Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 72

Yesu Somaa Asuafo 70 sɛ Wɔnkɔka Asɛmpa

Yesu Somaa Asuafo 70 sɛ Wɔnkɔka Asɛmpa

LUKA 10:1-24

  • YESU YII ASUAFO 70 NA ƆSOMAA WƆN SƐ WƆNKƆKA ASƐMPA NO

Yesu ne n’asuafo no kɔɔ Yerusalem kɔdii Asese Afahyɛ wɔ afe 32 mu, enti ɛbɛyɛ sɛ na wɔda so wɔ Yerusalem mpɔtam hɔ. Yesu bɔɔ asu no, na mfe mmiɛnsa atwam. (Luka 10:38; Yohane 11:1) Ná aka bɛyɛ abosome nsia ama ɔde ne som adwuma aba awiei. Enti ɔde saa bere no mu fã kɛse no ara kaa asɛm no wɔ Yudea ne Perea mantam no mu. Ná Perea wɔ Yordan Asubɔnten no agya, na ɛhɔ ne Yudea deɛ, na ɔnhyɛɛ da nkaa asɛm no wɔ hɔ kɛse, enti na ɛhia sɛ ɔka asɛm no ma ɛhɔfo nso te bi.

Yɛbɛkae a, afe 30 Twam afahyɛ no akyi no, Yesu kaa asɛm no wɔ Yudea ne Samaria nyinaa. Bere a afe 31 Twam afahyɛ no dui no, Yudafo no pɛe sɛ wɔkum no. Afe baako ne fã a ɛdi hɔ no, Yesu kɔɔ atifi fam kɔkaa asɛm no wɔ Galilea. Saa bere no, ɔnyaa asuafo bebree wɔ Galilea, na ɔtetee n’asomafo no wɔ hɔ somaa wɔn sɛ: “Monka sɛ, ‘Ɔsoro ahennie no abɛn.’” (Mateo 10:5-7) Afei ɔyɛɛ nhyehyɛe maa wɔyɛɛ asɛnka adwuma no wɔ Yudea.

Saa asɛnka adwuma no, Yesu yii asuafo 70 na ɔkyekyɛɛ wɔn mmienu mmienu somaa wɔn. Enti ɔnyaa Ahenni asɛmpakafo akuwakuw 35 wɔ saa asasesin no mu. Yɛhwɛ wɔn dodow na yɛhwɛ asasesin no kɛse a, yɛbɛtumi aka sɛ na “otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfoɔ no sua.” (Luka 10:2) Yesu somaa wɔn sɛ wɔnni n’anim nkɔ mmeae a ɔrebɛkɔ no. Ɔkaa sɛ nnipa 70 no kɔ a, wɔnsa yareɛ na wɔnka asɛm a ɔreka no bi nkyerɛ nkurɔfo.

Yesu anka ankyerɛ wɔn sɛ wɔnkɔka asɛm no wɔ hyia adan mu, na mmom ɔkaa sɛ wɔnkɔ nkurɔfo afie mu. Enti ɔmaa wɔn akwankyerɛ sɛ: “Baabiara a mobɛhyɛn fie bi mu no, monni kan nka sɛ, ‘Asomdwoeɛ mmra fie yi so.’ Na sɛ asomdwoeɛ nipa bi wɔ hɔ a, mo asomdwoeɛ bɛtena ne so.” Asɛm bɛn na wɔkɔkae? Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ so nka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn ahennie no abɛn mo.’”—Luka 10:5-9.

Afe baako a na atwam no, Yesu somaa asomafo 12 no, na yɛhwɛ akwankyerɛ a Yesu de maa nnipa 70 no a, ɛte sɛ nea ɔde maa asomafo no pɛpɛɛpɛ. Ɔmaa wɔhuu sɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔbɛtie wɔn. Nanso wɔkɔ a, ɛbɛbɔ kwan ama nnipa a wɔwɔ koma pa de anigye atie Yesu akyiri yi, na wɔasua pii afiri ne nkyɛn.

Ankyɛ na akuw 35 a wɔkɔkaa Ahenni no ho asɛm no de anigye san baa Yesu nkyɛn. Wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, wo din a yɛde yɛ adwuma nti adaemone mpo brɛ wɔn ho ase ma yɛn.” Yesu asɛm a ɔkae no ma yɛhu sɛ nea wɔbɛka kyerɛɛ no no kaa ne koma. Ɔkaa sɛ: “Mahunu sɛ Satan firi soro ahwe ase dada sɛ anyinam. Hwɛ! mama mo tumi a mode bɛtiatia awɔ ne nyanyankyerɛ so.”—Luka 10:17-19.

Ɛnyɛ awɔ ne nyanyankyerɛ paa na na Yesu reka ho asɛm, na mmom na ɔpɛ sɛ wɔhu sɛ biribiara a ɛbɛtumi ama wɔagyae asɛm no ka no, wɔbɛtumi adi so. Afei nso, na ɔpɛ sɛ asuafo no hu sɛ nea ɛbɛyɛ biara Satan bɛfiri soro abɛhwe fam. Yesu kaa asɛm foforo maa nnipa 70 no huu ade a ɛho hia kɛse. Ɔkaa sɛ: “Monnni yei ho ahurisie, sɛ ahonhom abrɛ wɔn ho ase ama mo, na mmom monni ahurisie ɛfiri sɛ wɔatwerɛ mo din wɔ soro.”—Luka 10:20.

Sɛ Yesu hwɛ sɛnea n’Agya ama n’asomfo a wɔnyɛ atitiriw biara no tumi ma wɔreyɛ anwonwade no a, na anigye ahyɛ no ma. Enti ɔyii n’Agya no ayɛ maa obiara tee. Afei ɔhwɛɛ n’asuafo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Anigyeɛ ne ani a ɛhunu nneɛma a seesei mohunu yi. Na mese mo sɛ, adiyifoɔ ne ahemfo bebree pɛɛ sɛ wɔhunu nneɛma a seesei mohunu yi nanso wɔanhunu, wɔpɛɛ sɛ wɔte nsɛm a moteɛ yi nanso wɔante.”—Luka 10:23, 24.