Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 6

Abofra a Wɔhyɛɛ Ne Ho Nkɔm

Abofra a Wɔhyɛɛ Ne Ho Nkɔm

LUKA 2:21-39

  • WƆTWAA YESU TWETIA, NA AKYIRI YI WƆDE NO KƆƆ ASƆREFIE

Yosef ne Maria ansan ankɔ Nasaret, na mmom wɔtenaa Betlehem. Sɛnea Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no kyerɛ no, bere a Yesu nyaa nnawɔtwe no, wɔtwaa no twetia. (Leviticus 12:​2, 3) Sɛ obi wo abofra na ɔyɛ ɔbarima a, saa bere no ara nso na na wɔtaa to ne din. Enti sɛnea ɔbɔfo Gabriel kyerɛɛ wɔn no, wɔtoo abofra no din Yesu.

Afei bere a Yesu dii adaduanan no, ɛhefa na n’awofo de no kɔe? Wɔde no kɔɔ Yerusalem, na na ɛfiri baabi a wɔte rekɔ hɔ nso nware. Mmara no kyerɛ sɛ, sɛ ɔbaa wo barima a, adaduanan akyi no, ɛsɛ sɛ ɔkɔ asɔrefie kɔbɔ afɔre de dwira ɔno ara ne ho.​—Leviticus 12:​4-8.

Maria dii saa ahyɛde no so, na ɔfaa nnomaa nketewa mmienu de kɔɔ sɛ n’ayɛyɛde. Wei ma yɛhu sɛnea na Yosef ne Maria sikasɛm te. Sɛnea Mmara no kyerɛ no, na ɛsɛ sɛ ɔbaa no de odwennini ne anomaa na ɛkɔ, nanso ɛba sɛ ɔrennya a, ɛnde ɔbɛtumi de aborɔnoma anaa aburuburo mmienu akɔ. Maria ho anso, ɛno nti na ɔde nnomaa mmienu kɔe no.

Yosef ne Maria duu asɔrefie hɔ no, akɔkoraa bi a yɛfrɛ no Simeon baa wɔn nkyɛn. Ná Onyankopɔn ada no adi akyerɛ no sɛ ɔbɛhu Kristo anaa Mesia a Yehowa ahyɛ ne ho bɔ no ansa na wawu. Bere a Yosef ne Maria kɔɔ asɔrefie hɔ no, ɛhɔ ara na honhom kronkron kyerɛɛ Simeon kwan kɔɔ hɔ. Simeon kɔe no, ampa-ne-ampa ara ɔkɔhuu Yosef ne Maria ne wɔn ba no, na ɔfaa abofra no too ne nsa so.

Bere a Yesu da Simeon nsa so no, Simeon daa Onyankopɔn ase sɛ: “Awurade Tumfoɔ, afei woregya w’akoa kwan asomdwoeɛ mu sɛdeɛ w’asɛm teɛ; ɛfiri sɛ m’ani ahunu deɛ wonam so bɛgye nkwa a woasiesie wɔ aman nyinaa anim no, kanea a wonam so bɛyi deɛ ɛkata amanaman no so ama ahyɛ wo man Israel animuonyam.”​—Luka 2:​29-​32.

Yosef ne Maria tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa paa. Afei Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ Maria sɛ wɔayi ne ba no “ama Israelfoɔ bebree asehweɛ ne wɔn sɔreɛ,” nanso Maria bɛdi awerɛhow. Ɛbɛyɛ te sɛ nea obi de nkrantɛ awɔ no.​—Luka 2:34.

Ná obi foforo nso wɔ asɔrefie hɔ saa da no; odiyifo baa Hana. Saa bere no, na wadi mfe 84, na daa na ɔwɔ asɔrefie hɔ. Enti bere a Yosef ne Maria de wɔn ba Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ no, ɔbaa wɔn nkyɛn. Hana daa Onyankopɔn ase, na ɔkaa Yesu ho asɛm kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ nyinaa.

Yɛhwɛ sɛnea nneɛma kɔɔ so wɔ asɔrefie hɔ no a, yɛtumi hu sɛ Yosef ne Maria ani bɛgye paa! Ná biribiara kyerɛ sɛ wɔn ba no ne nea Onyankopɔn ahyɛ ne ho bɔ no.