Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 97

Bobeturo Mu Adwumayɛfo Ho Mfatoho

Bobeturo Mu Adwumayɛfo Ho Mfatoho

MATEO 20:1-16

  • ADWUMAYƐFO A WƆKAA “AKYIRE” BƐYƐƐ “ADIKANFOƆ”

Yesu wɔ Perea no, ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ “adikanfoɔ pii bɛka akyire, na akyikafoɔ abɛdi kan.” (Mateo 19:30) Afei ɔmaa mfatoho de sii asɛm no so dua; mfatoho no fa bobeturo mu adwumayɛfo bi ho. Ɔkaa sɛ:

“Ɔsoro ahennie te sɛ onipa bi, efiewura bi a ɔfirii adi anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔhwehwɛ apaafoɔ akɔ ne bobeturo mu. Berɛ a ɔne adwumayɛfoɔ no ka maa no sii sɛ ɔbɛma wɔn da koro denare baako no, ɔde wɔn kɔɔ ne bobeturo mu. Berɛ a ɔfirii adi bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so mmiɛnsa nso no, ɔhunuu ebinom sɛ wɔgyinagyina dwam a wɔnyɛ hwee; ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo nso monkɔ bobeturo no mu, na mɛma mo deɛ ɛsɛ.’ Enti wɔkɔeɛ. Ɔsan firii adi bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so nsia ne nkron kɔyɛɛ saa ara. Afei bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so dubaako no, ɔfirii adi kɔhunuu ebinom sɛ wɔgyinagyina hɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Adɛn nti na mogyinagyina ha da mũ nyinaa a monyɛ hwee?’ Wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Obiara mmɔɔ yɛn paa ntira.’ Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo nso monkɔ bobeturo no mu.’”—Mateo 20:1-7.

Bere a wɔn a wɔretie Yesu no tee “ɔsoro ahennie” ne “efiewura” ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn ho adwene na ɛbaa wɔn tirim. Bible ma yɛhu sɛ Yehowa yɛ bobeturo wura. Ná saa bobeturo no gyina hɔ ma Israel man no. (Dwom 80:8, 9; Yesaia 5:3, 4) Bere a Israel man no wɔ Mmara apam no ase no, na wɔte sɛ nnipa a wɔafa wɔn adwuma wɔ bobeturo mu. Nanso, ɛnyɛ ɛno ho asɛm na na Yesu reka. Mmom na ɔreka nea ɛrekɔ so wɔ ne bere so ho asɛm.

Yɛbɛkae a, bere bi Farisifo no kɔbisaa Yesu awaregyae ho asɛm de sɔɔ no hwɛe. Wɔne nyamesom mpanimfoɔ a aka no, na ayɛ sɛ wɔn na wɔreyɛ Onyankopɔn adwuma. Enti, na wɔte sɛ adwumayɛfo a wɔyɛɛ adwuma da mu no. Wɔn na adwumawura no ne wɔn dii ano sɛ ɔbɛma wɔn denare baako a ɛyɛ dakoro akatua no.

Asɔfo ne nyamesom mpanimfoɔ a aka no, na wɔbu Yudafo mmɔborɔwafo no sɛ wɔnsom Onyankopɔn yie. Enti mpanimfoɔ no ani so deɛ, na wɔte sɛ adwumayɛfo a wɔamma Onyankopɔn bobeturo no mu ntɛm. Yesu mfatoho no mu no, nnipa a wɔbaa adwuma no mu “dɔn a ɛtɔ so mmiɛnsa” (anɔpa nnɔn 9:00), anaa wɔn a wɔbaa dɔn a ɛtɔ so nsia, nkron ne dubaako (anwummere nnɔn 5:00) no, wɔn nyinaa gyina hɔ ma mmɔborɔwafo no.

Mmarima ne mmaa a na wɔdi Yesu akyi no, na mpanimfoɔ no bu wɔn sɛ nnipa a “wɔadome wɔn.” (Yohane 7:49) Ná wɔn mu dodo no ara yɛ apaafo ne mpataayifo. Afei afe 29 mu no, Onyankopɔn a ɔyɛ “bobeturo wura” no somaa Yesu sɛ ɔnkɔfrɛ saa mmɔborɔwafo no mma wɔmmɛyɛ n’apaafo, kyerɛ sɛ wɔmmɛyɛ Yesu asuafo. Saafo no ne “akyikafoɔ” a Yesu kaa sɛ wɔbaa dɔn a ɛtɔ so dubaako no.

Bere a Yesu de mfatoho no reba awiei no, ɔkaa sɛ: “Ɛduruu anwummerɛ no, bobeturo wura no ka kyerɛɛ deɛ ɔhwɛ n’adwuma soɔ no sɛ, ‘Frɛ adwumayɛfoɔ no na fa wɔn akatua ma wɔn, ɛfiri deɛ ɔtwa toɔ so kɔsi deɛ ɔdi kan so.’ Berɛ a wɔn a wɔfaa wɔn dɔn a ɛtɔ so dubaako no baeɛ no, wɔn mu biara nyaa denare baako. Enti, wɔn a wɔdii kan no baeɛ no, na wɔsusu sɛ wɔbɛnya pii asene saa; nanso denare baako akatua no ara na wɔn nso wɔnyaeɛ. Wɔn nsa kaeɛ no wɔfirii aseɛ nwiinwii tiaa efiewura no sɛ, ‘Yeinom a wɔbaa akyire yi no yɛɛ adwuma dɔnhwere baako pɛ; nanso woama wɔne yɛn a yɛyɛɛ adwumaden da mũ nyinaa ama awia ahye yɛn no anya pɛ!’ Na ɔbuaa wɔn mu baako sɛ, ‘Damfo, menyɛɛ wo bɔne. Ɛnyɛ denare baako na me ne wo kaa ho asɛm? Fa wo deɛ na kɔ. Mepɛ sɛ mema deɛ ɔtwa toɔ no sɛdeɛ mama woɔ no ara. Adɛn, menni hokwan sɛ mede m’adeɛ yɛ deɛ me ara mepɛ? Anaasɛ papa a mereyɛ nti na w’ani abereɛ?’ Saa ara na akyikafoɔ bɛdi kan na adikanfoɔ aka akyire.”—Mateo 20:8-16.

Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a Yesu ka twaa toɔ no maa n’asuafo no ho dwirii wɔn. Yudafo nyamesom mpanimfoɔ a na ɛyɛ wɔn sɛ wɔyɛ “adikanfoɔ” no, ɛbɛyɛ dɛn na wɔaka “akyire”? Dɛn na na ɛbɛma Yesu asuafo no ayɛ “adikanfoɔ”?

Yesu asuafo no a na Farisifo no bu wɔn sɛ “akyikafoɔ” no, wɔn na na wɔbɛyɛ “adikanfoɔ,” efisɛ wɔn na wɔbɛdi kan anya akatua. Yesu wuo akyi no, Onyankopɔn poo Yerusalem, na ɔyii ɔman foforo, “Onyankopɔn Israel.” (Galatifoɔ 6:16; Mateo 23:38) Bere a Yohane Suboni kaa honhom kronkron asubɔ ho asɛm no, na ɛyɛ wɔn a wɔbɛyɛ “Onyankopɔn Israel” no ho asɛm na ɔreka. Nnipa a na wɔyɛ “akyikafoɔ” no, wɔn na wɔdii kan de honhom bɔɔ wɔn asu. Wɔn na wɔnyaa kwan dii Yesu ho adanse kɔɔ “asase ano nohoa.” (Asomafoɔ Nnwuma 1:5, 8; Mateo 3:11) Yesu mfatoho no maa asuafo no tee ase sɛ nsakrae kɛse bɛba, na ɛmaa wɔhuu sɛ wɔn a wɔabɛyɛ “akyikafo” no bɛtan wɔn a wɔabɛyɛ “adikanfoɔ” no.