Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 74

Ahɔhoyɛ ne Mpaebɔ Ho Nkyerɛkyerɛ

Ahɔhoyɛ ne Mpaebɔ Ho Nkyerɛkyerɛ

LUKA 10:38–11:13

  • YESU KƆSRAA MARTA NE MARIA

  • ƐNSƐ SƐ YƐBRƐ MPAEBƆ

Wofiri Yerusalem a, wobɛtwa kilomita 3 ansa na woadu kuro bi a wɔfrɛ no Betania. Ná kuro no wɔ Ngo Bepɔ no nifa so. (Yohane 11:18) Yesu kɔɔ hɔ kɔsraa Marta ne ne nua Maria, na ɔkɔe no, wɔgyee no kama. Ná wɔne wɔn nuabarima Lasaro nyinaa yɛ Yesu nnamfo.

Obiara rennya sɛ Mesia no bɛba abɛsra no, enti na Marta ani abere reyɛ nnuane akɛse, efisɛ na ɔpɛ sɛ Yesu ani gye. Marta reyɛ aduane no nyinaa na ne nua Maria te Yesu nan ase retie no. Ɛyɛɛ kakra no, Marta bɛka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, wonhunu sɛ me nuabaa no agya me nko ara na mereyɛ adeɛ? Enti ka kyerɛ no na ɔmmɛka me ho mmoa me.”—Luka 10:40.

Obi a, anka ɔbɛka Maria anim, nanso Yesu tuu Marta mmom fo sɛ ɛnsɛ sɛ ɔde honam fam nneɛma ha ne ho pii. Ɔkaa sɛ: “Marta, Marta, wodwendwene bebree na wode nneɛma pii ha wo ho. Nanso, nneɛma kakraa bi na ɛhia, anaasɛ baako pɛ. Maria deɛ, wayi deɛ ɛyɛ papa, na wɔrennye mfiri ne nsam.” (Luka 10:41, 42) Enti Yesu kyerɛɛ sɛ ɛho nhia sɛ yɛbɛsɛe bere ayɛ nnuane akɛse; biribi ketewaa bi na ɛhia.

Nea Marta yɛe no, na ɛnyɛ bɔne; ná ɔpɛ sɛ ɔsom Yesu hɔho nti na ɔde bere pii yɛɛ aduane no. Nanso ɛno amma wannya adagyew antie Onyankopɔn ankasa Ba no nkyerɛkyerɛ a mfaso wɔ so no! Yesu sii so dua sɛ Maria sii gyinae pa, efisɛ ne de no na mfaso wɔ so, na yɛn nyinaa bɛtumi asua biribi afiri mu.

Bere foforo nso Yesu kaa asɛm bi a ɛno nso, asuade wom paa. Asuafo no baako bisaa no sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn sɛdeɛ wɔbɔ mpaeɛ, sɛdeɛ Yohane nso kyerɛɛ n’asuafoɔ no.” (Luka 11:1) Bɛyɛ afe ne fã a na atwam no, Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛnea wɔmmɔ mpae bere a ɔrekasa wɔ Bepɔ so Asɛnka no mu no. (Mateo 6:9-13) Nanso ɛbɛyɛ sɛ saa bere no, na saa osuani no nni hɔ bi, enti Yesu san kaa mpaebɔ no mu nsɛntitiriw. Afei, ɔmaa mfatoho de kyerɛɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ mpaebɔ da.

Ɔkaa sɛ: “Mo mu hwan na ɔwɔ adamfoɔ a ɔbɛkɔ ne nkyɛn dasuom akɔka akyerɛ no sɛ, ‘Damfo, fɛm me paanoo mmiɛnsa, na seesei ara na m’adamfo bi firi kwan so aba me nkyɛn, na menni hwee a mede bɛsi n’anim’? Na onii no bɛbua sɛ, ‘Gyae me haw. Yɛato pono no mu dada, na me mma nkumaa ada wɔ me nkyɛn; merentumi nsɔre mmɛma wo hwee.’ Mese mo sɛ, sɛ ɛyɛ n’adamfo a ɔyɛ nko ara nti a, anka ɔrensɔre mmɛma no hwee, nanso ɛsiane sɛ ɔredwan ne ho nti ɔbɛsɔre abɛma no deɛ ɔhia.”—Luka 11:5-8.

Yesu mfatoho no nkyerɛ sɛ Yehowa te sɛ ɔbarima a na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ n’adamfo no abisade ma no no. Mmom na ɔpɛ sɛ yɛhu sɛ onipa mpo, sɛ ɔmpɛ sɛ ɔboa n’adamfo na sɛ n’adamfo no dwan ne ho ma ɔyɛ n’abisade ma no a, yɛn soro Agya no na ɔrenyɛ n’asomfo anokwafo abisade mma wɔn anaa? Yesu toaa asɛm no so sɛ: “Mese mo sɛ, monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mobɛhunu; monkɔ so mmom na wɔbɛbue mo. Na obiara a ɔbisa no nya, na obiara a ɔhwehwɛ no hunu, na obiara a ɔbom no wɔbɛbue no.”—Luka 11:9, 10.

Yesu wiei no, ɔde agya yɛɛ ntotoho de sii n’asɛm no so sɛ: “Mo mu hwan koraa na ɔyɛ agya a sɛ ne ba bisa no apataa a, ɔde ɔwɔ bɛhyɛ ne nsam na ɔremma no apataa? Anaasɛ sɛ ɔbisa kosua nso a, ɔde nyanyankyerɛ bɛhyɛ ne nsam? Enti, sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ mpo nim sɛdeɛ mode akyɛdeɛ pa ma mo mma a, hwɛ mprɛ dodoɔ ara a Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron bɛma wɔn a wɔbisa no!” (Luka 11:11-13) Ɛno ma yɛn awerɛhyem paa sɛ yɛn Agya no pɛ sɛ ɔtie yɛn na ɔdi yɛn ahiade ho dwuma ma yɛn.