nka sɛ ansa na wɔbɛsa obi yareɛ Homeda no, gye sɛ ɔgyina owuo ne nkwa nkwanta. Enti sɛ obi nan mu bu anaa ɛfekyere a, mmara mma kwan sɛ wɔbɛkyere nan no Homeda, efisɛ ɛnyɛ owuo asɛm. Ɛda adi pefee sɛ, asɛm a akyerɛwfo ne Farisifo no bisaa Yesu no, ɛnyɛ sɛ yarefo no asɛm na na ɛyɛ wɔn mmɔbɔ. Mmom na wɔrepɛ biribi agyina so abɔ Yesu kwaadu.

Nanso na Yesu ahu wɔn adwene dadaada. Ná ɔnim sɛ wɔn ankasa ahyehyɛ wɔn mmara dendeenden a wɔde kyerɛ nea obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ wayɛ adwuma Homeda, nanso na ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia. (Exodus 20:​8-​10) Nea na wɔreyɛ no, na ɛnyɛ ade foforo mma Yesu; ná wayɛ ade pa ama wɔanya ho asɛm pɛn. Afei Yesu yɛɛ biribi, na na ɔnim sɛ nea ɛbɛyɛ biara nkurɔfo no bɛnya ho asɛm aka. Ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ne nsa awu no sɛ: “Sɔre bra mfimfini ha.”​—Marko 3:3.

Yesu bisaa akyerɛwfo ne Farisifo no sɛ: “Mo mu hwan na ɔwɔ odwan bi a sɛ ɔkɔtɔ amena mu homeda a, ɔrensɔ ne mu nyi no mfiri mu?” (Mateo 12:​11) Saa bere no, na odwan yɛ agyapade a ɛtumi de sika ba fie, enti sɛ obi deɛ tɔ amena mu a, ɔrennyaw no hɔ mma ade nkye. Sɛ wanyi aboa no a, ɔbɛtumi awu ama wabɔ ka. Afei nso, na Kyerɛwnsɛm no aka sɛ: “Ɔteneneeni ani kũ n’afieboa kra ho.”​—Mmebusɛm 12:10.

Yesu de too n’asɛm no ho kaa sɛ: “Hwɛ sɛdeɛ onipa som bo pii sene odwan! Enti mmara ma ho kwan sɛ wɔyɛ adepa homeda.” (Mateo 12:​12) Ɛno kyerɛ sɛ, Yesu sa ɔbarima no yareɛ a, ɔmmuu Homeda so. Asɛm a Yesu kae no, na aba wom na na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu. Enti wɔantumi anka ho hwee.

Yesu bo fuu wɔn, na wɔn adwemmɔne no maa ne werɛ hoo paa. Afei ɔtotoo n’ani hwɛɛ nnipa a wɔahyia hɔ no, na ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: “Tene wo nsa.” (Mateo 12:​13) Bere a ɔbarima no tenee ne nsa a awu no, ɛsan yɛɛ yie. Ɔbarima no ani gyee paa. Akyerɛwfo ne Farisifo a wɔrepɛ Yesu anya no no nso ɛ, dɛn na wɔyɛe?

Ɔbarima no ho tɔɔ no no, na anka ɛsɛ sɛ Farisifo no ani gye, nanso “ntɛm ara wɔne Herode akyidifoɔ no tuu [Yesu] ho agyina sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛku no.” (Marko 3:6) Herode akyitaafo no, na wɔn mu bi yɛ Sadukifo. Sadukifo nso yɛ nyamesomfo bi a anka wɔne Farisifo nka koraa, nanso ɛha yi deɛ wɔyɛɛ baako tiaa Yesu.