Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 66

Ɔkɔɔ Asese Afahyɛ no Ase Wɔ Yerusalem

Ɔkɔɔ Asese Afahyɛ no Ase Wɔ Yerusalem

YOHANE 7:11-32

  • YESU KƆKYERƐKYERƐƐ WƆ ASƆREFIE HƆ

Ná Yesu bɔɔ asu akyɛ, enti na nnipa pii nim no. Yudafo bebree de wɔn ani huu anwonwade a ɔyɛɛ no, na ne ho asɛm nso trɛw kɔɔ akyiri. Enti ɔwɔ Asese Afahyɛ no ase wɔ Yerusalem no, na nnipa pii repɛ no ahu no.

Ná nkurɔfo rekeka Yesu ho asɛm. Ebinom kaa sɛ: “Ɔyɛ onipa pa.” Afoforo kaa sɛ: “Ɛnyɛ nokorɛ, mmom ɔdaadaa nkurɔfoɔ.” (Yohane 7:12) Afahyɛ no fii ase ara na akekakeka no nso hyɛɛ ase. Nanso obiara annya akokoduru anka bi amma Yesu, efisɛ na wɔsuro sɛ wɔyi wɔn anim a, Yudafo mpanimfoɔ no rempene wɔn koraa.

Afahyɛ no rekɔ so no, Yesu bɛpuee asɔrefie hɔ. Ɔkyerɛkyerɛ maa nkurɔfo ho dwirii wɔn. Ná Yesu nkɔɔ rabifo sukuu biara, enti Yudafo no kaa sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na onipa yi nim nwoma saa berɛ a ɔnkɔɔ sukuu biara?”—Yohane 7:15.

Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Deɛ mekyerɛkyerɛ no nyɛ me dea, na mmom deɛ ɔsomaa me no dea. Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ N’apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn hɔ anaasɛ me ara na mebɔ me tirim kasa.” (Yohane 7:16, 17) Ná Yesu nkyerɛkyerɛ ne Onyankopɔn Mmara hyia, enti na biribiara kyerɛ sɛ ɔde ne nkyerɛkyerɛ hyɛ Onyankopɔn anuonyam, na ɔmfa mmɔ ne ho safohene.

Afei Yesu kaa sɛ: “Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo Mmara no? Nanso mo mu baako mpo nni Mmara no so. Adɛn nti na morehwehwɛ me aku me?” Ná ebinom nnim nea ɛrekɔ so, efisɛ ɛbɛyɛ sɛ na wɔfiri mmeaemmeae na aba Yerusalem hɔ. Enti na wɔnte ase sɛ ɔkyerɛkyerɛfo papa sei deɛ, obi bɛnya adwene sɛ ɔbɛkum no. Ɛno nti bere a Yesu kaa saa asɛm no, wɔnyaa adwene sɛ gyama biribi nkɔ yie wɔ Yesu ho. Wɔkaa sɛ: “Wowɔ adaemone. Hwan na ɔrehwehwɛ wo aku woɔ?”—Yohane 7:19, 20.

Nea ɛwom ne sɛ, bɛyɛ afe ne fã a na atwam no, Yesu saa ɔbarima bi yareɛ Homeda, na Yudafo mpanimfoɔ no yɛɛ sɛ wɔbɛku no. Afei Yesu yɛɛ ntotoho bi a ɛtɔ asom maa wɔn ho daa hɔ. Ɔkaee wɔn sɛ, Mmara no kyerɛ sɛ, sɛ obi wo babarima na akwadaa no di nnawɔtwe a, ɛsɛ sɛ wɔtwa no twetia. Sɛ nnawɔtwe no si Homeda mpo a, wɔtwa akwadaa no twetia. Afei ɔbisaa wɔn sɛ: “Sɛ wɔtumi twa obi twetia homeda sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrento Mose mmara no a, ɛnneɛ adɛn nti na mo bo afu me pii sɛ mama obi ho ayɛ no den homeda? Monnhwɛ deɛ ɛtua aniwa mmmu atɛn, na mmom mommu atɛntenenee.”—Yohane 7:23, 24.

Nnipa a wɔte Yerusalem a wɔnim nea ɛrekɔ so no kaa sɛ: “Ɛnyɛ ɔbarima yi na [mpanimfoɔ no rehwehwɛ] no aku no no? Nanso hwɛ! ɔrekasa nnipa mu, nanso wɔnka hwee nkyerɛ no. Atumfoɔ no bu no sɛ ɔno ne Kristo no anaa?” Dɛn koraa nti na nkurɔfo no annye anni sɛ Yesu ne Kristo no? Wɔkaa sɛ: “Yɛn deɛ yɛnim deɛ onipa yi fire; nanso sɛ Kristo no ba a, obiara renhunu baabi a ɔfire.”—Yohane 7:25-27.

Yesu ankɔda anwenne ho koraa; asɔrefie hɔ ara na ɔmaa wɔn mmuaeɛ sɛ: “Moni me na monim baabi a mefire nso. Na ɛnyɛ me ara me pɛ so na mebaeɛ, na deɛ ɔsomaa me no wɔ hɔ paa, na monni no. Me deɛ meni no, ɛfiri sɛ mebaa sɛ ne nanmusini, na Ɔno na ɔsomaa me.” (Yohane 7:28, 29) Asɛm a Yesu kae no, wɔn ani annye ho, enti wɔyɛɛ sɛ wɔrekɔkyere no de no ato afiase anaa wɔaku no. Nanso anyɛ yie, efisɛ na bere nsoe sɛ Yesu bɛwu.

Ne nyinaa mu no, nnipa pii gyee Yesu dii. Ɛnyɛ nwonwa, efisɛ na wanantew nsuo so, wama mframa ayɛ dinn, na wayɛ anwonwade de paanoo ne mpataa kakraa bi ama nnipa mpempem aduane adi. Afei nso na wasa ayarefo yareɛ, wama mmubuafo anantew, wabue anifuraefo ani, na wasa akwatafo yareɛ anyane awufo. Enti ntease wom sɛ wɔbisaa sɛ: “Sɛ Kristo no ba a, ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne asene deɛ oyi ayɛ yi anaa?”—Yohane 7:31.

Bere a Farisifo no tee nea nkurɔfo no rekeka no, wɔne asɔfo mpanimfoɔ no somaa nnipa sɛ wɔnkɔkyere Yesu.