Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 91

Ɔnyanee Lasaro

Ɔnyanee Lasaro

YOHANE 11:38-54

  • YESU NYANEE LASARO

  • SANHENDRIN NO BƆƆ PƆ SƐ WƆBƐKUM YESU

Bere a Yesu hyiaa Marta ne Maria wɔ Betania no, ɔne wɔn kɔɔ baabi a wɔsiee Lasaro no. Wɔsiee no ɔbotan kɛse bi mu, na wɔde ɛboɔ kataa ano. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyi boɔ no.” Ná Marta nnim nea Yesu rebɛyɛ, enti ɔkaa sɛ: “Awurade, sɛsɛɛ deɛ, wabɔn, ɛfiri sɛ adi nnanan.” Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Manka ankyerɛ wo sɛ wogye di a, wobɛhunu Onyankopɔn animuonyam.”—Yohane 11:39, 40.

Afei wɔyii boɔ no, na Yesu maa n’ani so hwɛɛ soro bɔɔ mpae sɛ: “Agya, meda wo ase sɛ woatie me. Nokorɛm nie, menim sɛ wotie me daa; nanso nnipakuo a wɔgyinagyina ha no nti na mekasaeɛ na ama wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.” Mpae a Yesu bɔe no maa nnipa a na wɔwɔ hɔ no huu sɛ nea ɔrebɛyɛ no nyɛ ne tumi, na mmom Onyankopɔn tumi. Afei Yesu teɛɛm denneennen sɛ: “Lasaro, firi bra!” Ɛhɔ ara na Lasaro pue bae. Ɔpuei no, na ntoma kyekyere n’anim ne ne ho nyinaa. Enti Yesu kaa sɛ: “Monsane no na momma no nkɔ.”—Yohane 11:41-44.

Yudafo a wɔbae sɛ wɔrebɛkyekye Maria ne Marta werɛ no, anwonwade a Yesu yɛe no maa wɔgyee no dii. Nanso ebinom deɛ, wɔhui ara na wɔkɔbɔɔ Farisifo no amanneɛ. Farisifo ne asɔfo mpanimfoɔ a wɔbom yɛ Yudafo asɛnni badwa no hyia tuu agyina. Ná ɔsɔfo panin Kaiafa ka asɛnni badwa anaa Sanhedrin no ho. Abadwafoɔ no bi bisaa sɛ: “Ɛdeɛn na yɛnyɛ, ɛfiri sɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnne bebree? Sɛ yɛgyaa no saa a, wɔn nyinaa bɛgye no adi, na Romafoɔ no bɛba abɛfa yɛn ha ne yɛn man nyinaa.” (Yohane 11:47, 48) Ná mpanimfoɔ yi ate “nsɛnkyerɛnne bebree” a Onyankopɔn nam Yesu so reyɛ no afiri adansefo anom, nanso wɔannye anni. Nea na wɔredwene ho ara ne wɔn anuonyam ne wɔn dibea.

Ná Sadukifo no nnye owusɔre nni, enti bere a wɔtee sɛ Yesu anyane Lasaro afiri awufo mu no, na ato wɔn adwendwene. Kaiafa nso, na ɔyɛ Sadukini, na ɔkaa sɛ: “Monnim hwee koraa, na monnwene nso sɛ ɛyɛ ma mo sɛ onipa baako bɛwu ama ɔmanfoɔ na ɔman mũ no nyinaa ansɛe.”—Yohane 11:49, 50; Asomafoɔ Nnwuma 5:17; 23:8.

Saa bere no, na Kaiafa ne ɔsɔfo panin, enti Onyankopɔn faa ne so kaa biribi a na “ɛmfiri ɔno ara ne tirim.” Kaiafa deɛ, nea na ɛwɔ n’adwenem paa ne sɛ ɔbɛkum Yesu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnkɔ so mfa Yudasom mpanimfoɔ no anim nyɛ fam. Nanso Kaiafa asɛm no, na ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ Yudafo no nko ara na Yesu bɛwu ama wɔn, na mmom Onyankopɔn nam so bɛka ne “mma a wɔabɔ wɔn apete no abom ayɛ wɔn baako.”—Yohane 11:51, 52.

Asɛm a Kaiafa kae no tɔɔ Sanhedrin no tirim, enti wɔbɔɔ pɔ sɛ wɔbɛkum Yesu. Ná Nikodemo nso ka Sanhedrin no ho, na na ɔyɛ Yesu adamfo. Wɔrebɔ pɔ no, na ɔwɔ hɔ bi, na sɛ ɔkɔka kyerɛɛ Yesu oo, sɛ wankɔka oo, ɛno deɛ obiara nnim. Nanso, yɛnim sɛ Yesu fii Yerusalem sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennya no nku no ansa na Onyankopɔn bere a wahyɛ no aso.