Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 100

Mmɛnnaa Du Mfatoho

Mmɛnnaa Du Mfatoho

LUKA 19:11-28

  • YESU DE MMƐNNAA DU YƐƐ MFATOHO

Ná Yesu nam kwan so rekɔ Yerusalem na ɔne n’asuafo no faa Sakeo fie. Wɔwɔ hɔ no, asuafo no susuu sɛ ɛrenkyɛ koraa “Onyankopɔn ahennie” bɛba ama Yesu ayɛ Ɔhene. (Luka 19:11) Ná wɔnte Ahenni no mmae ase; akɔyɛ sɛ bere a Yesu kaa sɛ ɔbɛwu a wɔante ase no. Ɛno nti ɔmaa wɔn mfatoho bi a ɛbɛma wɔahu sɛ Ahenni no nnya mmae koraa.

Ɔkaa sɛ: “Ɔdehyeɛ bi tuu kwan kɔɔ asase bi so akyirikyiri sɛ ɔrekɔgye ahennie tumi aba.” (Luka 19:12) Sɛnea Yesu kaa asɛm no ma yɛhu sɛ na ɔdehyeɛ no bɛkyɛ paa. Biribiara kyerɛ sɛ “ɔdehyeɛ” a ɔkɔɔ “asase bi so akyirikyiri” no, ɔne Yesu. Ná ɔrekɔ ne Papa hɔ wɔ soro akɔgye ahenni tumi.

Yesu reka mfatoho no, ɔkaa sɛ “ɔdehyeɛ” no rebɛkɔ no, ɔfrɛɛ ne nkoa du maa obiara bɛnnaa baako ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa nyɛ adwuma nkɔsi sɛ mɛba.” (Luka 19:13) Ná mmɛnnaa yɛ dwetɛ sika. Saa bere no, sɛ obi fa ɔpaani ma ɔyɛ adwuma wɔ n’afuo mu abosome mmiɛnsa a, ɔma no bɛnnaa baako.

Bere bi Yesu de n’asuafo no totoo atwafo ho, enti ɛbɛyɛ sɛ asuafo no huu sɛ nkoa du a Yesu kaa wɔn ho asɛm no fa wɔn ho. (Mateo 9:35-38) Nanso Yesu anka ankyerɛ wɔn sɛ wɔnkɔtwa nnɔbae. Mmom na wɔrekɔpɛ asuafo foforo ama wɔn nso anya Onyankopɔn Ahenni no mu kyɛfa. Enti na asuafo no de nea wɔwɔ nyinaa bɛyɛ adwuma atwe nnipa pii akɔ Ahenni no mu.

Dɛn paa na na Yesu de mfatoho no rekyerɛ? Ɔkaa sɛ ɔmanfoɔ no “tan [ɔdehyeɛ] no na wɔtuu abɔfoɔ kɔkaa sɛ, ‘Yɛmpɛ sɛ ɔbarima yi di yɛn so hene.’” (Luka 19:14) Ná asuafo no nim sɛ Yudafo no mpɛ Yesu asɛm na ebinom mpo repɛ no akum no. Yesu wui a ɔnyane kɔɔ soro mpo, Yudafo dodow no ara de Yesu ho tan kɔwiee n’asuafo no so. Nea Yesu atamfo no yɛe no kyerɛ sɛ na wɔmpɛ sɛ Yesu di wɔn so Hene.—Yohane 19:15, 16; Asomafoɔ Nnwuma 4:13-18; 5:40.

Nkoa du no nso ɛ? Sɛn na wɔde wɔn mmɛnnaa no yɛɛ adwuma kɔsii sɛ “ɔdehyeɛ” no nsa kaa “ahennie tumi” na ɔsan bae? Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Berɛ a awieeɛ koraa no ɔnyaa ahennie tumi no a ɔsan baeɛ no, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfrɛ nkoa a wama wɔn dwetɛ sika no mmrɛ no mma wɔmmɛkyerɛ deɛ wɔayɛ adwuma anya. Ɛnna deɛ ɔdi kan no bɛkaa sɛ: ‘Owura, wo bɛnnaa no awo mmɛnnaa du.’ Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa! Ɛsiane sɛ woadi ade ketewa mu nokorɛ nti, di nkuro du so tumi.’ Afei deɛ ɔtɔ so mmienu no bɛkaa sɛ, ‘Owura, wo bɛnnaa no woo mmɛnnaa nnum.’ Ɔka kyerɛɛ oyi nso sɛ, ‘Wo nso, di nkuro nnum so.’”—Luka 19:15-19.

Sɛ asuafo no te ase sɛ wɔyɛ nkoa, na ɛsɛ sɛ wɔde nea wɔwɔ nyinaa yɛ adwuma ma asuafo pii bɛka ho a, ɛnde Yesu ba a n’ani bɛgye, na ɔbɛtua wɔn adwuma pa no so ka. Nsateaa nyinaa nyɛ pɛ, enti na ɛsono nea Yesu asuafo no mu biara bɛtumi ayɛ. Sɛ Yesu nsa ka “ahennie tumi” a, ɔbɛhwɛ nea osuani biara tumi yɛe de ho akatua ama no.—Mateo 28:19, 20.

Nanso, Yesu rewie mfatoho no, ɔkaa sɛ: “[Akoa foforɔ] bɛkaa sɛ, ‘Owura, wo bɛnnaa a mede siee ntoma mu no nie. Wonim, na mesuro wo, ɛfiri sɛ woyɛ onipa a w’asɛm yɛ den; wofa deɛ womfa nsieeɛ, na wotwa deɛ wonguiɛ.’ Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Akoa bɔne, wo ara w’anom asɛm so na mɛbu wo atɛn. Sɛ́ wonim sɛ meyɛ onipa a m’asɛm yɛ den, mefa deɛ memfa nsieeɛ na metwa deɛ menguiɛ? Ɛnneɛ adɛn nti na woamfa me dwetɛ sika no ankɔto sikakorabea? Anka meba a, mɛgye agye nsiho aka ho.’ Enti ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina hɔ no sɛ, ‘Monnye bɛnnaa no mfiri ne nsam mfa mma deɛ ɔwɔ mmɛnnaa du no.’”—Luka 19:20-24.

Akoa bɔne no, nea enti a ne wura gyee nea ɔwɔ fii ne nsam ne sɛ, wanyere ne ho anyɛ adwuma amma owura no ahenni annya nkɔso. Ná asomafo no rehwɛ kwan sɛ Yesu bɛdi hene wɔ Onyankopɔn Ahenni so. Nanso nea ɔka faa akoa bɔne no ho no maa wɔhuu sɛ, sɛ wɔanyere wɔn ho a, Onyankopɔn Ahenni bɛbɔ wɔn.

Yɛbɛtumi aka sɛ Yesu asɛm no maa asuafo anokwafo no yeree wɔn ho yɛɛ adwuma. Ɔkaa sɛ: “Mese mo sɛ, obiara a ɔwɔ bie no, wɔbɛma no bi aka ho; na deɛ ɔnni bie no, deɛ ɔwɔ mpo wɔbɛgye afiri ne nsam.” Ɔka toaa so sɛ n’atamfo a wɔmpɛ sɛ ɔdi “wɔn so hene no,” ɔbɛsɛe wɔn. Yesu ne wɔn kasa wiei no, ɔtoaa n’akwantu so sɛ ɔrekɔ Yerusalem.—Luka 19:26-28.