Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 96

Yesu ne Ɔdefo Bi Nkɔmmɔ

Yesu ne Ɔdefo Bi Nkɔmmɔ

MATEO 19:16-30 MARKO 10:17-31 LUKA 18:18-30

  • ƆDEFO BI BISAA DAA NKWA HO ASƐM

Bere a Yesu nam Perea a ɔrekɔ Yerusalem no, ɔdefo bi de mmirika bɛhwee ne nan ase. Bible se na ɔbarima no yɛ “otumfoɔ,” enti ɛbɛyɛ sɛ na ɔda hyiadan bi ano anaa ɔka Sanhedrin badwa no ho. Ɔbisaa Yesu sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na meyɛ a mɛnya daa nkwa?”—Luka 8:41; 18:18; 24:20.

Yesu bisaa no sɛ: “Adɛn nti na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako pɛ, Onyankopɔn.” (Luka 18:19) Wohwɛ mu a, nea enti a aberante no frɛɛ no ɔkyerɛkyerɛfo “pa” ne sɛ, na ɔpɛ sɛ ɔhoahoa Yesu; saa na na nkurɔfo yɛ rabifo no. Ɛwom sɛ na Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔbɔ mmɔden deɛ, nanso ɔmaa ɔbarima no huu sɛ Onyankopɔn nko ara na ɛfata sɛ yɛde “papa” sɔ ne din so frɛ no.

Yesu tuu ɔbarima no fo sɛ: “Wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, kɔ so ara di mmara no so.” Enti ɔbarima no bisaa Yesu sɛ: “Emu deɛ ɛwɔ he?” Ɛnna Yesu bobɔɔ Mmara Nsɛm Du no mu nnum kyerɛɛ no: Nni awu, nsɛe aware, mmɔ korɔno, nni adansekurum, di wo papa ne wo maame ni. Afei ɔkaa mmara baako a ɛhia paa ho asɛm kyerɛɛ no sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”—Mateo 19:17-19.

Ɔbarima no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Madi yeinom nyinaa so; aka me deɛn bio?” (Mateo 19:20) Ebia ɔbarima no tee nka sɛ aka no adepa anaa ade kɛse bi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ na wafata ama daa nkwa. Yesu huu sɛ ɔbarima no ani abere, enti “ɔdɔɔ no.” (Marko 10:21) Nanso na biribi ayɛ osiakwan ama ɔbarima no.

Ná ɔbarima no ahonyade hia no sen biribiara, enti Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Aka wo adeɛ baako: Kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya ademudeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m’akyi.” Anka ɔbarima no bɛtumi akyɛ ne sika ama ahiafo a wɔnni hwee a wɔde bɛma no no, na wabɛdi Yesu akyi. Nanso ɔgyaa Yesu hɔ kɔe, na ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa Yesu werɛ hoe paa. Sɛnea na ɔbarima no “agyapadeɛ bebree” no ho hia no nti, wanhu sɛ agyapade papa bi wɔ baabi. (Marko 10:21, 22) Afei Yesu kaa sɛ: “Hwɛ den ara a ɛbɛyɛ ama wɔn a wɔwɔ sika sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahennie mu!”—Luka 18:24.

Saa asɛm no ne nea Yesu ka toaa so no nyinaa yɛɛ n’asuafo no nwonwa. Yesu kaa sɛ: “Ɛyɛ mmerɛ ma yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Onyankopɔn ahennie mu.” Ɛno maa asuafo no bisaa sɛ: “Hwan koraa na ɔbɛtumi anya nkwa?” Ɛyɛ den dodo sɛ obi bɛnya nkwa anaa? Yesu hwɛɛ n’asuafo no anim dinn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ ɛrentumi nyɛ yie wɔ nnipa fam no bɛtumi ayɛ yie wɔ Onyankopɔn fam.”—Luka 18:25-27.

Asomafo no deɛ, na wɔnte sɛ ɔdefo no; wɔgyaa biribiara hɔ bɛdii Yesu akyi, enti Petro bisaa sɛ: “Hwɛ! Yɛagya nneɛma nyinaa abɛdi w’akyi; ɛdeɛn koraa na yɛbɛnya?” Yesu kaa nea wɔbɛnya daakye kyerɛɛ wɔn sɛ: “Berɛ a wɔayɛ nneɛma foforɔ na onipa Ba no te n’animuonyam ahennwa soɔ no, mo a modi m’akyi yi bɛtena nhennwa dumienu so abu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn.”—Mateo 19:27, 28.

Ɛda adi pefee sɛ na Yesu reka bere bi a wɔbɛyɛ nneɛma foforo ama asase ayɛ sɛ Eden turo no. Saa bere no, Petro ne asuafo a aka no bɛnya akatua wɔ soro, na wɔne Yesu adi Paradise asase so hene. Enti biribiara nni hɔ a wɔde bɔɔ afɔre a ɛbɛto saa akatua no!

Nanso nhyira a ɛda hɔ ma wɔn no nyɛ daakye nko ara deɛ. Saa bere no mpo asuafo no nyaa nhyira bi. Yesu kaa sɛ: “Obiara nni hɔ a wagya fie anaasɛ ɔyere anaasɛ nua mmarima anaasɛ awofoɔ anaasɛ mma, Onyankopɔn ahennie nti, a ɔrennya no mmɔho pii saa berɛ yi, ne daa nkwa wɔ berɛ a ɛreba no mu.”—Luka 18:29, 30.

Enti baabiara a asuafo no kɔe no, wɔne Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ no bɛyɛɛ anuanom, na na wɔne wɔn ka koraa kyɛn wɔn ankasa abusuafo. Awerɛhosɛm ne sɛ, aberante a na ɔyɛ ɔdefo no, ɛbɛyɛ sɛ saa nhyira yi ne Onyankopɔn soro Ahenni no nyinaa bɔɔ no.

Yesu ka sɔɔ so sɛ: “Nanso adikanfoɔ pii bɛka akyire, na akyikafoɔ abɛdi kan.” (Mateo 19:30) Dɛn na asɛm yi kyerɛ?

Aberante a ɔyɛ ɔdefo no, na ɔyɛ Yudafo mpanimfoɔ no baako, enti na ɔka “adikanfoɔ” no ho. Ná ɔdi Onyankopɔn mmara so dada, enti na ɛsɛ sɛ ɔtumi yɛ pii ka nea ɔreyɛ no ho. Nanso ɔmaa n’ahode ho hiaa no sen biribiara. Mmɔborɔwafo a wɔwɔ ɔman no mu deɛ, wɔtiee Yesu nkyerɛkyerɛ huu sɛ ɛyɛ nokware a ɛbɛtumi de wɔn akɔ nkwa mu. Yɛbɛka a, na wɔyɛ “akyikafoɔ” a wɔabɛyɛ “adikanfoɔ.” Nea na ɛda hɔ retwɛn wɔn ne sɛ wɔbɛtenatena nhennwa so wɔ soro ne Yesu adi Paradise asase so hene.