Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 78

Efiehwɛfoɔ Nokwafoɔ, Siesie Wo Ho!

Efiehwɛfoɔ Nokwafoɔ, Siesie Wo Ho!

LUKA 12:35-59

  • ƐSƐ SƐ EFIEHWƐFOƆ NOKWAFOƆ NO SIESIE NE HO

  • YESU DE MPAAPAEMU NA ƐBAE

Afei ara na na Yesu akyerɛkyerɛ mu sɛ “nnwankuo ketewa” bi na wɔbɛnya ɔsoro Ahenni no mu akɔ. (Luka 12:32) Nanso saa hokwan no nyɛ biribi a ɛsɛ sɛ obi di ho agorɔ koraa. Ɔtoaa so kyerɛɛ sɛ obi bɛnya Ahenni no a, gye sɛ ɔnya suban pa.

Ɛno nti Yesu tuu n’asuafo no fo sɛ wɔnsiesie wɔn ho ntwɛn da a ɔbɛsan aba no. Ɔkaa sɛ: “Momfa adeɛ mmɔ mo asene na momma mo nkanea nnɛre, na monyɛ mo ho sɛ mmarima a wɔretwɛn wɔn wura sɛ ɔbɛfiri awaregyeɛ ase aba, na sɛ ɔbɛduru na ɔbom a, wɔabue no ntɛm ara. Anigyeɛ ne nkoa a wɔn wura no bɛba abɛhunu wɔn sɛ wɔrewɛn!”—Luka 12:35-37.

Ade a Yesu de maa mfatoho no, na asuafo no bɛte ase paa. Nkoa a ɔkaa wɔn ho asɛm no, na wɔasiesie wɔn ho retwɛn sɛ wɔn wura bɛba. Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ [owura no bɛduru] adesaeɛ [bɛyɛ anadwo nnɔnkron kɔsi dumienu], sɛ mpo dasuom [bɛyɛ anadwo dumienu kɔsi ahemadakye nnɔn mmiɛnsa], na ɔbɛhunu wɔn saa a, anigyeɛ ne wɔn!”—Luka 12:38.

Yesu asɛm no nyɛ afotuo a ɔde rekyerɛ nkurɔfo sɛ wɔnyɛ nkoa anaa adwumayɛfo papa. Nea ɛma yɛhu saa ne sɛ, ɔde ne ho baa mfatoho no mu. Ɔfrɛɛ ne ho onipa Ba, na ɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ: “Mo nso monsiesie mo ho, ɛfiri sɛ dɔn a monsusu saa mu na onipa Ba no reba.” (Luka 12:40) Wei kyerɛ sɛ daakye Yesu bɛba, enti na ɔpɛ sɛ n’akyidifo nyinaa, ɛnkanka “nnwankuo ketewa” no, siesie wɔn ho twɛn.

Ná Petro pɛ sɛ ɔte Yesu asɛm no ase yie, enti ɔbisaa no sɛ: “Awurade, wode mfatoho yi rema yɛn anaa wɔn nyinaa nso?” Yesu amma Petro mmuaeɛ tee; mmom ɔmaa mfatoho sɛ: “Hwan koraa ne efiehwɛfoɔ nokwafoɔ no, ɔbadwemma a ne wura de no bɛsi n’asomfoɔ kuo so sɛ ɔmma wɔn aduane a wɔhia ɛberɛ a ɛsɛ mu? Anigyeɛ ne saa akoa no, sɛ ne wura bɛba abɛhu no sɛ ɔreyɛ saa! Nokorɛm mese mo sɛ, ɔde no bɛsi deɛ ɔwɔ nyinaa so.”—Luka 12:41-44.

Mfatoho a ɛdi kan a Yesu mae no, ɔkaa “owura” bi ho asɛm, na biribiara kyerɛ sɛ ɔgyina hɔ ma Yesu, onipa Ba no. Ɛnde ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ “efiehwɛfoɔ nokwafoɔ” no gyina hɔ ma mmarima bi a wɔka “nnwankuo ketewa” no ho. Saa nnwankuo ketewa no na wɔbɛnya Ahenni no. (Luka 12:32) Ná Yesu repɛ akyerɛ sɛ ɔde “n’asomfoɔ kuo” bɛhyɛ nnwankuo ketewa yi nsa, na wɔama “wɔn aduane a wɔhia ɛberɛ a ɛsɛ mu.” Enti, na Petro ne asomafo a Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn na ɔmaa wɔn honhom fam aduane no nyinaa bɛtumi ahu sɛ daakye onipa Ba no bɛba. Saa bere no, wɔde bɛhyɛ ebinom nsa na wɔama Yesu akyidifo, kyerɛ sɛ, Owura no ‘asomfoɔ kuo’ no honhom fam aduane adi.

Yesu kaa asɛm foforo a ɛmaa n’asuafo no huu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔsiesie wɔn ho twɛn, na wɔhwɛ wɔn ho yie. Nea ɛte ne sɛ, asuafo no anhwɛ yie a, wɔbɛtumi de nneɛma adi agorɔ, na ɛbɛwie ase mpo na wɔretentan wɔn ho. Yesu kaa sɛ: “Ɛkɔba sɛ akoa no ka no n’akoma mu sɛ, ‘Me wura akyɛre ba,’ na ɔfiri aseɛ boro nkoa ne mfenaa no, na ɔdidi nom nsã na ɔbo a, saa akoa no wura bɛba ɛda a ɔnhwɛ no kwan ne dɔn a ɔnnim mu na ɔbɛtwe n’aso dendeenden na wama no kyɛfa wɔ wɔn a wɔnnye nnie mu.”—Luka 12:45, 46.

Yesu kaa sɛ ɔba “bɛsɔɔ gya wɔ asase so.” Ná ɛyɛ nokware, efisɛ nsɛm a ɔkae no de akyinnyegye a ano yɛ den bae, na ɛyɛɛ te sɛ nea ɔde gya ato atoro nkyerɛkyerɛ ne atetesɛm mu. Wei kɔfaa mpaapaemu baa abusuafo mpo ntam maa ‘papa sɔre tiaa ne ba na ɔba sɔre tiaa ne papa, maame sɔre tiaa ne babaa na ɔbabaa sɔre tiaa ne maame, asebaa sɔre tiaa n’ase, na asew sɔre tiaa n’asebaa.’—Luka 12:49, 53.

Saa nsɛm no, na ɛkɔ ma n’asuafo no paa. Ɔwiei ara na ɔbaa nnipakuw no so. Ná biribiara kyerɛ sɛ ɔno ne Mesia no, nanso wɔn mu dodow no ara annye antom, enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mohunu sɛ mununkum apue atɔeɛ fam a, moka ntɛm ara sɛ, ‘Ahum reba,’ na ɛba saa. Na sɛ mohunu sɛ anafoɔ fam mframa rebɔ a, moka sɛ, ‘Ahuhuro bɛba,’ na ɛba mu. Nyaatwomfoɔ, monim sɛdeɛ wɔhwehwɛ asase ne ewiem sɛnkyerɛnne mu, na adɛn nti na monnim sɛdeɛ wɔhwehwɛ saa mmerɛ yi mu?” (Luka 12:54-56) Wɔn deɛ na wɔntee nea aba koraa.